Skip to main content

Scripture

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Enum (Deuteronomium) 27

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Enum (Deuteronomium) 27 Bible text

ASCB: 1ASCB

Mose ne Israel mpanimfoɔ hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monni mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi nyinaa so.

ASCB: 2ASCB

Sɛ motwa Yordan kɔduru asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no so a, monhyehyɛ aboɔ akɛseɛ na momfa akaadoo nsra ho.

ASCB: 3ASCB

Sɛ motwa Yordan kɔ asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no so, asase a ɛwoɔ ne nufosuo resene so no so a, montwerɛ mmara no nyinaa ngu so sɛdeɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, hyɛɛ mo bɔ no.

ASCB: 4ASCB

Na sɛ motwa Yordan a, monhyehyɛ aboɔ no wɔ Ebal bepɔ so sɛdeɛ merehyɛ mo ɛnnɛ yi na momfa akaadoo no mfa ho.

ASCB: 5ASCB

Monsi afɔrebukyia, aboɔ afɔrebukyia wɔ hɔ mma Awurade, mo Onyankopɔn. Mommfa dadeɛ biribiara nka.

ASCB: 6ASCB

Momfa aboɔ nkunkuma nsi Awurade, mo Onyankopɔn afɔrebukyia no na mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so mma Awurade, mo Onyankopɔn.

ASCB: 7ASCB

Mommɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ nso wɔ so na momfa anigyeɛ nnidi wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim.

ASCB: 8ASCB

Montwerɛ mmara no mu nhyehyɛeɛ nyinaa pɛpɛɛpɛ ngu aboɔ a wɔde akaadoo aka so no so.”

ASCB: 9ASCB

Afei, Mose ne Lewifoɔ asɔfoɔ kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Ao Israel, monyɛ komm na montie! Ɛnnɛ, moabɛyɛ Awurade, mo Onyankopɔn manfoɔ.

ASCB: 10ASCB

Monyɛ ɔsetie mma Awurade, mo Onyankopɔn, na monni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ a mede rema mo ɛnnɛ yi so.”

ASCB: 11ASCB

Saa ɛda no ara, Mose hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ,

ASCB: 12ASCB

Sɛ motwa Asubɔnten Yordan a, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin mmusuakuo na wɔnnyina Gerisim bepɔ so nhyira ɔman no.

ASCB: 13ASCB

Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali mmusuakuo nso nnyina Ebal bepɔ so nnome.

ASCB: 14ASCB

Na afei, Lewifoɔ nteam ngu nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa so sɛ:

ASCB: 15ASCB

“Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene anaa deɛ wɔagu de ahyɛ kɔkoam. Saa ahoni adwumfoɔ nsaano nnwuma yi yɛ Awurade akyiwadeɛ.”Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

ASCB: 16ASCB

“Nnome nka obiara a ɔbɛbu nʼagya anaa ne maame animtia.”Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

ASCB: 17ASCB

“Nnome nka obiara a ɔsesa hyeɛ nam so bɔ ne yɔnko korɔno.”Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

ASCB: 18ASCB

“Nnome nka obiara a ɔma onifirani fom ɛkwan.”Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

ASCB: 19ASCB

“Nnome nka obiara a ɔsisi ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ.”Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

ASCB: 20ASCB

“Nnome nka obiara a ɔne nʼagya yere bɛda, ɛfiri sɛ, wagu nʼagya mpa ho fi.”Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

ASCB: 21ASCB

“Nnome nka obiara a ɔne aboa bɛda.”Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

ASCB: 22ASCB

“Nnome nka obiara a ɔne ne nuabaa bɛda, sɛ ɔyɛ nʼagya babaa anaa ne maame babaa.”Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

ASCB: 23ASCB

“Nnome nka obiara a ɔne nʼase baa bɛda.”Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

ASCB: 24ASCB

“Nnome nka obiara a ɔbɛkum ɔfoforɔ wɔ kɔkoam.”Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

ASCB: 25ASCB

“Nnome nka obiara a ɔgye apaabɔdeɛ na ɔkum onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara.”Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

ASCB: 26ASCB

“Nnome nka obiara a wanni mmaransɛm yi so na wannye anto mu.”Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”