Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Hesekiel Nwoma 24

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Hesekiel Nwoma 24 Bible text

ASCB: 1ASCB

Afe a ɛtɔ so nkron no bosome a ɛtɔ so edu no dadu so, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

ASCB: 2ASCB

“Onipa ba, twerɛ saa ɛda yi, saa ɛda yi ara, ɛfiri sɛ Babiloniahene atua Yerusalem ɛnnɛ dua yi ara.

ASCB: 3ASCB

Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi, ka no wɔ abɛbuo mu kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:“ ‘Fa ɛsɛn no si ogya so; fa si sona hwie nsuo gu mu.

ASCB: 4ASCB

Fa nankum no gu mu,nankum a ɛyɛ akɔnnɔ no nyinaa, nnyawa ne abasa.Fa nnompe a ɛte apɔ hyɛ no ma;

ASCB: 5ASCB

fa nnwankuo no mu deɛ ɔdi mu.Fa nnyentia hyehyɛ aseɛ ma nnompe no;ma ɛnhuruna noa nnompe a ɛwɔ mu no.

ASCB: 6ASCB

“ ‘Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue,nnome nka ɛsɛn a awe nnaakye seesei,na deɛ ɛwɔ mu aka mu no!Yiyi nankum no mmaako mmaako firi mua wommɔ so ntonto.

ASCB: 7ASCB

“ ‘Mogya a ɔhwie guiɛ no wɔ ne mfimfini:ɔhwie guu ɔbotan wesee so;wanhwie angu fam,baabi a mfuturo bɛkata soɔ.

ASCB: 8ASCB

Sɛ ɛbɛhwanyan abufuhyeɛ ama aweretɔ entimede ne mogya guu ɔbotan wesee sosɛdeɛ ɛso renkata.

ASCB: 9ASCB

“ ‘Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue!Me nso mɛhyehyɛ nnyensin no akɔ sorosoro.

ASCB: 10ASCB

Enti hyehyɛ nnyensin nona sɔ ogya no.Noa ɛnam no yie,fa ahwanhwanneɛ fra mu;na ma nnompe no nhye.

ASCB: 11ASCB

Afei, fa ɛsɛn hunu si ogyasramma no sokɔsi sɛ ɛbɛdɔ na ayɛ kɔɔsɛdeɛ emu fi no bɛnanena deɛ ɛwɔ mu no bɛhye asɛeɛ.

ASCB: 12ASCB

Wama ɔbrɛ no nyinaa ayɛ kwa;emu fi dodoɔ no ankɔ,ogya mpo antumi annyi.

ASCB: 13ASCB

“ ‘Ɛfi a ɛwɔ wo mu no ne aniwudeyɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhohoro wo ho, nanso woamma ho ɛkwan, wo ho remfi bio kɔsi sɛ mʼabufuhyeɛ a ɛtia woɔ no ano bɛdwo.

ASCB: 14ASCB

“ ‘Me Awurade na maka. Ɛberɛ aso sɛ meyɛ biribi. Merentwentwɛn so; merennya ahummɔborɔ, na merenwogo me ho. Wɔbɛgyina wo suban ne wo nneyɛɛ so abu wo atɛn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”

ASCB: 15ASCB

Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

ASCB: 16ASCB

“Onipa ba, merebɛbɔ wo fua na mafa adeɛ a wʼani gye ho yie. Nanso ɛntwa adwo, ɛnni awerɛhoɔ na ɛnnte nisuo.

ASCB: 17ASCB

Si apinie komm; ɛnni owufoɔ ho awerɛhoɔ. Ma wʼabotiten mmɔ wo na hyɛ wo mpaboa; nkata wʼano na ɛnni amanneɛ aduane a wɔn a wɔdi awerɛhoɔ di.”

ASCB: 18ASCB

Enti mekasa kyerɛɛ nnipa no anɔpa, na nʼanwummerɛ na me yere wuiɛ. Adeɛ kyeeɛ no, meyɛɛ sɛdeɛ wɔahyɛ me no.

ASCB: 19ASCB

Afei nnipa no bisaa me sɛ, “Worenkyerɛ yɛn deɛ ade a woreyɛ yi bɛyɛ wɔn yɛn ho?”

ASCB: 20ASCB

Enti meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

ASCB: 21ASCB

Ka kyerɛ Israel efie sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛgu me kronkronbea ho fi; mo banbɔ denden a mode hoahoa mo ho, deɛ mo ani gye ho, adeɛ a mo akoma da so. Mmammarima ne mmammaa a mogyaa wɔn akyi no bɛtotɔ wɔ akofena ano.

ASCB: 22ASCB

Na mobɛyɛ sɛdeɛ mayɛ yi: morenkata mo ano na morenni amanneɛ aduane a wɔn a wɔdi awerɛhoɔ di.

ASCB: 23ASCB

Mobɛkɔ so abɔ mo abɔtiten ahyɛ mo mpaboa. Morenni awerɛhoɔ na morensu, mmom mo so bɛte ɛsiane mo bɔne enti, na mobɛsisi apinie wɔ mo mu.

ASCB: 24ASCB

Hesekiel bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama mo. Mobɛyɛ sɛdeɛ woayɛ no pɛpɛɛpɛ. Na yei si a na mobɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.’

ASCB: 25ASCB

“Na wo, onipa ba, ɛda a mɛfa wɔn aban denden, wɔn ahosɛpɛ ne animuonyam, adeɛ a wɔn ani gye ho, wɔn akoma so adeɛ, ne wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nso no,

ASCB: 26ASCB

saa ɛda no otutenani bi na ɔbɛba abɛka deɛ asi akyerɛ wo.

ASCB: 27ASCB

Saa ɛberɛ no, wʼano bɛbue, wo ne no bɛkasa na worennyɛ komm bio. Wobɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama wɔn, na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”