Skip to main content

Scripture

Mose Nwoma A Ɛdi Ɛkan (Gyenesis) 22

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nwoma A Ɛdi Ɛkan (Gyenesis) 22 Bible text

ASCB: 1ASCB

Yeinom nyinaa akyiri, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛeɛ. Ɔfrɛɛ Abraham sɛ, “Abraham!”Abraham buaa sɛ, “Me nie!”

ASCB: 2ASCB

Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo ba, wo ba korɔ Isak a wodɔ no no kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ mmepɔ a ɛwɔ hɔ no mu baako a mɛkyerɛ wo no so.”

ASCB: 3ASCB

Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ nʼafunumu. Ɔfaa ne nkoa no mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho. Ɔtwitwaa egya a ɛbɛso ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔsiim kɔɔ baabi a Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ no.

ASCB: 4ASCB

Ne nnansa so no, Abraham too nʼani hunuu sɛ baabi a ɔrekɔ no wɔ akyirikyiri.

ASCB: 5ASCB

Na Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, “Mo ne afunumu no ntwɛn ha, na me ne abarimaa no nkɔ animu kakra, nkɔsom. Sɛ yɛsom wie a, yɛbɛsane aba.”

ASCB: 6ASCB

Abraham faa anyina a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no de soaa ne ba Isak. Ɛnna ɔno nso faa egya ne sekammoa kuraeɛ. Ɛberɛ a wɔrekɔ no,

ASCB: 7ASCB

Isak frɛɛ nʼagya Abraham sɛ, “Agya!”Ɛnna Abraham buaa sɛ, “Me ba, asɛm bɛn?”Isak bisaa no sɛ, “Egya ne anyina no nie, na odwammaa a yɛde no rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ he?”

ASCB: 8ASCB

Abraham buaa sɛ, “Onyankopɔn no ankasa bɛma yɛn afɔredwan a yɛde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.” Afei, wɔn baanu no toaa so kɔeɛ.

ASCB: 9ASCB

Wɔbɛduruu baabi a Onyankopɔn kyerɛɛ no no, Abraham sii afɔrebukyia wɔ hɔ, hyehyɛɛ anyina no wɔ so. Ɔkyekyeree ne ba Isak, de no too anyina no so wɔ afɔrebukyia no so.

ASCB: 10ASCB

Abraham twee sekammoa no, pagyaa sɛ ɔde rebɛtwa ne ba no mene akum no.

ASCB: 11ASCB

Ɛhɔ ara na Awurade ɔbɔfoɔ frɛɛ no firi soro sɛ, “Abraham! Abraham!”Ɛnna Abraham gyee so sɛ, “Me nie.”

ASCB: 12ASCB

Awurade ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Mfa wo nsa nka abɔfra no. Ɛnyɛ no bɔne biara. Esiane sɛ woamfa wo dɔ ba, wo ba korɔ no ankame me no enti, mahunu sɛ wosuro Onyankopɔn.”

ASCB: 13ASCB

Abraham maa nʼani so hunuu sɛ nkyɛkyerɛ bi asɔ odwennini bi mmɛn mu wɔ wira no mu hɔ. Abraham kɔkyeree odwennini no de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so, sii ne ba no ananmu.

ASCB: 14ASCB

Abraham too beaeɛ no din sɛ Awurade De Bɛma. Ɛbɛsi ɛnnɛ no wɔka sɛ, “wɔde bɛma wɔ Awurade bepɔ no so.”

ASCB: 15ASCB

Awurade ɔbɔfoɔ no frɛɛ Abraham firii soro deɛ ɛtɔ so mmienu kaa sɛ,

ASCB: 16ASCB

“Maka me ho ntam sɛ, ɛsiane sɛ woayɛ yei, na woamfa wo ba, wo ba korɔ no ankame me enti,

ASCB: 17ASCB

hyira na mɛhyira wo na mama wʼase adɔre sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea. Na wʼasefoɔ bɛgye wɔn atamfoɔ nkuropɔn adi so.

ASCB: 18ASCB

Wɔnam wʼasefoɔ so na wɔbɛhyira ewiase amanaman nyinaa, ɛfiri sɛ, woadi mʼasɛm so.”

ASCB: 19ASCB

Afei, Abraham sane kɔɔ nʼasomfoɔ no nkyɛn ne wɔn siim kɔɔ Beer-Seba kɔtenaa hɔ.

ASCB: 20ASCB

Yeinom nyinaa akyiri no, wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Milka nso yɛ ɔbaatan a wawo mmammarima ama wo nuabarima Nahor. Wɔn din na ɛdidi so yi:

ASCB: 21ASCB

Us yɛ abakan, Us nuabarima Bus na ɔtɔ so mmienu.Deɛ ɔdi so ne Kemuel, a ɔyɛ Aram agya.

ASCB: 22ASCB

Wɔn a wɔaka no ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf ne Betuel.”

ASCB: 23ASCB

Saa Betuel yi na ɔwoo Rebeka.Milka ne Abraham nua Nahor na wɔwowoo saa mmammarima baawɔtwe yi.

ASCB: 24ASCB

Nahor ne ne mpena Rehuma nso wowoo mma baanan a wɔn din de,Teba, Gaham, Tahas ne Maaka.