Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 38

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 38 Bible text

ASCB: 1ASCB

Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Hesekia yaree yarewuo, ɛnna Amos babarima odiyifoɔ Yesaia kɔsraa no. Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ ɔhene no, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Hyɛ wo nsamanseɛ, ɛfiri sɛ, wobɛwu. Wo yadeɛ no rennyae.”

ASCB: 2ASCB

Ɛberɛ a Hesekia tee asɛm yi, ɔtwaa nʼani hwɛɛ fasuo, bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ,

ASCB: 3ASCB

“Kae, Ao, Awurade, sɛdeɛ manante wʼanim nokorɛm na mede mʼakoma ayɛ deɛ ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree.

ASCB: 4ASCB

Na saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn kɔɔ Yesaia hɔ sɛ,

ASCB: 5ASCB

“Sane kɔ Hesekia nkyɛn, na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Awurade, wʼagya Dawid Onyankopɔn ka: Mate wo mpaeɛbɔ no, na mahunu wo nisuo. Mede mfeɛ dunum bɛka wo nkwa nna ho.

ASCB: 6ASCB

Na mɛgye wo ne kuropɔn yi afiri Asiriahene nsam. Mɛbɔ kuropɔn yi ho ban.

ASCB: 7ASCB

“ ‘Na yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a Awurade bɛyɛ de adi ho adanseɛ sɛ, ɔbɛdi ne bɔhyɛ so:

ASCB: 8ASCB

Mɛma owia ano sunsum atwe akɔ nʼakyi anammɔn edu wɔ Ahas atwedeɛ so.’ ” Ɛno enti, owia hyerɛn no kɔɔ nʼakyi anammɔn edu.

ASCB: 9ASCB

Deɛ Yudahene Hesekia twerɛeɛ ne yadeɛ ne nʼayaresa akyi nie:

ASCB: 10ASCB

Mekaa sɛ, “Mʼasetena mu nnapa yi muɛsɛ sɛ mefa owuo apono muna wɔgye me mfeɛ a aka yi anaa?”

ASCB: 11ASCB

Mekaa sɛ, “Merenhunu Awurade Onyankopɔn bio Awurade a ɔwɔ ateasefoɔ asase so.Merenhunu adasamma bio,anaa merenka wɔn a wɔte ewiase yi ho bio.

ASCB: 12ASCB

Wɔadwiri me fie agu agye afiri me nsam,te sɛ odwanhwɛfoɔ ntomadan.Matwa me nkwa so sɛdeɛ ɔnwomfoɔ,twa me firi asadua so;awia ne anadwo wotwaa me nkwa so.

ASCB: 13ASCB

Mede ntoboaseɛ twɛneeɛ kɔsii ahemadakye,nanso wɔbobɔɔ me nnompe mu te sɛ gyata;awia ne anadwo wotwaa me nkwa so.

ASCB: 14ASCB

Mesuiɛ sɛ asomfena anaa asukɔnkɔn;metwaa adwo sɛ aborɔnoma a ɔredi awerɛhoɔ.Mʼani yɛɛ siamoo ɛberɛ a mehwɛɛ soro.Mewɔ ɔhaw mu, Awurade, bra bɛboa me!”

ASCB: 15ASCB

Na ɛdeɛn na mɛtumi aka?Wakasa akyerɛ me, na ɔno ankasa na wayɛ yei.Mede ahobrɛaseɛ bɛnante mʼasetena nyinaa mume kra ahoyera yi enti.

ASCB: 16ASCB

Awurade, ɛnam saa nneɛma yi so na nnipa nya nkwana me honhom nso anya nkwa wɔ mu.Wode mʼapɔmuden asane ama me.Wonam so ama manya nkwa.

ASCB: 17ASCB

Aane, ɛyɛ me yieyɛ entina mekɔɔ saa ahoyera yi mu.Wo dɔ enti, wode me sieeɛna mankɔ ɔsɛe amena mu;na wode me bɔne nyinaa akyɛ me.

ASCB: 18ASCB

Damena rentumi nkamfo wo;owuo rentumi nto wo ayɛyi nnwom;wɔn a wɔsiane kɔ amena mu norentumi nya anidasoɔ wɔ wo nokorɛ mu bio.

ASCB: 19ASCB

Ateasefoɔ nko na wɔbɛtumi akamfo wo,sɛdeɛ mereyɛ ɛnnɛ yi;agyanom ka wo nokorɛdie ho asɛmkyerɛ wɔn mma.

ASCB: 20ASCB

Awurade bɛgye me nkwa,na yɛde ahoma nnwontodeɛ bɛto nnwomyɛn nkwa nna nyinaawɔ Awurade efie.

ASCB: 21ASCB

Na Yesaia kaa sɛ, “Momfa borɔdɔma nyɛ nku mfa nsra pɔmpɔ no so, na ne ho bɛyɛ no den.”

ASCB: 22ASCB

Na Hesekia bisaa sɛ, “Ɛdeɛn nsɛnkyerɛnneɛ na ɛbɛda no adi sɛ mɛkɔ Awurade asɔredan mu?”