Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 19

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 19 Bible text

ASCB: 1ASCB

Nkɔmhyɛ a ɛtia Misraim:Monhwɛ! Awurade nam ahoɔherɛ omununkum muna ɔreba Misraim.Misraim ahoni ho popo wɔ nʼanim,na Misraimfoɔ akoma boto wɔ wɔn mu.

ASCB: 2ASCB

“Mɛma Misraimfoɔ atwa wɔn ho ako,onua bɛko atia onua,ɔyɔnko atia ɔyɔnko,kuropɔn atia kuropɔn,ahennie atia ahennie.

ASCB: 3ASCB

Misraimfoɔ no renya abodwo,na mɛma wɔn nhyehyɛeɛ ayɛ ɔkwa.Wɔbɛkɔ abisa wɔ ahoni, ne awufoɔ ahonhom,asamanfrɛfoɔ ne nkonyaayifoɔ nkyɛn.

ASCB: 4ASCB

Mede Misraim bɛhyɛowura tirimuɔdenfoɔ bi tumi ase,na ɔhene a ɔyɛ keka bɛdi wɔn so,”sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

ASCB: 5ASCB

Nsubɔntene mu nsuo bɛwe,na nkonkɔn bɛwo ayɛ wesee.

ASCB: 6ASCB

Nsuka bɛyi hwa;na nsuwa a ɛwɔ Misraim bɛtwe na awe.Demmire ne ɛserɛ bɛdwan,

ASCB: 7ASCB

Nil nsunoa nnua nso,deɛ ɛwɔ asubɔnten no abɔeɛ no.Nil nsunoa so mfuo nyinaabɛwo wesee na awu koraa.

ASCB: 8ASCB

Afarefoɔ nyinaa bɛsi apinie atwa adwo,wɔn a wɔto darewa wɔ Nil mu nyinaa;wɔn a wɔgu asau wɔ nsuo no sobɛdi awerɛhoɔ.

ASCB: 9ASCB

Wɔn a wɔde asaawa yɛ adwuma aba mu bɛbu,wɔn a wɔnwono nnwera no anidasoɔ bɛsa.

ASCB: 10ASCB

Wɔn a wɔyɛ ntoma ho adwuma bɛyɛ mmɔbɔna wɔn a wɔgye akatua nyinaa akoma bɛboto.

ASCB: 11ASCB

Soan adwumayɛfoɔ nka hwee sɛ nkwaseafoɔ;Farao agyinatufoɔ anyansafoɔ ma afutu bɔne.Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao sɛ,“Meyɛ anyansafoɔ no mu baako,tete ahemfo no kyidifoɔ?”

ASCB: 12ASCB

Wʼanyansafoɔ no wɔ he afei?Ma wɔnkyerɛ wo na ma wɔnhunudeɛ Asafo Awuradeahyehyɛ atia Misraim.

ASCB: 13ASCB

Soan adwumayɛfoɔ abɛyɛ nkwaseafoɔ,wɔadaadaa Memfis akwankyerɛfoɔne nnipa no ntuanofoɔama Misraim afom ɛkwan.

ASCB: 14ASCB

Awurade ahwieanisobirie honhom agu wɔn mu;wɔma Misraim tɔ ntintan wɔ biribiara a ɔyɛ mu,te sɛ deɛ ɔsabofoɔ de ne feɛ fɔre ne ho.

ASCB: 15ASCB

Biribiara nni hɔ a Misraim bɛtumi ayɛ;obiara rentumi nyɛ hwee, sɛ ɔyɛ etire anaa ɛtoɔ, anaa sɛ ɔyɛ berɛ anaa demmire.

ASCB: 16ASCB

Saa ɛda no, Misraimfoɔ bɛyɛ sɛ mmaa, Asafo Awurade nsa a wama so atia wɔn no bɛma wɔn abɔ hu na wɔn ho apopo.

ASCB: 17ASCB

Na Yuda asase no bɛma Misraimfoɔ abɔ hu. Obiara a ɔbɛte Yuda din no bɛsuro, ɛsiane deɛ Asafo Awurade rehyehyɛ atia wɔn enti.

ASCB: 18ASCB

Saa ɛda no, Misraim nkuropɔn enum bɛka Kanaan kasa na wɔaka Asafo Awurade ntam. Wɔbɛfrɛ wɔn mu baako Ɔsɛeɛ Kuropɔn.

ASCB: 19ASCB

Saa ɛda no, wɔbɛsi afɔrebukyia wɔ Misraim mfimfini ama Awurade, na wɔasi nkaeɛdum wɔ ne hyeɛ so nso ama Awurade.

ASCB: 20ASCB

Ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne adansedeɛ ama Asafo Awurade wɔ Misraim asase so. Sɛ wɔn nhyɛsofoɔ enti wɔsu frɛ Awurade a, ɔbɛsoma ɔgyefoɔ ne banbɔni bi, na ɔbɛgye wɔn.

ASCB: 21ASCB

Enti Awurade bɛda ne ho adi akyerɛ Misraimfoɔ, na saa da no wɔbɛhunu Awurade. Wɔde afɔrebɔ ne nnuane bɛsom, wɔbɛhyɛ Awurade bɔ, na wɔadi so.

ASCB: 22ASCB

Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ Misraim; ɔde bɛbɔ wɔn na wasa wɔn yadeɛ. Wɔbɛdane akɔ Awurade nkyɛn, na ɔbɛtie wɔn sufrɛ, na wasa wɔn yadeɛ.

ASCB: 23ASCB

Saa ɛda no, ɛkwantempɔn bɛfiri Misraim ne Asiria. Asiriafoɔ bɛkɔ Misraim na Misraimfoɔ akɔ Asiria. Misraimfoɔ ne Asiriafoɔ bɛbɔ mu asom.

ASCB: 24ASCB

Saa ɛda no Israel bɛtɔ Misraim ne Asiria so mmiɛnsa, ayɛ nhyira wɔ asase so.

ASCB: 25ASCB

Na Asafo Awurade bɛhyira wɔn aka sɛ, “Nhyira nka Misraim, me nkurɔfoɔ. Nhyira nka Asiria me nsa ano adwuma. Nhyira nka Israel mʼagyapadeɛ.”