Skip to main content

Scripture

Samuel Nwoma A Ɛdi Ɛkan 27

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Samuel Nwoma A Ɛdi Ɛkan 27 Bible text

ASCB: 1ASCB

Na Dawid dwenee ho sɛ, “Ɛda bi, mɛtɔ wɔ Saulo nsa ano. Na deɛ mɛyɛ a ɛbɛyɛ pa ara ne sɛ, mɛdwane akɔ Filistifoɔ nkyɛn. Ɛba saa a, Saulo bɛgyae mʼakyi die na mɛnya banbɔ.”

ASCB: 2ASCB

Na Dawid ne mmarima ahansia tutu kɔtenaa Gat kɔhyɛɛ Maok babarima ɔhene Akis ase.

ASCB: 3ASCB

Na Dawid de ne yerenom baanu a wɔyɛ Ahinoam a ɔfiri Yesreel ne Abigail a ɔfiri Karmel a na ɔyɛ Nabal kunabaa no kɔeɛ.

ASCB: 4ASCB

Saulo tee sɛ Dawid adwane kɔ Gat no, wanni nʼakyi anhwehwɛ no bio.

ASCB: 5ASCB

Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ, “Sɛ ɛrenha wo a, ma yɛn baabi wɔ nkuro no bi so na yɛnkɔtena hɔ sene sɛ yɛbɛtena ahenkuro yi mu.”

ASCB: 6ASCB

Enti, Akis de Siklag kuro maa no, (na ɛfiri saa ɛda no, ɛhɔ abɛyɛ Yuda ahemfo atenaeɛ de bɛsi ɛnnɛ),

ASCB: 7ASCB

na wɔtenaa Filistifoɔ no mu afe ne abosome ɛnan.

ASCB: 8ASCB

Afei, Dawid ne ne dɔm kɔto hyɛɛ Gesurfoɔ, Girsifoɔ ne Amalekfoɔ so. Saa nnipa yi na na kane no, wɔtete asase a ɛtene kɔ Sur a ɛwɔ Misraim ɛkwan so no.

ASCB: 9ASCB

Dawid annya onipa baako anikann wɔ nkura a ɔkɔto hyɛɛ wɔn so no mu. Ɔfaa nnwan, anantwie, mfunumu, nyoma ne ntadeɛ nyinaa ansa na ɔsane akɔ Akis nkyɛn.

ASCB: 10ASCB

Akis bisaa Dawid sɛ, “Ɛhe na ɛnnɛ mofom nneɛma kɔduruiɛ?”Dawid buaa sɛ, “Yɛkɔɔ Yuda anafoɔ fam, kɔto hyɛɛ Yerahmeelfoɔ ne Kenifoɔ so.”

ASCB: 11ASCB

Dawid kumm wɔn nyinaa. Wannya obiara a ɔbɛtumi aba Gat abɛkyerɛ faako a ɔkɔeɛ. Saa adeɛ yi kɔɔ so ara wɔ ɛberɛ a na Dawid te Filistifoɔ mu no.

ASCB: 12ASCB

Akis gyee Dawid diiɛ, na ɔdwenee ne tirim sɛ, “Saa ɛberɛ yi deɛ, Israelfoɔ bɛkyiri no kɔkɔɔkɔ. Ɛsɛ sɛ ɔtena ha, na ɔsom me afebɔɔ.”