Skip to main content

Scripture

Berɛsosɛm Nwoma A Ɛdi Ɛkan 26

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Berɛsosɛm Nwoma A Ɛdi Ɛkan 26 Bible text

ASCB: 1ASCB

Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ no akuakuo:Korafoɔ mu no:yɛwɔ Kore babarima Meselemia a ɔfiri Asaf abusua mu.

ASCB: 2ASCB

Meselemia mmammarima yɛ:Sakaria a ɔyɛ abakan, Yediael a ɔtɔ so mmienu,Sebadia a ɔtɔ so mmiɛnsa, Yatniel a ɔtɔ so ɛnan.

ASCB: 3ASCB

Elam a ɔtɔ so enum, Yehohanan a ɔtɔ so nsia,ne Eliehoenai a ɔtɔ so nson.

ASCB: 4ASCB

Na Obed-Edom mmammarima nso a wɔyɛ apono ano ahwɛfoɔ yɛ:Semaia a ɔyɛ abakan, Yehosabad a ɔtɔ so mmienu,Yoa a ɔtɔ so mmiɛnsa, Sakar a ɔtɔ so ɛnan,Netanel a ɔtɔ so enum,

ASCB: 5ASCB

Amiel a ɔtɔ so nsia,Isakar a ɔtɔ so nson, ne Peuletai a ɔtɔ so nwɔtwe.Onyankopɔn hyiraa Obed-Edom bebree.

ASCB: 6ASCB

Na Obed-Edom babarima Semaia wɔ mmammarima a wɔtumi adeɛ yɛ yie enti, wɔnyaa dibea a ɛkura tumi wɔ abusua no mu.

ASCB: 7ASCB

Na wɔn edin ne:Otni, Refael, Obed ne Elsabad;na wɔn abusuafoɔ Elihu ne Semakia nso yɛ mmɔdemmɔfoɔ.

ASCB: 8ASCB

Obed-Edom asefoɔ yi nyinaa a wɔn mmammarima ne wɔn nananom a na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduosia mmienu (62) no yɛ nnipa a, na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yie na wɔfata wɔn nnwuma.

ASCB: 9ASCB

Saa ara nso na na Meselemia mmammarima dunwɔtwe (18) no ne wɔn abusuafoɔ nso bɔ wɔn ho mmɔden yie.

ASCB: 10ASCB

Hosa a ɔfiri Merari abusua mu yii Simri a na ɔnyɛ abakan no sɛ ntuanoni, wɔ ne mmammarima mu.

ASCB: 11ASCB

Na ne mmammarima no bi ne:Hilkia a ɔtɔ so mmienu, Tebalia a ɔtɔ so mmiɛnsane Sakaria tɔ so ɛnan.Na Hosa mmammarima ne nʼabusuafoɔ a wɔsom sɛ apono ano ahwɛfoɔ no nyinaa dodoɔ yɛ dumiɛnsa (13).

ASCB: 12ASCB

Saa apono ano ahwɛfoɔ akuo yi nam wɔn mmusua ntuanofoɔ so somm wɔ Awurade fie, sɛdeɛ wɔn abusuafoɔ yɛeɛ no.

ASCB: 13ASCB

Wɔnam ntontobɔ kronkron so, de ɔwɛn adwuma wɔ apono ahodoɔ ano hyɛɛ mmusua no nsa a wɔnhwɛ mfirinhyia a obi adi, anaa nteteeɛ a wanya soɔ.

ASCB: 14ASCB

Wɔde apueeɛ ɛpono ho dwumadie no hyɛɛ Selemia ne ne ekuo nsa.Atifi ɛpono ho dwumadie nso, wɔde hyɛɛ ne babarima onyansafoɔ Sakaria nsa.

ASCB: 15ASCB

Anafoɔ ɛpono no, wɔde hyɛɛ Obed-Edom nsa, na wɔmaa ne mmammarima no hwɛɛ adekoradan no so.

ASCB: 16ASCB

Wɔmaa Supim ne Hosa hwɛɛ atɔeɛ ɛpono no ne ɛkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so.Wɔkyekyɛɛ ɔwɛn nnwuma no pɛpɛɛpɛ maa wɔn.

ASCB: 17ASCB

Ɛda biara, na wɔma Lewifoɔ baasia kɔ apueeɛ ɛpono no ho,baanan kɔ atifi ɛpono no ho,baanan nso akɔ anafoɔ ɛpono no ho,na baanu baanu akokɔ adekoradan ahodoɔ no biara ho.

ASCB: 18ASCB

Ɛda biara, na wɔma baasia kɔ atɔeɛ ɛpono no ho. Baanan kɔ ɛkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so, na baanu nso akɔ adihɔ hɔ.

ASCB: 19ASCB

Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ a wɔfiri Kora ne Merari mmusua mu no nkyekyɛmu.

ASCB: 20ASCB

Lewifoɔ a wɔaka a na Ahiya da wɔn ano no na na wɔhwɛ Onyankopɔn fie sikakorabea ne adekoradan so.

ASCB: 21ASCB

Libni fie a na ɛwɔ Gerson abusua mu no, na Yehieli na na ɔtua wɔn ano.

ASCB: 22ASCB

Yehieli mmammarima Setam ne ne nuabarima Yoɛl na na wɔhwɛ Awurade fie sikakorabea so.

ASCB: 23ASCB

Yeinom ne ntuanofoɔ a wɔyɛ Amram, Yishar, Hebron ne Usiel asefoɔ.

ASCB: 24ASCB

Amram abusua mu, Sebuel yɛ Mose babarima Gersom aseni. Ɔno na na ɔyɛ ɔpanin a ɔhwɛ sikakorabea no so.

ASCB: 25ASCB

Wɔn a wɔnam Elieser so yɛ nʼabusuafoɔ ne Rehabia, Yesaia, Yoram, Sikri ne Selomot.

ASCB: 26ASCB

Selomot ne nʼabusuafoɔ na na wɔhwɛ sikakorabea a na wɔkora agyapadeɛ a wɔde ama Awurade no so. Agyapadeɛ no bi ne deɛ Dawid ne mmusua ntuanofoɔ ne asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ de maa Awurade no.

ASCB: 27ASCB

Na saa mmarima yi de wɔn asadeɛ a wɔnyaa no akodie mu no bi baeɛ sɛ wɔmfa nsiesie Awurade fie.

ASCB: 28ASCB

Afei, na Selomot ne nʼabusuafoɔ na wɔhwɛ nneɛma a Samuel a ɔyɛ nkɔmhyɛni, Kis babarima Saulo, Ner babarima Abner ne Seruia babarima Yoab de maa Awurade no so. Nneɛma nkaeɛ a wɔde maa Awurade no nyinaa, na ɛhyɛ wɔn nsa.

ASCB: 29ASCB

Yishar abusua mu na Kenania firi.Ɔne ne mmammarima na wɔyii wɔn sɛ ɔman sohwɛfoɔ ne atemmufoɔ wɔ Israelman mu nyinaa.

ASCB: 30ASCB

Hebron abusua mu na Hasabia firi. Ɔne nʼabusuafoɔ a wɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ a wɔn dodoɔ yɛ apem ahanson na wɔma wɔhwɛɛ Israel nsase a ɛdeda Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam no so. Nsɛm a ɛfa Awurade ho, ne ɔhene a ɔwɔ mpasua no so som ho nyinaa yɛ wɔn asɛdeɛ.

ASCB: 31ASCB

Bio, Hebron abusua mu na Yeria firi. Sɛdeɛ awoɔ ntoatoasoɔ nkrataa kyerɛ no, ɔno na na ɔyɛ Hebronfoɔ no ntuanoni.(Dawid dii ɔhene no, ne mfeɛ aduanan so, wɔhwehwɛɛ nkrataa mu na wɔhunuu mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ Hebron abusua no mu din wɔ kuro Yaser a ɛwɔ Gilead mu.

ASCB: 32ASCB

Na mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden mpem mmienu ne ahanson na na wɔwɔ Yeria abusua mu. Ɔhene Dawid ma wɔkɔɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam, ma wɔkɔhwɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no so. Nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ho, ne ɔhene som ho nyinaa yɛ wɔn asɛdeɛ.)