Skip to main content

Scripture

Asomafoɔ No Nnwuma 2

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Asomafoɔ No Nnwuma 2 Bible text

ASCB: 1ASCB

Pentekoste da no duruiɛ no, na asuafoɔ no nyinaa ahyia wɔ faako.

ASCB: 2ASCB

Amonom hɔ ara, ɛnne bi te sɛ ahum a ɛretu firi ɔsoro baeɛ bɛhyɛɛ efie a na wɔwɔ mu no ma.

ASCB: 3ASCB

Egya a ɛrederɛ a ɛte sɛ tɛkrɛma bɛsisii wɔn so mmaako mmaako.

ASCB: 4ASCB

Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔkaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn ho kwan.

ASCB: 5ASCB

Saa ɛberɛ no na Yudafoɔ bi a wɔfɛre Onyame firi mmeaeɛ mmeaeɛ aba Yerusalem.

ASCB: 6ASCB

Wɔtee deɛ ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ twi bɛhyiaeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa ne ahodwirie, ɛfiri sɛ, obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa.

ASCB: 7ASCB

Enti, wɔbisaa sɛ, “Na saa nnipa yi a wɔrekasa yi nyɛ Galileafoɔ anaa?

ASCB: 8ASCB

Na adɛn enti na yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn anwanwadwuma ho asɛm wɔ yɛn a yɛyɛ

ASCB: 9ASCB

Partifoɔ, Mediafoɔ ne Elamfoɔ, ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto, Asia,

ASCB: 10ASCB

Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛbɛn Kirene ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔasakyera aba Yudasom mu,

ASCB: 11ASCB

ne Kretafoɔ ne Arabfoɔ mu biara kasa mu yi?”

ASCB: 12ASCB

Wɔde ahodwirie bisaa sɛ, “Yei ase ne sɛn?”

ASCB: 13ASCB

Afoforɔ nso dii wɔn ho fɛ sɛ, “Saa nnipa yi aboboro nsã.”

ASCB: 14ASCB

Petro ne asomafoɔ dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa dendeenden kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Me nuanom Yudafoɔ ne mo a mote Yerusalem nyinaa, montie asɛm a mereka yi.

ASCB: 15ASCB

Saa nnipa yi mmoboroo nsã sɛdeɛ mosusu no, ɛfiri sɛ, adeɛ nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsã boro.

ASCB: 16ASCB

Asɛm a asi yi na odiyifoɔ Yoɛl hyɛɛ ho nkɔm sɛ:

ASCB: 17ASCB

“ ‘Onyankopɔn kaa sɛ, nna a ɛdi akyire no,mɛhwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so.Mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm,mo mmeranteɛ nso ahunu anisoadeɛ.Na mo mpanin nso asoso adaeɛ.

ASCB: 18ASCB

Saa mmerɛ no mu no,mɛhwie me Honhom agu mʼasomfoɔ mpo so,mmarima ne mmaa, ama wɔahyɛ nkɔm.

ASCB: 19ASCB

Mede mogya ne ogya ne wisie kumɔnnbɛyɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛwɔ ɔsoro ne asase so.

ASCB: 20ASCB

Ansa na Awurade da kɛseɛ no bɛba no,owia bɛduru sumna ɔsrane nso ayɛ sɛ mogya.

ASCB: 21ASCB

Na obiara a ɔbɛbɔAwurade din no bɛnya nkwa.’

ASCB: 22ASCB

“Israelfoɔ, montie! Yesu Nasareni no yɛ ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a ɔbɛdiiɛ no daa adi wɔ tumi ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a Onyankopɔn nam ne so yɛeɛ a mo ankasa di ho adanseɛ no mu.

ASCB: 23ASCB

Onyankopɔn ankasa firi ne pɛ ne ne nhunumu mu sii no gyinaeɛ sɛ wɔbɛyi Yesu ama mo, na mode no maa nnebɔneyɛfoɔ ma wɔbɔɔ no asɛnnua mu kumm no.

ASCB: 24ASCB

Nanso, Onyankopɔn nyanee no firii owuo mu maa ɔyii no firii owuyea mu, ɛfiri sɛ, owuo antumi anni ne so.”

ASCB: 25ASCB

Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ,“Mehunu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa.Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa enti,merenhinhim da.

ASCB: 26ASCB

Ɛno enti, me kra ani gye, na me de me tɛkrɛma di ahurisie.Me onipadua nso bɛhome asomdwoeɛ mu.

ASCB: 27ASCB

Ɛfiri sɛ, worennya me awufoɔ mu.Na woremma wo Kronkronni no mporɔ.

ASCB: 28ASCB

Woakyerɛ me nkwagyeɛ ɛkwan;na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim.

ASCB: 29ASCB

“Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panin Dawid ho. Ɔwuiɛ na wɔsiee no, na ne damena da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.

ASCB: 30ASCB

Na ɔyɛ odiyifoɔ a ɔnim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ bi sɛ ɔbɛyɛ Dawid aseni ɔhene, sɛdeɛ Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ.

ASCB: 31ASCB

Dawid hunuu deɛ Onyankopɔn rebɛyɛ no, ɔkasa faa owusɔreɛ a ɛfa Agyenkwa no ho sɛ, ‘Wɔannya no awufoɔ mu. Ne honam nso amporɔ.’

ASCB: 32ASCB

Onyankopɔn anyane saa Yesu yi afiri owuo mu, na yɛn nyinaa yɛ saa asɛm yi ho adansefoɔ.

ASCB: 33ASCB

Wɔahyɛ no animuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ɛho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so a ɛho nsɛnkyerɛnneɛ na mohunu na mote yi.

ASCB: 34ASCB

Dawid ankasa de, wankɔ ɔsoro, na mmom, ɔkaa sɛ,“ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ,“Tena me nsa nifa so ha,

ASCB: 35ASCB

kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔbɛyɛ wo nan ntiasoɔ.” ’

ASCB: 36ASCB

“Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hunu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asɛnnua mu.”

ASCB: 37ASCB

Ɛberɛ a nnipa no tee saa asɛm yi no, ɛhaa wɔn yie. Enti, wɔbisaa Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ, “Anuanom, ɛdeɛn na yɛnyɛ?”

ASCB: 38ASCB

Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnu mo ho na wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no.

ASCB: 39ASCB

Onyankopɔn hyɛɛ Honhom Kronkron yi ho bɔ maa mo ne mo mma ne wɔn a wɔtete akyirikyiri ne wɔn a Awurade, yɛn Onyankopɔn, bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa.”

ASCB: 40ASCB

Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnye mo ho mfiri asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfoɔ yi so no mu.”

ASCB: 41ASCB

Wɔn mu dodoɔ no ara gyee asɛm no diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ɛda no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa agyidifoɔ no ho.

ASCB: 42ASCB

Daa na wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa sua asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpaeɛ.

ASCB: 43ASCB

Asomafoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree maa obiara a ɔhunuiɛ no ho dwirii no.

ASCB: 44ASCB

Agyidifoɔ no nyinaa kɔɔ so tenaa ase sɛ nnipa korɔ, na wɔkyekyɛɛ wɔn ahodeɛ mu momaa wɔn ho wɔn ho.

ASCB: 45ASCB

Wɔtɔn wɔn ahodeɛ kyekyɛɛ sika a wɔnya firii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛdeɛ ɛho hia obiara.

ASCB: 46ASCB

Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigyeɛ ne akoma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afie mu, kamfo Onyankopɔn, nya animuonyam wɔ nnipa anim.

ASCB: 47ASCB

Ɛda biara na Awurade de wɔn a ɔgye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho.