Skip to main content

Scripture

Mose Nwoma A Ɛdi Ɛkan (Gyenesis) 16

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nwoma A Ɛdi Ɛkan (Gyenesis) 16 Bible text

ASCB: 1ASCB

Saa ɛberɛ yi, na Sarai nwoo ɔba mmaa Abram. Na ɔwɔ Misraimni abaawa bi a wɔfrɛ no Hagar;

ASCB: 2ASCB

enti Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Wo ara wonim sɛ Awurade ama mayɛ obonini; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.”Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so.

ASCB: 3ASCB

Abram tenaa Kanaan asase so mfeɛ edu akyiri no, ne yere Sarai de Misraimni abaawa Hagar no kɔmaa ne kunu no sɛ, ɔnware no.

ASCB: 4ASCB

Abram ne Hagar daeɛ, na ɔnyinsɛneeɛ.Ɛberɛ a Hagar hunuu sɛ wanyinsɛn no, ɔhyɛɛ aseɛ buu nʼawuraa Sarai animtia.

ASCB: 5ASCB

Enti Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Saa ɔhaw a aba me so yi nyinaa firi wo! Mede mʼabaawa maa wo; afei a wahunu sɛ wanyinsɛn no enti, ɔtiatia mʼanim. Awurade mmu me ne wo ntam atɛn.”

ASCB: 6ASCB

Nanso, Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ, “Ɔyɛ wʼabaawa. Deɛ wopɛ sɛ wode yɛ no biara, fa yɛ no.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, Sarai tanee nʼabaawa Hagar ani, ma ɔdwane firii ne nkyɛn.

ASCB: 7ASCB

Awurade ɔbɔfoɔ hunuu Hagar wɔ nsuo aniwa bi ho wɔ ɛserɛ no so. Na saa nsuo aniwa no da ɛkwan a ɛkɔ kuro bi a wɔfrɛ no Sur no nkyɛn.

ASCB: 8ASCB

Ɔbɔfoɔ no bisaa Hagar sɛ, “Sarai abaawa Hagar, wofiri he, na worekɔ he?”Hagar buaa no sɛ, “Meredwane afiri mʼawuraa Sarai nkyɛn.”

ASCB: 9ASCB

Na Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Hagar sɛ, “Sane kɔ wʼawuraa no nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no.”

ASCB: 10ASCB

Ɔbɔfoɔ no ka kaa ho sɛ, “Mɛma wʼase afɛe a, wɔkan a, ɛnyɛ yie.”

ASCB: 11ASCB

Awurade ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ Hagar sɛ,“Woanyinsɛn,na wobɛwo ɔbabarima.Wobɛto no edin Ismael, ɛfiri sɛ, Awurade ate wʼamanehunu.

ASCB: 12ASCB

Ɔbɛyɛ sɛ ɛserɛ so afunumu.Ɔbɛtia nnipa nyinaa,na nnipa nyinaa nso bɛtia no;atutupɛ so naɔne ne nuanom bɛtena.”

ASCB: 13ASCB

Yei akyiri ɔde edin foforɔ maa Awurade. Ɔkaa sɛ, “Mahunu Deɛ ɔhunu me.” Ɛno enti, ɔde edin El-Roi a aseɛ ne “Onyankopɔn a ɔhunu me” no, too no.

ASCB: 14ASCB

Ɛno enti na wɔfrɛ nsuo aniwa no sɛ Beer-Lahai-Roi a aseɛ ne “Onyankopɔn Teasefoɔ a ɔhunu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam bɛsi ɛnnɛ.

ASCB: 15ASCB

Enti Hagar woo ɔbabarima maa Abram. Abram too abɔfra no edin Ismael.

ASCB: 16ASCB

Hagar woo Ismael no, na Abram adi mfeɛ aduɔwɔtwe nsia.