Skip to main content

Scripture

Samuel Nwoma A Ɛdi Ɛkan 23

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Samuel Nwoma A Ɛdi Ɛkan 23 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɛda koro bi, Dawid tee sɛ Filistifoɔ no aba Keila, na wɔrewia wɔn ayuo wɔ wɔn ayuporobea.

ASCB: 2ASCB

Dawid bisaa Awurade sɛ, “Menkɔto nhyɛ wɔn so anaa?” Awurade buaa sɛ, “Aane, kɔ na kɔgye Keila.”

ASCB: 3ASCB

Nanso, Dawid mmarima no kaa sɛ, “Yuda ha mpo yɛsuro. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛkɔ Keila akɔko atia Filistifoɔ akodɔm no nyinaa.”

ASCB: 4ASCB

Enti Dawid bisaa Awurade bio maa Awurade buaa no sɛ, “Kɔ Keila na mɛboa wo ama woadi Filistifoɔ no so nkonim.”

ASCB: 5ASCB

Enti, Dawid ne ne mmarima kɔɔ Keila. Wɔkunkumm Filistifoɔ no nyinaa, faa wɔn nyɛmmoa, gyee Keilafoɔ no.

ASCB: 6ASCB

Ahimelek ba Ɔsɔfoɔ Abiatar redwane akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔfaa asɔfotadeɛ sɛ ɔrekɔgye mmuaeɛ afiri Awurade nkyɛn ama Dawid.

ASCB: 7ASCB

Ankyɛre, Saulo tee sɛ Dawid wɔ Keila. Ɔteaam sɛ, “Ɛyɛ. Afei, yɛn nsa aka no. Afei, Onyankopɔn de no ama me. Ɔno ara ama kuro yi ho afasuo ayi no!”

ASCB: 8ASCB

Enti, Saulo boaboaa nʼakodɔm nyinaa ano sɛ ɔde wɔn rekɔ Keila akɔtua Dawid ne ne mmarima.

ASCB: 9ASCB

Nanso Dawid hunuu Saulo nhyehyɛeɛ, na ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ, ɔmfa asɔfotadeɛ no mmra, na ɔmmisa Awurade deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ.

ASCB: 10ASCB

Na Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn, mate sɛ Saulo ayɛ nhyehyɛeɛ sɛ ɔbɛba abɛsɛe Keila, ɛfiri sɛ, mewɔ ha.

ASCB: 11ASCB

Merebisa sɛ, enti Keila mmarima bɛyi me ama no anaa? Na Saulo bɛba ampa ara sɛdeɛ mete no? Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛ me.”Na Awurade buaa no sɛ, “Ɔbɛba.”

ASCB: 12ASCB

Bio, Dawid bisaa sɛ, “Enti, Keila mmarima bɛyi me ne me mmarima ama Saulo anaa?”Na Awurade buaa sɛ, “Aane, wɔbɛyi mo ama.”

ASCB: 13ASCB

Na Dawid ne ne mmarima bɛyɛ sɛ ahansia firii Keila, na wɔkyinkyinii baabiara a wɔbɛtumi akɔ. Na Saulo tee sɛ Dawid afiri Keila no, ɔgyaee nʼakyi die.

ASCB: 14ASCB

Afei, Dawid tenaa nʼabanbɔeɛ hɔ wɔ ɛserɛ so ne Sif mmepɔ asase no so. Saulo hwehwɛɛ no adekyeɛ ne adesaeɛ biara, nanso Awurade amma no anhunu no.

ASCB: 15ASCB

Dabi a Dawid wɔ Hores wɔ Sif ɛserɛ so no, ɔtee sɛ Saulo nam ɛkwan so reba hɔ abɛhwehwɛ no akum no.

ASCB: 16ASCB

Na Yonatan kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores kɔhyɛɛ no den wɔ Onyankopɔn ho gyidie mu.

ASCB: 17ASCB

Yonatan hyɛɛ no den sɛ, “Nsuro! Mʼagya Saulo renhunu wo da. Wobɛyɛ ɔhene wɔ Israel, na mayɛ wʼabadiakyire, sɛdeɛ mʼagya Saulo nim no.”

ASCB: 18ASCB

Wɔn baanu no hyɛɛ wɔn ayɔnkofa apam mu den wɔ Awurade anim. Afei, Yonatan kɔɔ efie na Dawid deɛ, ɔtenaa Hores hɔ.

ASCB: 19ASCB

Ɛnna Sififoɔ no kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea kɔyii Dawid maeɛ sɛ, “Yɛnim baabi a Dawid akɔhinta. Ɔwɔ banbɔeɛ mu, wɔ Hores a ɛwɔ Hakila mmepɔ mu, wɔ Yesimon anafoɔ fam ha yi.

ASCB: 20ASCB

Ɔhene, ɛberɛ biara a wobɛnya kwan no, bra na yɛbɛkyere no ama wo.”

ASCB: 21ASCB

Saulo kaa sɛ, “Awurade nhyira mo! Afei, mahunu sɛ, mʼasɛm fa obi ho.

ASCB: 22ASCB

Monkɔ mu bio, nkɔhwehwɛ, nhunu baabi a ɔte ne obi a wahunu no wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, menim sɛ ɔyɛ oniferefoɔ.

ASCB: 23ASCB

Monhwehwɛ nʼahintaeɛm, na monsane mmra mmɛka biribi pɔtee nkyerɛ me. Na me ne mo bɛkɔ. Na sɛ ɔwɔ ɛpɔ mu hɔ nko ara deɛ a, mɛnya no, na mpo, sɛ ɛsɛ sɛ mehwehwɛ ahintaeɛ biara a ɛwɔ Yuda a, mɛyɛ!”

ASCB: 24ASCB

Na Sif mmarima dii Saulo ɛkan kɔɔ wɔn kurom. Saa ɛberɛ no mu na Dawid ne ne mmarima kɔ Maon ɛserɛ a ɛwɔ Araba bɔnhwa a ɛwɔ Yesimon anafoɔ fam no so.

ASCB: 25ASCB

Ɛberɛ a Dawid tee sɛ Saulo ne ne mmarima rehwehwɛ no no, ɔdɔɔ mu kɔɔ ɛserɛ so akyirikyiri, kɔsii ɔbotan kɛseɛ no ho, tenaa Maon ɛserɛ so hɔ. Nanso Saulo kɔɔ so pɛɛ no.

ASCB: 26ASCB

Afei Saulo ne Dawid kɔdii afa ne afa wɔ bepɔ no so. Ɛbaa sɛ Saulo ne ne mmarima hyɛɛ aseɛ sɛ wɔrebɛn Dawid no,

ASCB: 27ASCB

Saulo nyaa nkra bi a emu yɛ den sɛ, Filistifoɔ abɛto ahyɛ Israel so refom wɔn nneɛma bio.

ASCB: 28ASCB

Ɛno enti, Saulo gyaee Dawid akyidie, na ɔsane nʼakyi sɛ ɔne Filistifoɔ no rekɔko. Ɛfiri saa ɛberɛ no, baabi a Dawid tenaeɛ hɔ no, wɔtoo no edin Dwaneeɛ Botan.

ASCB: 29ASCB

Enti, Dawid kɔtenaa En-Gedi banbɔeɛ.