Skip to main content

Scripture

Nwoma A Wɔtwerɛ Kɔmaa Hebrifoɔ 1

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nwoma A Wɔtwerɛ Kɔmaa Hebrifoɔ 1 Bible text

ASCB: 1ASCB

Mmerɛ a atwam no, na Onyankopɔn nam akwan ahodoɔ bebree so fa adiyifoɔ so kasa kyerɛ yɛn mpanimfoɔ.

ASCB: 2ASCB

Nanso, mmerɛ a ɛdi akyire no deɛ, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na Onyankopɔn nam ne so bɔɔ ewiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awieeɛ no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne dea.

ASCB: 3ASCB

Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn animuonyam hyerɛn no so hran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no sɔ ewiase mu. Ɔtee nnipa ho firii wɔn bɔne mu wieeɛ no, ɔtenaa Otumfoɔ Onyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro.

ASCB: 4ASCB

Ɛno enti, ɔyɛɛ kɛse sene abɔfoɔ no, ɛfiri sɛ, edin a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sene wɔn deɛ no.

ASCB: 5ASCB

Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfoɔ no mu biara sɛ,“Woyɛ me Ba;na ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.”Ɛnna wanka ankyerɛ ɔbɔfoɔ biara sɛ,“Mɛyɛ wʼAgya na wayɛ me Ba.”

ASCB: 6ASCB

Ɛberɛ a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba ewiase no, ɔsane kaa sɛ,“Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ nyinaa som no.”

ASCB: 7ASCB

Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfoɔ no ho ne sɛ,“Onyankopɔn soma nʼabɔfoɔ sɛ mframa,na ɔsoma nʼasomfoɔ sɛ gyadɛreeɛ.”

ASCB: 8ASCB

Na ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kaa sɛ,“Ao, Onyankopɔn, wʼahennwa bɛtena hɔ daa nyinaa;wʼAhennie yɛ atɛntenenee.

ASCB: 9ASCB

Wodɔ tenenee, na wokyiri bɔne,ɛno enti, Onyankopɔn wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so,na ɔde anigyeɛ ngo asra wo.”

ASCB: 10ASCB

Onyankopɔn sane kaa sɛ,“Mfitiaseɛ no wotoo asase fapem,na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.

ASCB: 11ASCB

Ne nyinaa bɛtwam na wo deɛ wobɛtena hɔ daa;wɔbɛtete sɛ atadeɛ.

ASCB: 12ASCB

Wɔbɛbobɔ no sɛ ntoma;na wɔbɛsesa no sɛ ntadeɛ.Nanso, wote sɛdeɛ woteɛ,na wo mfeɛ to rentwa da.”

ASCB: 13ASCB

Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfoɔ no sɛ,“Montena me nifa sokɔsi sɛ mede mo atamfoɔ bɛyɛmo nan ntiasoɔ.”

ASCB: 14ASCB

Sɛ saa a, na abɔfoɔ no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagyeɛ no.