Skip to main content

Scripture

Samuel Nwoma A Ɛdi Ɛkan 7

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Samuel Nwoma A Ɛdi Ɛkan 7 Bible text

ASCB: 1ASCB

Enti, Kiriat-Yearimfoɔ bɛgyee Awurade Apam Adaka no. Wɔde kɔɔ Abinadab efie a ɛda bepɔ nkyɛn baabi. Ɛhɔ na wɔdwiraa ne babarima Eleasa sɛ ɔnhwɛ so.

ASCB: 2ASCB

Apam Adaka no kyɛree yie wɔ Kiriat-Yearim. Ɛdii mfirinhyia aduonu wɔ hɔ. Saa ɛberɛ no Israel nyinaa twaa agyaadwoɔ, ɛfiri sɛ na ayɛ sɛ Awurade agya wɔn.

ASCB: 3ASCB

Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ, “Sɛ mode mo akoma nyinaa resane akɔ Awurade nkyɛn deɛ a, ɛnneɛ, montwe mo ho mfiri ananafoɔ anyame ne Astoret ahoni ho. Monsi mo adwene pi sɛ mobɛyɛ ɔsetie ama Awurade, na monsom ɔno nko, na ɔbɛgye mo afiri Filistifoɔ nsam.”

ASCB: 4ASCB

Enti, Israelfoɔ no too Baalim ne Astoret guiɛ, somm Awurade nko.

ASCB: 5ASCB

Afei, Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ, “Mo nyinaa mommra Mispa, na memmɔ Awurade mpaeɛ mma mo.”

ASCB: 6ASCB

Enti, wɔboaa wɔn ho ano wɔ hɔ. Na wɔn nyankomadeɛ mu no, wɔsaa nsuo firi abura bi mu, na wɔhwie guu Awurade anim. Wɔdii abuada ɛda no, na wɔkaa nokorɛ sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Enti, Mispa hɔ na Samuel bɛyɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ.

ASCB: 7ASCB

Ɛberɛ a Filistifoɔ sodifoɔ no tee sɛ Israel nyinaa aboa wɔn ho ano wɔ Mispa no, wɔboaboaa wɔn akodɔm ano, tu teneeɛ. Na Israelfoɔ no tee sɛ Filistifoɔ no rebɛn wɔn no, wɔn akoma tuu yie.

ASCB: 8ASCB

Wɔdwane toaa Samuel sɛ, “Srɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, na ɔnnye yɛn mfiri Filistifoɔ nsam.”

ASCB: 9ASCB

Enti, Samuel faa odwan ba a ɔnyiniiɛ de ne mua no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Ɔsrɛɛ Awurade maa Israelfoɔ, na Awurade tieeɛ.

ASCB: 10ASCB

Ɛberɛ a Samuel gu so rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, Filistifoɔ no baa sɛ wɔrebɛko. Nanso, Awurade de aprannaa nne a emu yɛ duru yie kasa firi soro, maa basabasayɛ sii Filistifoɔ no mu, maa Israelfoɔ no dii wɔn so nkonim.

ASCB: 11ASCB

Israel mmarima pamoo wɔn firi Mispa, kɔsii Bet-Kar, kunkumm wɔn guu ɛkwan so.

ASCB: 12ASCB

Ɛnna Samuel faa ɔboɔ kɛseɛ bi de sii Mispa ne Sen ntam. Na ɔtoo no edin Ebeneser a aseɛ ne “Ɔboa boɔ” na ɔkaa sɛ, “Ɛha na Awurade aboa yɛn abɛsi!”

ASCB: 13ASCB

Enti, wɔdii Filistifoɔ no so, na wɔantumi ammɛgye Israelfoɔ nsase amfa wɔ ɛberɛ tenten bi mu. Na Samuel nkwa nna mu nyinaa, Awurade nsa a ɛyɛ den no tiaa Filistifoɔ.

ASCB: 14ASCB

Na Israel nkuro a ɛbɛn Ekron ne Gat no a na Filistifoɔ no agyegye no. Wɔde asase a aka a Filistifoɔ no agyegyeɛ no kaa ho. Ɛmaa asomdwoeɛ baa Israel ne Amorifoɔ ntam saa ɛberɛ no.

ASCB: 15ASCB

Samuel kɔɔ so yɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ ne nkwa nna a aka nyinaa.

ASCB: 16ASCB

Afe biara, na ɔtu kwan kyinkyini bu atɛn wɔ nʼasɛnniiɛ. Ɔfiri aseɛ wɔ Bet-El de kɔ Gilgal na wawie wɔ Mispa. Ɔbuu Israelfoɔ atɛn wɔ saa nkurotoɔ yi biara so.

ASCB: 17ASCB

Afei, na ɔsane ba ne kurom Rama bɛdi nsɛm wɔ hɔ nso. Na Samuel sii afɔrebukyia wɔ Rama de maa Awurade.