Skip to main content

Scripture

Nwoma A Wɔtwerɛ Kɔmaa Hebrifoɔ 8

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nwoma A Wɔtwerɛ Kɔmaa Hebrifoɔ 8 Bible text

ASCB: 1ASCB

Asɛm a yɛgyina so kasa no ne sɛ: Yɛwɔ Ɔsɔfopanin a ɔte Otumfoɔ a ɔwɔ ɔsoro no ahennwa no nifa.

ASCB: 2ASCB

Ɔsom sɛ Ɔsɔfopanin wɔ Kronkronbea hɔ a ɛyɛ ntomadan a ɛwɔ ɔsoro. Saa ntomadan yi, Awurade ankasa na ɔsiiɛ na ɛnyɛ onipa.

ASCB: 3ASCB

Wɔyi Ɔsɔfopanin biara sɛ ɔmfa akyɛdeɛ ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Ɛno enti ɛsɛ sɛ yɛn Sɔfopanin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔdeɛ.

ASCB: 4ASCB

Sɛ Yesu wɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfoɔ koraa ɛfiri sɛ, asɔfoɔ wɔ hɔ a wɔde afɔrebɔdeɛ ma, sɛdeɛ Yudafoɔ mmara kyerɛ no.

ASCB: 5ASCB

Nanso dwuma a wɔdi sɛ asɔfoɔ no yɛ ɔsoro nsususoɔ bi kwa. Ɛte sɛ Mose berɛ so deɛ no ara pɛ. Ɛberɛ a ɔpɛɛ sɛ ɔsi ntomadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Si no sɛdeɛ merekyerɛ wo wɔ bepɔ no so pɛpɛɛpɛ.”

ASCB: 6ASCB

Afei deɛ, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn deɛ no. Yesu yɛ apam a ɛkyɛn so a wɔgyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛeɛ no ntamgyinafoɔ.

ASCB: 7ASCB

Sɛ na apam a ɛdi ɛkan no yɛ a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛtɔ so mmienu no.

ASCB: 8ASCB

Nanso, Onyankopɔn hunuu mfomsoɔ wɔ ne nkurɔfoɔ ho ɛberɛ a ɔkaa sɛ,“Nna bi reba, Awurade na ɔseɛ,a me ne Israelfoɔ ne Yuda abusuakuobɛhyehyɛ apam foforɔ.

ASCB: 9ASCB

Ɛrenyɛ sɛ apam ame ne wɔn agyanom yɛeɛ noɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsadii wɔn anim firii Misraim no.Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛeɛ no ho nokorɛ,ɛno enti mante mʼani anhwɛ wɔn,Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 10ASCB

Afei, yei ne apam a me ne Israelfoɔ bɛhyehyɛɛberɛ a ɛreba no mu, Awurade na ɔseɛ:Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwenemna matwerɛ agu wɔn akoma mu.Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn,na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.

ASCB: 11ASCB

Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnkoanaa ne kuromni sɛ, ‘Hunu Awurade,’ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me firiakumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so.

ASCB: 12ASCB

Mɛhunu wɔn mmɔbɔ wɔn bɔne ho;na merenkae wɔn bɔne bio.”

ASCB: 13ASCB

Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi “Foforɔ” no ama deɛ wɔyɛɛ kane no ayɛ dada; na biribiara a anyini ayɛ dada no nkyɛre yera.