Skip to main content

Scripture

Samuel Nwoma A Ɛdi Ɛkan 13

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Samuel Nwoma A Ɛdi Ɛkan 13 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɛberɛ a Saulo dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduasa. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduanan mmienu.

ASCB: 2ASCB

Saulo yii akodɔm sononko bi a wɔn dodoɔ yɛ mpensa firii Israel, na ɔmaa nkaeɛ no kɔɔ efie. Ɔfaa akodɔm no mu mpenu kaa ne ho, de wɔn kɔɔ Mikmas ne bepɔ nsase a ɛwɔ Bet-El no so. Akodɔm apem a aka no kaa Saulo babarima Yonatan ho kɔɔ Gibea wɔ Benyamin asase so.

ASCB: 3ASCB

Yei akyi no, ankyɛre, Yonatan kɔtuaa Filistifoɔ asraafoɔ no dii wɔn so wɔ Geba. Asɛm no trɛɛ ntɛm so wɔ Filistifoɔ no mu. Enti Saulo hyɛn torobɛnto wɔ Israel nyinaa sɛ, “Hebrifoɔ, monsɔre!”

ASCB: 4ASCB

Israelfoɔ nyinaa tee sɛ Saulo atɔre Filistifoɔ asraafoɔ a wɔwɔ Geba no ase, na ne saa enti, Israelfoɔ ho ayɛ Filistifoɔ no ahi. Enti, Israel akodɔm no nyinaa boaa wɔn ho ano bio hyiaa Saulo wɔ Gilgal.

ASCB: 5ASCB

Filistifoɔ boaboaa asraadɔm kɛseɛ pa ara ano a wɔkura nteaseɛnam mpensa, apɔnkɔsotefoɔ mpem nsia ne akodɔm a wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea ano. Wɔkyeree sraban wɔ Mikmas wɔ Bet-Awen apueeɛ fam.

ASCB: 6ASCB

Ɛberɛ a Israel mmarima no hunuu atamfoɔ no akodɔm mpempem no, wɔn ho dwodwoeɛ enti, wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ akɔsuma wɔn ho wɔ abodan, mmena, abotan, aboda ne nsukoraeɛ mu.

ASCB: 7ASCB

Ebinom twaa Asubɔnten Yordan dwane kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Saa ɛberɛ no, na Saulo wɔ Gilgal a ne mmarima a wɔka ne ho no wɔ ahopopoɔ ne suro mu.

ASCB: 8ASCB

Ɔdii nnanson wɔ hɔ sɛdeɛ Samuel hyɛɛ no sɛ ɔnni no; nanso, Samuel deɛ, wamma Gilgal, na Saulo hunuu sɛ mmarima no rebɔ pete.

ASCB: 9ASCB

Enti, ɔhyɛɛ sɛ, “Momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no mmrɛ me.” Na Saulo ankasa bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.

ASCB: 10ASCB

Ɔrewie afɔdeɛ no bɔ ara pɛ, na Samuel kɔduruu hɔ. Enti, Saulo pue kɔhyiaa no maa no akwaaba.

ASCB: 11ASCB

Samuel bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi?”Saulo buaa sɛ, “Mehunuu sɛ mmarima no rehwete, na womma no, na Filistifoɔ no nso reboa wɔn ho ano wɔ Mikmas no,

ASCB: 12ASCB

medwenee sɛ, ‘Afei deɛ, Filistifoɔ no bɛsiane abɛtoa me wɔ Gilgal, nanso memmisaa Awurade nkyɛn adom.’ Enti, metee nka sɛ, ɛsɛ sɛ mebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ansa na woaba.”

ASCB: 13ASCB

Na Samuel kaa sɛ, “Woadi nkwaseasɛm. Woanni mmara a Awurade, wo Onyankopɔn, hyɛɛ wo no so. Sɛ wodii so a, anka ɔbɛtim wʼahennie ase wɔ Israel afebɔɔ.

ASCB: 14ASCB

Na seesei, wʼahennie no rentim. Awurade apɛ ɔbarima bi a ɔyɛ nʼakoma apɛdeɛ na wɔayi no sɛ ne nkurɔfoɔ ɔkannifoɔ, ɛfiri sɛ, woanni Awurade mmara no so.”

ASCB: 15ASCB

Na Samuel firii Gilgal kɔɔ ne baabi na akodɔm no nkaeɛ no ne Saulo kɔhyiaa atamfoɔ no. Wɔfiri Gilgal kɔɔ Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so. Saulo kanee mmarima a na wɔka ne ho no, na wɔn ano si aha nsia.

ASCB: 16ASCB

Na Saulo ne ne babarima Yonatan ne mmarima a ɛka ne ho no te Geba a ɛbɛn Gibea wɔ Benyamin asase so. Saa ɛberɛ no na Filistifoɔ no akyere sraban wɔ Mikmas.

ASCB: 17ASCB

Ntohyɛsofoɔ akuo mmiɛnsa firii Filistifoɔ sraban mu. Ekuo baako de nʼani kyerɛɛ Ofra ɛkwan so, kɔɔ Sual mpɔtam hɔ.

ASCB: 18ASCB

Afoforɔ faa Bet-Horon kwan so ɛnna wɔn a wɔka ho nso faa ɛhyeɛ a ɛkyerɛ Seboim bɔnhwa no kwan so, kɔɔ ɛserɛ so fam.

ASCB: 19ASCB

Saa ɛberɛ no, na ɔtomfoɔ biara nni Israel asase no so baabiara. Filistifoɔ no amma atomfoɔ no kwan, ɛfiri sɛ, wosusuu sɛ atomfoɔ no bɛbɔ akofena ne mpea ama Hebrifoɔ no.

ASCB: 20ASCB

Enti, na Israelfoɔ no nyinaa kɔ Filistifoɔ nkyɛn kɔse wɔn funtum nnadeɛ, nsɔ, nkuma ne dɔtetuo nnadeɛ ano.

ASCB: 21ASCB

(Na wɔgye funtum nnadeɛ ne asosɔ a wɔse no biara ho dwetɛ gram nwɔtwe, na sɛ wɔse mmonnua anaa nnadeɛ a, wogye dwetɛ gram ɛnan.)

ASCB: 22ASCB

Ɛno enti na Israelfoɔ no mu biara nni akofena anaa pea, gye sɛ Saulo ne Yonatan.

ASCB: 23ASCB

Saa ɛberɛ no mu, na Filistifoɔ asraafoɔ no fa bi akɔ akɔfa tempɔn a ɛda Mikmas no.