Skip to main content

Scripture

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Mmienu (Ɛksodɔs) 6

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Mmienu (Ɛksodɔs) 6 Bible text

ASCB: 1ASCB

Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wobɛhunu deɛ mede bɛyɛ Farao. Menam me tumi so bɛhyɛ no na wama me nkurɔfoɔ no akɔ. Nokorɛm, mɛhyɛ no ama wapam wɔn afiri asase no so.”

ASCB: 2ASCB

Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mene Awurade no.

ASCB: 3ASCB

Meyii me ho adi kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn tumfoɔ. Nanso, mammɔ me din sɛ Awurade no ankyerɛ wɔn.

ASCB: 4ASCB

Na me ne wɔn hyehyɛɛ apam sɛ mede Kanaan asase a na tete no wɔte so sɛ ahɔhoɔ no bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ.

ASCB: 5ASCB

Afei, mate Israelfoɔ apinisie ne nya a Misraimfoɔ di wɔn no nyinaa na makae me ne wɔn apam no.

ASCB: 6ASCB

“Enti, ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Me, Awurade, menam me tumi so bɛyɛ anwanwadeɛ de ayi wɔn afiri nkoasom mu ama wɔade wɔn ho.

ASCB: 7ASCB

Mɛgye wɔn atom sɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ wɔn Onyankopɔn. Na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn a wagye wɔn afiri Misraimfoɔ nsam no.

ASCB: 8ASCB

Mede wɔn bɛba asase a mehyɛɛ bɔ sɛ mede bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so. Saa asase no bɛyɛ mo agyapadeɛ. Mene Awurade no.’ ”

ASCB: 9ASCB

Enti, Mose kaa asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no, nanso wɔantie, ɛsiane abasamutuo a ɛfiri ɔhyɛ ntrasoɔ enti.

ASCB: 10ASCB

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

ASCB: 11ASCB

“Sane kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔnkɔ.”

ASCB: 12ASCB

Nanso, Mose kaa sɛ, “Dabi, afei deɛ, me ara me nkurɔfoɔ no rentie asɛm a mɛka biara bio. Na mʼano nso nteeɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na matumi akasa ama atɔ Farao asom?”

ASCB: 13ASCB

Afei, Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnsane nkɔ Israelfoɔ no ne Farao a ɔyɛ Misraimfoɔ ɔhene no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔmfiri Misraim asase so nkɔ.

ASCB: 14ASCB

Nnipa a na wɔtuatua Israel mmusuakuo no ano no edin na ɛdidi so yi:Ruben a ɔyɛ Israel abakan mmammarima yɛ:Hanok, Palu, Hesron, Karmi.Yeinom na wɔwoo Ruben asefoɔ.

ASCB: 15ASCB

Simeon mmammarima:Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a na ne maame yɛ Kanaanni.Yeinom na wɔwoo Simeon asefoɔ.

ASCB: 16ASCB

Lewi mmammarima:Gerson, Kohat, Merari.(Lewi dii mfeɛ ɔha aduasa nson.)

ASCB: 17ASCB

Gerson mmammarima:Libni, Simei a wɔyɛ mmusua ti.

ASCB: 18ASCB

Kohat mmammarima:Amram, Ishar, Hebron, Usiel.(Kohat dii mfeɛ ɔha aduasa mmiɛnsa.)

ASCB: 19ASCB

Merari mmammarima:Mahli, Musi.Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn edin mpanin mu no no yɛ Lewi abusuafoɔ.

ASCB: 20ASCB

Amram waree nʼagya nuabaa Yokebed na wɔwoo Mose ne Aaron.(Amram dii mfeɛ ɔha aduasa nson.)

ASCB: 21ASCB

Ishar mmammarima:Kora, Nefeg, Sikri.

ASCB: 22ASCB

Usiel mmammarima:Misael, Elsafan, Sitri.

ASCB: 23ASCB

Aaron waree Aminadab babaa Elisaba a ɔyɛ Nahson nuabaa Wɔn mma edin nie: Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.

ASCB: 24ASCB

Kora mmammarima:Asir, Elkana, Abiasaf.Yeinom ne Kora asefoɔ.

ASCB: 25ASCB

Aaron babarima Eleasa waree Putiel mmammaa no baako. Na Pinehas yɛ wɔn mma no mu baako.Nnipa a wɔabobɔ wɔn edin yi ne wɔn a na wɔtuatua Lewifoɔ mmusuakuo no ano.

ASCB: 26ASCB

Saa Aaron ne Mose yi ara na Awurade ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔyi Israelfoɔ nyinaa mfiri Misraim asase so” no.

ASCB: 27ASCB

Na wɔn na wɔkɔɔ Farao hɔ kɔsrɛɛ no ɛkwan sɛ ɔmma wɔnni Israelfoɔ no anim nyi wɔn mfiri asase no so.

ASCB: 28ASCB

Ɛda a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Misraim asase so no,

ASCB: 29ASCB

ɔkaa sɛ, “Mene Awurade no. Ka asɛm biara a mereka yi kyerɛ Farao a ɔyɛ Misraim ɔhempɔn no.”

ASCB: 30ASCB

Na Mose ka kyerɛɛ Awurade bio sɛ “Mʼano nteeɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na asɛm a mɛka no bɛtɔ Farao asom ama watie me?”