Skip to main content

Scripture

Mose Nwoma A Ɛdi Ɛkan (Gyenesis) 36

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nwoma A Ɛdi Ɛkan (Gyenesis) 36 Bible text

ASCB: 1ASCB

Yeinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no asefoɔ.

ASCB: 2ASCB

Esau waree Kanaanfoɔ mmaa baasa. Wɔn din de Ada a ɔyɛ Hetini Elon babaa, Ana babaa Oholibama a ɔsane yɛ Hewini Sibeon nana ne

ASCB: 3ASCB

Basmat a ɔyɛ Ismael babaa na ɔyɛ Nebaiot nuabaa.

ASCB: 4ASCB

Ada woo Elifas maa Esau. Basmat woo Reuel.

ASCB: 5ASCB

Oholibama nso woo Yeus, Yalam ne Kora. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne mmammarima a Esau yerenom baasa no wowoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so no.

ASCB: 6ASCB

Esau faa ne yerenom, ne mmammarima, ne mmammaa, ne fiefoɔ nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapadeɛ biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu firii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so akyirikyiri.

ASCB: 7ASCB

Ɛfiri sɛ, na wɔn ahonyadeɛ no dɔɔso sɛ ɔne ne nua Yakob bɛtumi atena faako. Na wɔn mmoa dodoɔ enti, wɔn baanu no nsene asase a wɔte so no so.

ASCB: 8ASCB

Ɛno enti, Esau a wɔfrɛ no Edom no kɔbɔɔ nʼatenaeɛ wɔ Seir bepɔ so.

ASCB: 9ASCB

Yeinom ne Esau a ɔyɛ Edomfoɔ agya no asefoɔ a wɔwoo wɔn maa no ɛberɛ a na ɔwɔ Seir bepɔ so no.

ASCB: 10ASCB

Esau mmammarima no din na ɛdidi so yi:Elifas, a ɔyɛ Esau yere panin Ada babarima ne Reuel a ɔyɛ Basmat babarima.

ASCB: 11ASCB

Elifas nso mmammarima din na ɛdidi so yi:Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas.

ASCB: 12ASCB

Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nananom.

ASCB: 13ASCB

Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi:Nahat, Serah, Sama ne Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Basmat nso nananom.

ASCB: 14ASCB

Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa, na ɔsane yɛ Sibeon nana no mmammarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne yeinom:Yeus, Yalam ne Kora.

ASCB: 15ASCB

Yeinom ne Esau asefoɔ no mu atitire:Elifas a ɔyɛ Esau abakan no nso mmammarima din na ɛdidi so yi:Atitire Teman, Omar, Sefo, Kenas,

ASCB: 16ASCB

Kora, Gatam ne Amalek. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefoɔ atitire a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitire yi yɛ Ada nananom.

ASCB: 17ASCB

Esau babarima Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi:Otitire Nahat, Otitire Serah, Otitire Sama ne Otitire Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Ruel a ɔyɛ Esau ba a ɔtɔ so mmienu no nnipa atitire a wɔwoo wɔn wɔ Edom asase so. Na wɔyɛ Esau yere Basmat nananom.

ASCB: 18ASCB

Esau yere Oholibama mmammarima din na ɛdidi so yi:Otitire Yeus, Otitire Yalam ne Otitire Kora. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no asefoɔ nnipa atitire no.

ASCB: 19ASCB

Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmammarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitire no.

ASCB: 20ASCB

Yeinom ne Horini Seir mmammarima a na saa ɛberɛ no wɔtete Seir asase so no:Lotan, Sobal, Sibeon, Ana,

ASCB: 21ASCB

Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmammarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitire no.

ASCB: 22ASCB

Lotan mmammarima ne yeinom:Hori ne Homam. Na Timna yɛ Lotan nuabaa.

ASCB: 23ASCB

Sobal nso mmammarima ne yeinom:Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam.

ASCB: 24ASCB

Na yeinom ne Sibeon mmammarima:Aya ne Ana. Saa Ana yi ne abarimaa a, ɛberɛ bi ɔde nʼagya Sibeon mfunumu kɔɔ adidi wɔ ɛserɛ no so a ɔkɔhunuu asuo aniwa bi a na nsuohyeɛ firi mu ba no.

ASCB: 25ASCB

Ana mma nie:Dison ne Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no.

ASCB: 26ASCB

Dison mmammarima nie:Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.

ASCB: 27ASCB

Eser mmammarima ne yeinom:Bilhan, Saawan ne Akan.

ASCB: 28ASCB

Yeinom ne Disan mma:Us ne Aran.

ASCB: 29ASCB

Yeinom ne Horifoɔ nnipa atitire:Lotan, Sobal, Sibeon, Ana,

ASCB: 30ASCB

Dison, Eser ne Disan.Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horifoɔ nnipa atitire a ɛberɛ a na wɔwɔ Seir asase so no, wɔdii wɔn mmusua no so.

ASCB: 31ASCB

Yeinom ne nnipa a wɔdii ɛkan dii ɔhene wɔ Edom asase so ansa na Israelni biara rebɛdi Israel mma so ɔhene:

ASCB: 32ASCB

Bela a ɔyɛ Beor babarima bɛdii ɔhene wɔ Edom asase so. Na nʼahenkuro din de Dinhaba.

ASCB: 33ASCB

Na Bela wuiɛ no, Serah babarima Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

ASCB: 34ASCB

Na Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Teman asase so bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

ASCB: 35ASCB

Husam wuo akyiri Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a ɔkɔdii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkuro no edin Hawit.

ASCB: 36ASCB

Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.

ASCB: 37ASCB

Samla wuiɛ no, Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo Eufrate ho no bɛdii ɔhene.

ASCB: 38ASCB

Na Saulo wuiɛ no, Akbor babarima Baal-Hanan bɛdii ɔhene.

ASCB: 39ASCB

Akbor babarima Baal-Hanan nso wuiɛ no, Hadad bɛdii nʼadeɛ, tenaa nʼahennwa so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkuro no din de Pau, ɛnna ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Matred babaa ne Me-Sahab nso nana.

ASCB: 40ASCB

Sɛdeɛ wɔn a wɔdidi so yi a wɔyɛ Esau asefoɔ no mmusua ne wɔn tenabea te nie:Timna abusua, Alwa abusua, Yetet abusua,

ASCB: 41ASCB

Oholibama abusua, Ela abusua, Pinon abusua,

ASCB: 42ASCB

Kenas abusua, Teman abusua, Mibsar abusua,

ASCB: 43ASCB

Magdiel abusua ne Iram abusua.Yeinom ne Edom mmusua a wɔde wɔn atenaeɛ no edin totoeɛ.Na wɔn nyinaa yɛ Edomfoɔ a wɔyɛ Esau asefoɔ.