Scripture
Samuel Nwoma A Ɛdi Ɛkan 1
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Samuel Nwoma A Ɛdi Ɛkan 1 Bible text
Na ɔbarima bi firi Ramataim-Sofim a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so a ne din de Elkana. Na Elkana yi yɛ Yeroham babarima ne Elihu nana nso. Na wɔfiri Tohu fie, a ɛwɔ Suf abusua mu.
Na Elkana wɔ yerenom baanu. Na wɔn din de Hana ne Penina. Na Penina wɔ mma. Hana deɛ, na ɔnni ba.
Afe biara, na Elkana ne nʼabusuafoɔ kɔ Silo kɔsom, bɔ afɔdeɛ ma Otumfoɔ Awurade wɔ Awurade fie. Na Eli mmammarima baanu a wɔn din de Hofni ne Pinehas na wɔyɛ Awurade asɔfoɔ wɔ hɔ saa ɛberɛ no.
Da biara a Elkana bɛba abɛbɔ afɔdeɛ no, ɔde ɛnam no mu nkyɛmu bi ma ne yere Penina ne ne mma no mu biara.
Nanso, Hana deɛ, na ne kyɛfa yɛ soronko, ɛfiri sɛ, na ɔdɔ no yie, ɛwom sɛ na Awurade mmaa no mma.
Na saa asɛm yi kɔɔ so afe biara. Ɛberɛ biara a wɔbɛkɔ Awurade fie no, Penina bɔ Hana akutia. Na yei ma Hana su na ɔnnidi mpo.
Ɛba saa a, ne kunu Elkana bisa no sɛ, “Hana, ɛdeɛn asɛm? Adɛn enti na wonnidie? Adɛn enti na wo werɛ ahoɔ, sɛ wonni mma nti? Mensom bo mma wo, nsen sɛ anka wowɔ mmammarima edu mpo?”
Ɛda koro bi na wɔwɔ Silo no, Hana firii adi anwummerɛ bi a wɔadidi awie sɛ ɔrekɔ Awurade fie akɔbɔ mpaeɛ. Na ɔsɔfoɔ Eli te baabi a ɔtena daa wɔ Awurade fie ɛpono ano hɔ.
Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ, “Ao Awurade Otumfoɔ, sɛ wobɛhwɛ wo ɔsomfoɔ awerɛhoɔdie so, na wotie me mpaeɛbɔ ma me ɔbabarima a, ɛnneɛ mede no bɛsane ama wo. Ne nna a ɔbɛdi nyinaa ɔbɛyɛ wo dea. Deɛ ɛbɛyɛ adansedie sɛ wɔde no ama Awurade ne sɛ wɔremfa yiwan nka ne ti da.”
Na Hana buaa sɛ, “Dabi, me wura, memmoroo nsã, na mmom, me werɛ na aho enti na mereka mʼahiasɛm akyerɛ Awurade.
Ɛnna Eli kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, ma wʼani nnye! Israel Onyankopɔn nyɛ wʼabisadeɛ mma wo.”
Adeɛ kyee anɔpahema no, efie no mu nnipa sɔre kɔsom Awurade bio. Afei, wɔsane kɔɔ Rama. Ɛberɛ a Elkana de ne ho kaa Hana no, Awurade kaee Hana adebisa no,
na anni da bi, ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo no edin Samuel na ɔkaa sɛ, “Mebisaa no firii Awurade nkyɛn.”
Hana ankɔ bi. Ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ, “Sɛ abɔfra no twa nufoɔ a, mede no bɛkɔ Awurade fie na makɔgya no hɔ ama Awurade afebɔɔ.”
Elkana kaa sɛ, “Deɛ wogye di sɛ ɛyɛ ma wo biara no, yɛ. Tena ha ansa na Awurade mmoa wo mma wonni wo bɔhyɛ so.” Enti ɔbaa no tenaa fie hwɛɛ ne babarima no.
Ɔtwaa no nufoɔ wieeɛ no, ɔde no kɔɔ Awurade asɔrefie wɔ Silo. Wɔde nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne esiam lita dunsia ne bobesa kakra baeɛ.
Hana bisaa no sɛ, “Owura wokae me anaa? Me wura, me ne ɔbaa a ɔbɛgyinaa ha mfeɛ bebree ni bɔɔ Awurade mpaeɛ no.
Enti, seesei, mede abɔfra yi rema Awurade. Ne nkwa nna nyinaa, ɔbɛyɛ Awurade dea.” Na wɔsomm Awurade wɔ hɔ.