Scripture
Odiyifoɔ Hesekiel Nwoma 19
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Hesekiel Nwoma 19 Bible text
na monka sɛ:“ ‘Na wo maame yɛ gyatabereɛ mu soronkowɔ agyata mu!Ɔdaa gyataburuwa muyɛnee ne mma.
Ɔyɛn ne mma no mu baakoma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfoɔ.Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu,na ɔwee nnipa nam.
“ ‘Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ nʼanidasoɔ anyɛ hɔ,na deɛ ɔrehwɛ anim ayera no,ɔfaa ne ba foforɔyɛɛ no gyata ɔhoɔdenfoɔ.
Ɔkyinkyinii agyata no muɛfiri sɛ na wayɛ gyata hoɔdenfoɔ.Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa muna ɔwee nnipa nam.
Ɔbubuu wɔn abandendenna ɔsɛee wɔn nkuro.Asase no ne wɔn a wɔte so nyinaa no,ne mmobomu bɔɔ wɔn hu.
Afei amanaman no sɔre tiaa no,wɔn a wɔfiri nsase a atwa ahyia no so.Wɔguu no asau kyeree nowɔ wɔn amena mu.
Wɔde nnarewa twee no kɔhyɛɛ ebuo muna wɔde no brɛɛ Babilonia ɔhene.Wɔde no too nneduafie,na wɔante ne mmobomu no biowɔ Israel mmepɔ no so.
“ ‘Na wo maame te sɛ bobeduaa wɔtɛɛ no nsuo ho wɔ wo bobeturo mu.Na ɛso aba, na ɛyiyii mmannsuo a ɔnya no bebree no enti.
Ne mman yɛɛ den yieɛdi mu sɛ wɔde yɛ ahemfo ahempoma.Ɛkorɔn, bunkam faa nhahan a ayɛ kuhaa no so,ne sorokɔ ne ne mman bebree nomaa no yɛɛ sononko.
Nanso wɔde abufuhyeɛ tuu nʼasede no hwee fam.Apueeɛ mframa maa no kasaeɛ,ɛso aba tete guiɛ;na ne mman a ɛwɔ ahoɔden no twintwameeɛna ogya hyeeɛ.
Ogya trɛ firii ne mman baako sona ɛhyee nʼaba.Anka mman a ɛwɔ ahoɔden baako mpo wɔ sodeɛ wɔde yɛ ahemfo ahempoma ma ɛyɛ yie no.’Yei yɛ kwadwom, na ma wɔnto no saa ara.”