Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Hesekiel Nwoma 27

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Hesekiel Nwoma 27 Bible text

ASCB: 1ASCB

Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

ASCB: 2ASCB

“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so.

ASCB: 3ASCB

Ka kyerɛ Tiro a ɔda ɛpo aboboano, na ɔne adwadifoɔ bebree a wɔwɔ mpoano nkuro so di edwa sɛ, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade seɛ:“ ‘Woka sɛ, Ao Tiro,“Me ho yɛ fɛ yie.”

ASCB: 4ASCB

Wo tumidie wɔ ɛpo so akyirikyiri;wʼadansifoɔ maa wʼahoɔfɛ wiee pɛyɛ

ASCB: 5ASCB

Wo nnua a wɔpaeɛ nyinaayɛ pepeaa a ɛfiri Senir.Wɔde Lebanon ntwenedurona ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa woɔ.

ASCB: 6ASCB

Odum nnua a ɛfiri Basanna wɔde yɛɛ wʼatabono;Kwabɔhɔrɔ nnua a ɛfiri Kipro mpoanona wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛ so.

ASCB: 7ASCB

Misraim nwera papa bi a wadi mu adwinina wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatomaa ɛyɛɛ wo frankaa nso;wʼapono ɛne ntokua ano ntoma yɛ bibitoma ne beredumtomaa ɛfiri Elisa mpoano.

ASCB: 8ASCB

Sidonfoɔ ne Arwadfoɔ na wɔhare wʼahyɛn;wo mmarima anyansafoɔ, Ao Tirona wɔyɛ adwumayɛfoɔ wɔ wʼahyɛn mu.

ASCB: 9ASCB

Gebal adwumfoɔ adadafoɔ tenaa wʼahyɛn musɛ dua dwumfoɔ a wɔtuatua ahyɛn no mu ntokuro.Ɛpo so ahyɛn ne wɔn hyɛn mufoɔ nyinaabaa wo nkyɛn ne wo bɛdii nsesadwa.

ASCB: 10ASCB

“ ‘Persia, Lidia ne Put mmarimasomeeɛ sɛ asraafoɔ wɔ wʼakodɔm mu.Wɔde wɔn akokyɛm ne dadeɛ ɛkyɛsensɛnee wʼafasuo ho,de hyɛɛ wo animuonyam.

ASCB: 11ASCB

Arwad ne Helek mmarimawɛnee wʼafasuo ho nyinaa.Gammad mmarimatenaa wʼaban atentene mu.Wɔde wɔn akokyɛm sensɛnee wʼafasuo homaa wʼahoɔfɛ dii mu.

ASCB: 12ASCB

“ ‘Wʼadwadideɛ a ɛmaa wo nyaa wo ho bebree enti, Tarsis ne wo dii edwa. Wɔde dwetɛ, dadeɛ, sanya ne sumpii sesaa wʼadwadideɛ.

ASCB: 13ASCB

“ ‘Helafoɔ, Tubalfoɔ ne Mesekfoɔ ne wo dii edwa. Wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼadetɔndeɛ.

ASCB: 14ASCB

“ ‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfunumu mma bɛsesaa wʼadwadideɛ.

ASCB: 15ASCB

“ ‘Roda mmarima ne wo dii edwa, na mpoano nkuro bebree yɛɛ wʼadetɔfoɔ a wɔde asonse ne duaboɔ nnua tuaa wo ka.

ASCB: 16ASCB

“ ‘Aram ne wo dii edwa ɛsiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum, deɛ wɔadi mu adwinneɛ, nwera pa, nnenkyenema ne bota bɛsesaa wʼadwadideɛ.

ASCB: 17ASCB

“ ‘Yuda ne Israel ne wo dii edwa; wɔde ayuo a ɛfiri Minit ne krakase, ɛwoɔ, ngo ne aneneduhwam sesaa wʼadwadideɛ.

ASCB: 18ASCB

“ ‘Damasko ne wo dii edwa wɔ nsã a ɛfiri Helbon ne nnwan ho nwi a ɛfiri Sahar mu, ɛsiane nneɛma a woyɛ ne wʼadwadideɛ a ama woanya wo ho bebree enti.

ASCB: 19ASCB

Danfoɔ ne Helafoɔ a wɔfiri Usal tɔɔ wʼadwadideɛ na wɔde dadeɛ a wɔaboro, bɛwewonua ne mmɛtire sesaa wʼadetɔndeɛ.

ASCB: 20ASCB

“ ‘Dedan de apɔnkɔ so adwatoma ne wo dii edwa.

ASCB: 21ASCB

“ ‘Arabfoɔ ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼadwadifoɔ a wɔde nnwammaa, nnwennini ne mpapo ne wo dii edwa.

ASCB: 22ASCB

“ ‘Seba ne Raama adwadifoɔ ne wo dii edwa; wɔde nnuhwam ahodoɔ a ɛte apɔ, aboɔdemmoɔ ne sikakɔkɔɔ ne wo bɛdii nsesadwa.

ASCB: 23ASCB

“ ‘Haran, Kane ne Eden, adwadifoɔ a wɔfiri Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii edwa.

ASCB: 24ASCB

Wo dwaaso hɔ, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ, ɔpɔwtam a ɛyɛ tuntum, adwinneɛ ahodoɔ ne ntiasoɔtoma a ɛwɔ ahosu ahodoɔ a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔɔpɔ na ayɛ ne wo bɛdii edwa.

ASCB: 25ASCB

“ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwumasɛ asoafoɔ ma wʼadwadideɛ.Adesoa duruduru ayɛ wo mawɔ ɛpo no mfimfini.

ASCB: 26ASCB

Wʼaharefoɔ no fa wode wo kɔ ɛpo so akyirikyirinanso apueeɛ ahum bɛbubu wo mu nketenketewɔ ɛpo no mfimfini.

ASCB: 27ASCB

Wʼahonya, adwadideɛ ne adetɔndeɛwʼahyɛn kwankyerɛfoɔ, wʼahyɛn mufoɔ newɔn a wɔtuatua wʼahyɛn mu ntokuro,wʼadwadifoɔ ne wʼasraafoɔ nyinaa,ne obiara a ɔwɔ ɛhyɛn no mubɛmem akɔ ɛpo ase tɔnnɛda a wo hyɛn no bɛbɔ.

ASCB: 28ASCB

Mpoano asase bɛwosoɛberɛ a wo hyɛn mufoɔ no reteateam.

ASCB: 29ASCB

Wɔn a wɔkurakura atabon no nyinaabɛgya wɔn ahyɛn hɔ;hyɛn akwankyerɛfoɔ ne hyɛn mufoɔ nyinaabɛgyinagyina mpoano.

ASCB: 30ASCB

Wɔbɛma wɔn ɛnne soasu osu yaaya ama wo;wɔbɛpete mfuturo agu wɔn tiri sona wɔayantanyantam nsõ mu.

ASCB: 31ASCB

Wo enti wɔbɛbobɔ tikwana wɔafirafira ayitoma.Wɔde ɔkra mu ahoyerane awerɛhoɔ a emu yɛ denbɛgyam wo.

ASCB: 32ASCB

Ɛberɛ a wɔretwa adwo redi awerɛhoɔ no,wɔbɛma kwadwom bi a ɛfa wo ho so sɛ:“Hwan na wama no atɔre mumute sɛ Tiro a ɛpo atwa ne ho ahyia yi?”

ASCB: 33ASCB

Ɛberɛ a wʼadwadideɛ kɔɔ ɛpo ahodoɔ so nowoboaa aman bebree;Wʼahonyadeɛ ne wʼadwadideɛmaa asase so ahemfo nyaa wɔn ho.

ASCB: 34ASCB

Afei ɛpo abubu wo mu nketenketewɔ nsuo no bunu muwʼadwadideɛ ne wʼadwumayɛfoɔ nyinaane wo amem kɔ nsuo ase.

ASCB: 35ASCB

Wɔn a wɔtete mpoano nyinaaho adwiri wɔn wɔ wo ho;ehu ma wɔn ahemfo ho popona wɔn anim sinsiam.

ASCB: 36ASCB

Aman no mu adwadifoɔ bɔ nsɔm gu wo sowoaba awieeɛ a ɛyɛ huna wɔrenhunu wo bio.’ ”