Skip to main content

Scripture

Ahemfo Nwoma A Ɛdi Ɛkan 4

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Ahemfo Nwoma A Ɛdi Ɛkan 4 Bible text

ASCB: 1ASCB

Enti, Salomo dii Israel nyinaa so ɔhene.

ASCB: 2ASCB

Na yeinom ne ne mpanimfoɔ:Sadok babarima Asaria na na ɔyɛ ɔsɔfoɔ.

ASCB: 3ASCB

Sisa mmammarima Elihoref ne Ahiya na na wɔyɛ asɛnniiɛ atwerɛfoɔ.Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehyeɛ abakɔsɛm twerɛfoɔ.

ASCB: 4ASCB

Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ akodɔm sahene.Sadok ne Abiatar na na wɔyɛ asɔfoɔ.

ASCB: 5ASCB

Natan babarima Asaria na na ɔyɛ amansini amradofoɔ titenani.Natan babarima Sabud a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ no, na na ɔyɛ ɔhene fotufoɔ a ɔde ne ho to ne so.

ASCB: 6ASCB

Ahisar na na ɔyɛ ahemfie sohwɛfoɔ.Abda babarima Adoniram na na ɔhwɛ adwumayɛfoɔ so.

ASCB: 7ASCB

Na Salomo wɔ amansini amradofoɔ dumienu wɔ Israel nyinaa mu. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔgye nnuane firi ɔmanfoɔ nkyɛn de kɔma ahemfiefoɔ. Wɔn mu biara hwɛ, di saa dwuma yi ɔbosome baako wɔ afe biara mu.

ASCB: 8ASCB

Saa amradofoɔ dumienu no edin na ɛdidi soɔ yi:Na Ben-Hur wɔ Efraim bepɔ asase so.

ASCB: 9ASCB

Na Ben-Deker hwɛ Makas, Saalbim, Bet-Semes ne Elon-Bet-Hanan so.

ASCB: 10ASCB

Na Ben-Hesed hwɛ Arubot a Soko ne nsase a ɛwɔ Hefer nyinaa ka ho no so.

ASCB: 11ASCB

Na Ben-Abinadab wɔ Nafat-Dor. (Ɔwaree Salomo babaa Tafat).

ASCB: 12ASCB

Na Ahilud babarima Baana hwɛ Taanak ne Megido ne Bet-Sean a ɛbɛn Saretan a ɛwɔ Yesreel anafoɔ ne nkuro a ɛfiri Bet-Sean, de kɔsi Abel-Mehola, tra kɔsi Yokmeam akyi no so.

ASCB: 13ASCB

Na Ben-Geber wɔ Ramot-Gilead a Yair nkuro (a wɔde too Manase babarima Yair) a ɛwɔ Gilead ka ho, wɔ Argob mantam a ɛwɔ Basan a nkuropɔn aduosia a wɔde kɔbere apono asisi ano ka ho.

ASCB: 14ASCB

Na Ido babarima Abinadab wɔ Mahanaim.

ASCB: 15ASCB

Na Ahimaas wɔ Naftali (Ɔno nso waree Salomo babaa Basmat.)

ASCB: 16ASCB

Na Husai babarima Baana wɔ Aser ne Alot.

ASCB: 17ASCB

Na Parua babarima Yehosafat wɔ Isakar.

ASCB: 18ASCB

Na Ela babarima Simei wɔ Benyamin.

ASCB: 19ASCB

Na Uri babarima Geber wɔ Gilead asase so a Amorihene Sihon ne Basanhene Og amantam ka ho. Na amrado baako pɛ na ɔhwɛ Yuda asase so.

ASCB: 20ASCB

Na nnipa a wɔwɔ Yuda ne Israel no dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Deɛ wɔnya di ne deɛ wɔnya nom no, na wɔn ani sɔ.

ASCB: 21ASCB

Salomo dii ahemman nyinaa so, firi Asubɔnten Eufrate kɔsi Filistifoɔ asase so, de kɔsi Misraim hyeɛ so. Na nnipa a wadi wɔn so wɔ saa nsase no so no de apeatoɔ brɛ Salomo, na wɔkɔɔ so somm no ne nkwa nna nyinaa.

ASCB: 22ASCB

Nnuane a na wɔhia daa wɔ Salomo ahemfie no yɛ asikyiresiam pa susukora ɔha ne aduonum ne atokosiam susukora ahasa,

ASCB: 23ASCB

anantwie a wɔadodɔre a wɔde wɔn firi buo mu edu, anantwie a wɔde wura ayɛn wɔn aduonu, nnwan anaa mmirekyie ɔha, atwe, nnowa, anwansane ne nkokɔ a wɔadɔre.

ASCB: 24ASCB

Na Salomo amantoɔ no yɛ ahennie ahodoɔ a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam nyinaa de firi Tifsa kɔsi Gasa. Na asomdwoeɛ wɔ asase no so mmaa nyinaa.

ASCB: 25ASCB

Salomo nkwa nna mu nyinaa, Yuda ne Israel nyaa banbɔ tenaa ase asomdwoeɛ mu. Na ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba no, na abusua biara wɔ ne fie ne ne bobe ne borɔdɔma mfikyifuo.

ASCB: 26ASCB

Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem ɛnan ma ne nteaseɛnam apɔnkɔ ne apɔnkɔ mpem dumienu.

ASCB: 27ASCB

Amansini mu amradofoɔ na na wɔma ɔhene Salomo ne nʼasɛnniiɛ nnuane pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn bosome bosome nnuanema no mu.

ASCB: 28ASCB

Na wɔde atokoɔ ne ɛserɛ a ɛho hia brɛ adehyeɛ apɔnkɔ no wɔ wɔn daberɛ.

ASCB: 29ASCB

Onyankopɔn maa Salomo nyansa, nteaseɛ ne nhunumu a emu nni hwehwɛbea.

ASCB: 30ASCB

Nokorɛm, ne nyansa no boro anyansafoɔ a wɔwɔ apueeɛ ne anyansafoɔ a wɔwɔ Misraim nyinaa nyansa so.

ASCB: 31ASCB

Na ɔnim nyansa sene obiara a Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahel mmammarima no ka ho. Na ne din hyetaa wɔ aman a atwa ne ho ahyia no so.

ASCB: 32ASCB

Ɔbuu mmɛ mpem mmiɛnsa, ɛnna ɔtwerɛɛ nnwom apem ne enum.

ASCB: 33ASCB

Na ɔtumi ka afifideɛ biara ho nsɛm, ɛfiri Lebanon ntweneduro so de kɔsi hisope a ɛfifiri ɔfasuo mpaapaeɛ mu so. Na ɔtumi ka mmoa, nnomaa, mmoa a wɔwea fam ne nsuomnam ho nsɛm nso.

ASCB: 34ASCB

Enti, na ahemfo a wɔwɔ aman afoforɔ so tu wɔn ananmusifoɔ ba Salomo nkyɛn bɛtie ne nyansasɛm no bi.