Scripture
Mose Nwoma A Ɛtɔ So Mmienu (Ɛksodɔs) 15
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Mose Nwoma A Ɛtɔ So Mmienu (Ɛksodɔs) 15 Bible text
Afei, Mose ne Israelfoɔ too saa dwom yi de kamfoo Awurade:“Mɛto dwom mama Awurade, ɛfiri sɛ,wadi nkonim animuonyam mu;Wato ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ noagu ɛpo mu.
“Awurade yɛ mʼahoɔden, me dwomne me nkwagyeɛ.Ɔyɛ me Onyankopɔn, na mɛkamfo no.Ɔyɛ mʼagya Onyankopɔn—Mɛma no so.
Farao nteaseɛnam ne nʼakodɔm, wato wɔn aguAma wɔamem Ɛpo Kɔkɔɔ mu.Misraim akofoɔ atitireawuwu asorɔkye ase.
Wo nsa nifa, Ao, Awurade,tumi ne animuonyam ahyɛ no ma.Wo nsa nifa, Ao, Awurade,atete atamfoɔ mu pasaa.
“Wo tumi kɛseɛ no mu,wotuu wɔn a wɔtia wo no guiɛ.Womaa wʼabufuhyeɛbɛhyee wɔn sɛ ogya hye ɛserɛ.
Ɔtamfoɔ de ahomasoɔ kaeɛ sɛ,‘Mɛtaa wɔn, mɛto wɔn, asɛe wɔn.Na makyɛ afodeɛ no mu.Mɛtwe mʼakofena wɔ wɔn soatwitwa wɔn asinasini.’
Hwan na ɔte sɛ Awurade wɔ anyame mu?Hwan na ɔte sɛ wo?Ɔberempɔn wɔ kronkronyɛ mu;deɛ yɛde surokronkron ma nʼanimuonyam,na ɔyɛ anwanwadeɛyɛfoɔ Onyankopɔn.
Woadi nnipa a wogyee wɔn no anim,wʼayamyɛ mu.Wonam anwanwakwan so adi wɔn animde wɔn aba wʼasase kronkron no so.
Edom mpanimfoɔ ho adwiri wɔn.Atumfoɔ a wɔwɔ Moab ho woso.Na nnipa a wɔwɔ Kanaan nyinaa abɔ huboa.
Ehu ne suro afa wɔn so.Ao, Awurade, wo tumi enti,wɔremma yɛn so!Wo nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔnbɛtwa wɔn ho asomdwoeɛ mu.
Wode wɔn bɛba abɛdua wɔnwɔ wo bepɔ so,wo ara wo efie hɔ, Awurade—Kronkronbea a woasiesie sɛ wo tenabea no.
Farao apɔnkɔ, nʼapɔnkɔkafoɔ ne ne nteaseɛnam pɛɛ sɛ wɔfa ɛpo no mu; nanso, Awurade buu nsuo afasuo no guu wɔn so ɛberɛ a na Israelfoɔ no nam mu sɛ asase wesee no.
Ɛhɔ na Odiyifoɔ baa Miriam a ɔyɛ Aaron nuabaa faa twene bi bɔ de dii mmaa no anim ma wɔsaeɛ.
Ɛnna Miriam too saa dwom yi:“Monto dwom mma Awuradena wadi nkonim animuonyam mu.Wama ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔamem ɛpo ase.”
Afei, Mose dii Israelfoɔ no anim ne wɔn tu firii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur ɛserɛ so. Na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa a wɔannya nsuo annom.
Wɔduruu Mara no, wɔantumi annom ɛhɔ nsuo, ɛfiri sɛ, na ɛyɛ nwono. Ɛno enti na wɔfrɛ hɔ Mara no; aseɛ ne: Nwononwono.
Mose srɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn, na Awurade kyerɛɛ no dua bi. Na ɔtoo dubaa no too nsuo no mu, na ɛyɛɛ dɛ maa wɔtumi nomeeɛ.Mara hɔ na Awurade hyɛɛ saa mmara yi maa wɔn sɛ,
“Sɛ mobɛtie Awurade mo Onyankopɔn nne, na moayɛ ɔsetie, ayɛ ade tenenee deɛ a, yadeɛ a mema ɛbɔɔ Misraimfoɔ no, meremma bi mmɔ mo, ɛfiri sɛ, mene Awurade a mesa mo nyarewa.”
Wɔbaa Elim a ɛhɔ na na nsubura dumienu ne mmɛdua aduɔson wɔ enti, wɔsisii wɔn ntomadan, tenaa nsubura no ho.