Skip to main content

Scripture

Nwoma A Wɔtwerɛ Kɔmaa Hebrifoɔ 3

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nwoma A Wɔtwerɛ Kɔmaa Hebrifoɔ 3 Bible text

ASCB: 1ASCB

Me nuanom wɔ Kristo mu a Onyankopɔn afrɛ mo, monnwene Yesu a Onyankopɔn somaa no maa ɔbɛyɛɛ Ɔsɔfopanin wɔ gyidie a yɛka ho asɛm no ho.

ASCB: 2ASCB

Na ɔdii Onyankopɔn a ɔyii no sɛ ɔnyɛ saa adwuma yi no nokorɛ sɛdeɛ Mose nso dii nokorɛ wɔ Onyankopɔn fie no.

ASCB: 3ASCB

Onipa a ɔsi efie nya animuonyam sene efie no ankasa.

ASCB: 4ASCB

Saa ara na ɛteɛ; ɛsɛ sɛ Yesu nya animuonyam sene Mose. Efie biara, obi na ɔsiiɛ. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa.

ASCB: 5ASCB

Mose dii Onyankopɔn nokorɛ sɛ ɔsomfoɔ wɔ ne fie na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa.

ASCB: 6ASCB

Nanso Kristo deɛ, ɔdi nokorɛ sɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so. Sɛ yɛma yɛn bo yɛ duru na yɛwɔ gyidie wɔ yɛn anidasoɔ mu a, na yɛyɛ ne fiefoɔ.

ASCB: 7ASCB

Enti Honhom Kronkron no ka sɛ,“Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a,

ASCB: 8ASCB

monnyɛ asoɔdente sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no;sɛdeɛ moyɛɛ da a na mowɔ ɛserɛ so a mosɔɔ no hwɛeɛ no.

ASCB: 9ASCB

Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ no hwɛeɛ,nanso wɔhunuu deɛ meyɛɛ no mfeɛ aduanan mu.

ASCB: 10ASCB

Esiane saa enti, me bo fuu saa nnipa no kaa sɛ,‘Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho,na wɔanhunu mʼakwan.’

ASCB: 11ASCB

Ɛno enti mekaa ntam wɔ mʼabufuo mu sɛ,‘Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da.’ ”

ASCB: 12ASCB

Me nuanom monhwɛ yie na mo mu bi annya akoma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni na ɛbɛma watwe ne ho afiri Onyankopɔn teasefoɔ no ho.

ASCB: 13ASCB

Na mmom, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu bi na wɔnyɛ asoɔden enti, da biara mommoaboa mo ho mo ho ɛberɛ a asɛm “Ɛnnɛ” a ɛwɔ Atwerɛsɛm mu no fa yɛn ho no.

ASCB: 14ASCB

Na sɛ yɛsɔ gyidie a yɛwɔ no mu denden sɛdeɛ yɛde firi ahyɛaseɛ no a, na yɛyɛ Kristo fafafoɔ.

ASCB: 15ASCB

Atwerɛsɛm no ka sɛ,“Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a,monnyɛ asoɔdente sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no.”

ASCB: 16ASCB

Ɛhefoɔ na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim firi Misraim no nyinaa.

ASCB: 17ASCB

Ɛhefoɔ na Onyankopɔn bo fuu wɔn mfirinhyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtete hwe wuwuu wɔ ɛserɛ so no.

ASCB: 18ASCB

Ɛberɛ a Onyankopɔn kaa ntam sɛ, “Wɔremma me home mu da” no, na ɔreka akyerɛ ɛhefoɔ? Na ɔreka akyerɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no.

ASCB: 19ASCB

Afei, yɛhunu sɛ wɔantumi ankɔ home no mu, ɛfiri sɛ, wɔannye anni.