Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Hesekiel Nwoma 21

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Hesekiel Nwoma 21 Bible text

ASCB: 1ASCB

Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

ASCB: 2ASCB

“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Yerusalem na kasa tia kronkronbea no. Hyɛ nkɔm tia Israel asase

ASCB: 3ASCB

na ka kyerɛ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Me ne wo anya. Mɛtwe mʼakofena afiri ne bɔha mu de ayi ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ afiri mo mu.

ASCB: 4ASCB

Esiane sɛ merebɛyi ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ afiri mo mu enti, mʼakofena bɛfiri ne bɔha mu atia obiara, firi anafoɔ fam kɔsi atifi fam.

ASCB: 5ASCB

Afei nnipa nyinaa bɛhunu sɛ me Awurade, matwe mʼakofena afiri ne bɔha mu na ɛrensane bio.’

ASCB: 6ASCB

“Enti si apinie, onipa ba! Fa akoma a abubuo ne awerɛhoɔ a ano yɛ den si apinie wɔ wɔn anim.

ASCB: 7ASCB

Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Adɛn enti na woresi apinie a?’ Wobɛka sɛ, ‘Ɛyɛ asɛm a ɛreba no enti. Akoma biara bɛboto na nsa biara mu agogo, honhom biara bɛtɔ baha na kotodwe biara bɛpopo.’ Ɛreba, ɛkwan biara soɔ ɛbɛba, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”

ASCB: 8ASCB

Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,

ASCB: 9ASCB

“Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ:“ ‘Akofena bi, akofena bi,wɔase ano, atwi ho,

ASCB: 10ASCB

wɔase ano ama akumkumakumkum no,wɔatwi ho ama ɛtwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam!“ ‘Ɛsɛ sɛ yɛsɛpɛ yɛn ho wɔ me babarima Yuda ahempoma ho anaa? Akofena no mfa poma biara a ɛte saa no nyɛ hwee.

ASCB: 11ASCB

“ ‘Wɔayi akofena no asi hɔ sɛ wɔntwitwi ho,sɛ wɔmfa nsa nkura mu;wɔase ano, atwi ho,ayɛ no krado ama okumfoɔ no.

ASCB: 12ASCB

Su na twa adwo, onipa ba,ɛfiri sɛ ɛtia me nkurɔfoɔ;ɛtia Israel mmapɔmma nyinaa.Wɔagyaa wɔn ama akofena noaka me nkurɔfoɔ ho.Enti fa wo nsa gu wo tiri so.

ASCB: 13ASCB

“ ‘Sɔhwɛ bɛba ampa ara. Na sɛ Yuda ahempoma a akofena no mfa no nyɛ hwee no nni hɔ a, ɛdeɛn na wɔbɛyɛ? Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’

ASCB: 14ASCB

“Enti onipa ba, hyɛ nkɔmna bɔ wo nsam.Ma akofena no ntwitwa mprenumpo mprɛnsa.Ɛyɛ akumakunkum akofena,akumakunkum kɛseɛ no akofena,a ɛba wɔn so firi afanan nyinaa.

ASCB: 15ASCB

Ɛbɛma akoma nyinaa abotona atɔfoɔ adɔɔso,mede akunkumakunkum akofena no asisiwɔn apono nyinaa ano.Ao! Wɔayɛ no sɛ ɛntwa yerɛ yerɛ sɛ anyinamwɔaso mu ama akumkumakumkum.

ASCB: 16ASCB

Ao akofena, twa kɔ nifa,na twa kɔ benkum,deɛ wo dadeɛ bɛfa biara.

ASCB: 17ASCB

Me nso, mɛbɔ me nsam,na mʼabufuhyeɛ ano bɛdwoMe Awurade na makasa no.”

ASCB: 18ASCB

Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

ASCB: 19ASCB

“Onipa ba, bɔ akwan mmienu ma Babiloniahene akofena no mfa so, na ne mmienu mfiri aseɛ wɔ amantam korɔ mu. Fa akyerɛkyerɛkwan si nkwanta a ɛmane kɔ kuropɔn no mu.

ASCB: 20ASCB

Bɔ ɛkwan baako a akofena no bɛfa soɔ akɔtia Amonfoɔ Raba ne baako nso a ɛbɛtia Yuda ne Yerusalem a wɔabɔ ho ban no.

ASCB: 21ASCB

Na Babiloniahene bɛgyina akwan mmienu no nkwanta so ahwehwɛ nkɔmhyɛ. Ɔde agyan bɛbɔ ntonto, akɔ abisa wɔ nʼahoni nkyɛn, na wahwɛ brɛboɔ mu.

ASCB: 22ASCB

Ne nsa nifa mu na ntonto a ɛbɛbɔ Yerusalem no bɛkɔ, na ɛhɔ na wɔbɛhyehyɛ obubuadaban nnua de ama okum kɛseɛ no. Afei wɔde osebɔ bɛpagya obubuadaban nnua no apempem apono no. Wɔbɛyɛ epie na wasisi pampim.

ASCB: 23ASCB

Ɛbɛyɛ sɛ nkɔntorɔ ama wɔn a wɔ ne no ayɛ apam, nanso ɔbɛkaakae wɔn afɔdie na wafa wɔn nnommum.

ASCB: 24ASCB

“Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ mo saa nkurɔfoɔ yi nam mo atuateɛ so akae me mo afɔdie, de ada mo bɔne a moyɛ nyinaa adi enti, wɔbɛfa mo nnommum.

ASCB: 25ASCB

“ ‘Wo, Israel heneba otirimuɔdenfoɔ a wo ɛda aduru. Wo a wo asotwe berɛ aduru ne mpɔnpɔnsoɔ,

ASCB: 26ASCB

yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Tu abɔtiten no, yi ahenkyɛ no. Ɛrenyɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no: Wɔbɛpagya deɛ abrɛ ase, na deɛ ama ne ho so nso, wɔabrɛ no ase.

ASCB: 27ASCB

Ɔsɛeɛ! Ɔsɛeɛ! Mɛsɛe no! Ahennie no rensi ne dada mu bio kɔsi sɛ deɛ ɛyɛ ne dea no bɛba. Ɔno na mede bɛma no.’

ASCB: 28ASCB

“Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka fa Amonfoɔ ne wɔn ahohorabɔ ho:“ ‘Akofena bi, akofena bi,wɔatwe ama akunkumakunkum,wɔatwi ho sɛ ɛnni namna ɛpa yerɛ yerɛ sɛ anyinam!

ASCB: 29ASCB

Atorɔ anisoadehunune nkontompo nkonyaa a ɛfa wo ho akyi nowɔde bɛto wɔn kɔn muamumuyɛfoɔ a ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn nowɔn a wɔn ɛda no aduru soɔ,ne wɔn a wɔn asotwe berɛ noaduru ne mponponsoɔ no.

ASCB: 30ASCB

“ ‘Sane fa akofena no hyɛ ne bɔha muwɔ faako a wɔbɔɔ woɔ hɔwɔ wo nananom asase so,mɛbu wo atɛn.

ASCB: 31ASCB

Mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo sona mahome mʼabufuo a ɛyɛ hu atia wo;Mede wo bɛhyɛ mmarima atirimuɔdenfoɔ nsa,wɔn a wɔwɔ adesɛeɛ ho nyansa.

ASCB: 32ASCB

Wobɛyɛ nnyensin ama ogya,wɔbɛka wo mogya agu wɔ wʼasase so,na wɔrenkae wo bio;me Awurade na makasa.’ ”