Skip to main content

Scripture

Mose Nwoma A Ɛdi Ɛkan (Gyenesis) 49

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nwoma A Ɛdi Ɛkan (Gyenesis) 49 Bible text

ASCB: 1ASCB

Yakob frɛɛ ne mmammarima nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛtwa me ho nhyia, na menka mo deɛ ɛbɛba mo so.

ASCB: 2ASCB

“Yakob mmammarima, mommoaboa mo ho ano, na montie;montie mo agya Israel.

ASCB: 3ASCB

“Ruben, wo na woyɛ mʼabakan.Wo na woyɛ me tumi ne mʼahoɔden nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan aɛboro animuonyam ne tumi so.

ASCB: 4ASCB

Woyɛ kirikiri sɛ asorɔkye, nanso worenkɔ so bio,ɛfiri sɛ, woforoo wʼagya mpa ne ne yere kɔdaeɛ,de guu mʼanim ase.

ASCB: 5ASCB

“Simeon ne Lewi yɛ anuanom.Wɔgyina hɔ ma basabasayɛ ne nsisie.

ASCB: 6ASCB

Mma me nkɔka wɔn agyinatuo ho,ɛfiri sɛ, wɔnam wɔn abufuo so akunkum nnipa,na wɔkunkumm anantwie de gyee wɔn ani.

ASCB: 7ASCB

Nnome nka wɔn abufuo, ɛfiri sɛ, ano yɛ den,na ɛyɛ atirimuɔdensɛm!Ɛno enti, mɛbɔ wɔn asefoɔ ahweteIsraelman mu nyinaa.

ASCB: 8ASCB

“Yuda, wo nuammarimanom bɛyi wo ayɛ.Wobɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa.Wʼagya mmammarima bɛkoto wo.

ASCB: 9ASCB

Ao, Yuda, woyɛ gyata ba awoawe wʼatamfoɔ ɛnam awie.Wote sɛ gyata a wabutu.Hwan na ɔbɛtumi akɔka no?

ASCB: 10ASCB

Ahempoma remfiri Yuda nsam,na saa ara nso na ahempoma remfiri ne nan ntam,kɔsi sɛ, deɛ ɛyɛ ne dea a aman nyinaa bɛtie no no bɛba.

ASCB: 11ASCB

Ɔbɛsa nʼafunumu wɔ bobe dua mu.Ɔde nʼafunumu ba bɛsa bobe pa mman mu.Ɔbɛsi ne ntoma wɔ nsã mu,na wasi nʼatadeɛ nso wɔ bobesa kɔɔ mu.

ASCB: 12ASCB

Nʼaniwa aba bɛbiri asene bobesa.Ne se bɛyɛ fitaa asene nufosuo.

ASCB: 13ASCB

“Sebulon bɛtena mpoano.Ɔbɛsisi ahyɛngyinabea ama ahyɛn.Nʼahyeɛ so bɛtrɛ akɔsi Sidon.

ASCB: 14ASCB

“Isakar yɛ afunumu hoɔdenfoɔ aɔbutu hɔ rehome wɔ nnwankuo mu.

ASCB: 15ASCB

Sɛ ɔhunu sɛdeɛ nʼahomegyebea yɛ fa a,ne sɛdeɛ nʼasase no so dwo a,ɔbɛkuntunu agye adesoa,na wapene so sɛ akoa ama ɔhyɛ adwuma.

ASCB: 16ASCB

“Dan bɛbu ne manfoɔ atɛnsɛ Israel mmusuakuo no baako.

ASCB: 17ASCB

Dan bɛyɛ sɛ ɔtweaseɛ a ɔda kwankyɛn;ɔbɛyɛ sɛ ahuritia a ɔnam tempɔn mu aɔka ɔpɔnkɔ nantin,sɛdeɛ ɛbɛma ne sotefoɔ ate ahwe nʼakyiri.

ASCB: 18ASCB

“Ao, Awurade, wo nkwagyeɛ na meretwɛn.

ASCB: 19ASCB

“Nnipa bɔnefoɔ bɛto ahyɛ Gad so,na ɔno nso bɛti wɔn ato ahyɛ wɔn so.

ASCB: 20ASCB

“Aser aduane a ɔdi no bɛyɛ aduane pa.Na ɔbɛma ahennuane a ɛyɛ akɔnnɔ.

ASCB: 21ASCB

“Naftali te sɛ ɔforoteɛ a wɔagyaa no aɔwo mma ahoɔfɛfoɔ.

ASCB: 22ASCB

“Yosef yɛ ngo dua a ɛso aba,a ɛsi asutene ho,na ne mman tra afasuo.

ASCB: 23ASCB

Agyantofoɔ kaa no hyɛeɛ,de abufuo to hyɛɛ ne so.

ASCB: 24ASCB

Nanso, ne bɛma no gyinaa pintinn,na ne basa mu yɛɛ den;esiane Otumfoɔ Onyankopɔn a Yakob somm no noa ɔyɛ odwanhwɛfoɔ ne Israel botantim no;

ASCB: 25ASCB

esiane Onyankopɔn a wʼagya somm no a ɔboa wo no;Otumfoɔ a ɔde ɔsoro nhyira bɛhyira wo;nhyira a ɛfiri asase ase pɛɛ;nhyira a ɛfiri nufoɔ ne yafunu mu no.

ASCB: 26ASCB

Wʼagya nhyira a wɔahyira no nobɛdɔɔso asene tete ntredee mmepɔne nkokoɔ a ɛtintim hɔ daa no so nnɔbaeɛ.Yeinom nyinaa mmra Yosef a ɔda mu fuaa wɔpaa no firii ne nuanom mu no so.

ASCB: 27ASCB

“Benyamin yɛ pataku a ɔyɛ nam;ɔbɔ aporɔ anɔpa, kye nʼahaboa we,na ɛduru anwummerɛ a, ɔkyekyɛ ɛnam nkaeɛ no.”

ASCB: 28ASCB

Yei ne nhyira a Israel mmusuakuo dumienu no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛdeɛ ɛfata no.

ASCB: 29ASCB

Yakob rebɛwuo no, ɔka kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ, “Aka kakraa bi, na wɔrebɛfa me akɔka me mpanimfoɔ ho. Sɛ mewu a, monsie me wɔ ɔboda a ɛwɔ Hetini Efron afuo a wɔsiee me mpanimfoɔ mu no mu.

ASCB: 30ASCB

Ɛno ne ɔboda ne afuo a ɛwɔ Makpela, a ɛbɛn Mamrɛ a ɛwɔ Kanaan asase so no. Abraham tɔɔ saa ɔboda no firii Hetini Efron nkyɛn, de yɛɛ amusieeɛ.

ASCB: 31ASCB

Saa ɔboda no mu na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara. Ɛhɔ ara nso na wɔsiee Isak ne ne yere Rebeka, na mesiee Lea nso.

ASCB: 32ASCB

Me nana Abraham tɔɔ afuo no ne ɔboda a ɛka ho no nyinaa firii Hetifoɔ no nkyɛn.”

ASCB: 33ASCB

Ɛberɛ a Yakob kasa kyerɛɛ ne mma no wieeɛ no, ɔmaa ne nan so guu ne mpa so wuiɛ. Wɔkɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn.