Scripture
Odiyifoɔ Hosea Nwoma 2
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Hosea Nwoma 2 Bible text
“Ka wo maame anim, ka nʼanim,na ɔnnyɛ me yerena mennyɛ ne kunu.Ma ɔnsesa nʼanim a ayɛ adwaman anim nona ɔnnyae awaresɛeɛ a ɔde ne nufu yɛ no.
Anyɛ saa a mɛpa ne ho ntomana wada adagya te sɛ ɛda a wɔwoo no;mɛma wayɛ sɛ anweatam,mɛdane no asase a awo weseena mama osukɔm akum no.
Wɔn maame anyɛ ɔnokwafoɔna ɔnyinsɛnee wɔn wɔ animguaseɛ mu.Ɔkaa sɛ, ‘Mɛdi mʼadɔfoɔ akyi,wɔn a wɔma me aduane ne nsuo,ne kuntu ne nwera, ngo ne nsã.’
Ɔbɛti nʼadɔfoɔ nanso ɔrento wɔn;ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhunu wɔn.Afei, ɔbɛka sɛ,‘Mɛsane akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kane no,ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na ɛyɛ ma me sene seesei.’
Ɔnnkae sɛ me namemaa no aduane, nsã foforɔ ne ngo,deɛ ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no soma wɔde kɔsom Baal no.
“Enti, sɛ mʼaduane no duru twaberɛ a mɛfa mʼadeɛ,ne me nsã foforɔ no nso saa ara.Mɛgye me kuntu ne me nwera,a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagya so no.
Mɛtwa nʼafahyɛ nyinaa so:nʼafenhyia afahyɛ, Ɔbosome Foforɔ afahyɛHome Ɛda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahodoɔ nyinaa.
Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua,deɛ ɔka sɛ nʼadɔfoɔ de tuaa no ka no;mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ,ama wiram mmoa awe.
Mɛtwe nʼaso wɔ nna aɔhyee aduhwam maa Baal no ho;ɔde nkawa ne agudeɛ hyehyɛɛ ne ho,tu dii nʼadɔfoɔ akyi,medeɛ ne werɛ firii me,”deɛ Awurade seɛ nie.
Mɛsane de ne bobe mfuo ama no.Mɛyɛ Akɔr bɔnhwa no,anidasoɔ ɛkwan.Ɛhɔ na ɔbɛto dwom sɛdeɛ na ɔyɛ ne mmabunu berɛ mu none ɛberɛ a ɔfirii Misraim no.
Saa ɛda no, mɛyɛ apam ama wɔn,wɔne wiram mmoa ne ewiem nnomaane mmoa a wɔwea wɔ asase so.Tadua, mpea ne ɔko,mɛbra wɔ asase no sosɛdeɛ wɔn nyinaa bɛtena ase asomdwoeɛ mu.
“Saa ɛda no, mɛgye wo so,”deɛ Awurade seɛ nie.“Mɛgye ɔsoro so,na ɔsoro de osuo bɛgye asase so,
na asase nso bɛgye mfudeɛ so:bobe foforɔ ne ngo dua,na wɔn nso agye so sɛ ‘Yesreel’, ‘Onyankopɔn na wadua’.
Mede Israel bɛdua asase no so ama me ho;mɛda me dɔ adi akyerɛ deɛ mekaa sɛ ‘wonnyɛ me dɔfo’ no.Meka akyerɛ wɔn a mesee wɔn sɛ ‘monnyɛ me nkurɔfoɔ’ sɛ‘moyɛ me nkurɔfoɔ’,na wɔn nso aka sɛ, ‘Wone me Onyankopɔn.’ ”