Skip to main content

Scripture

Berɛsosɛm Nwoma A Ɛdi Ɛkan 24

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Berɛsosɛm Nwoma A Ɛdi Ɛkan 24 Bible text

ASCB: 1ASCB

Sɛdeɛ wɔkyekyɛɛ Aaron asefoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no mu akuakuo ma wɔsomeeɛ no nie: Na Aaron mmammarima no yɛ Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.

ASCB: 2ASCB

Nanso, Nadab ne Abihu wuiɛ a wɔnni mma ansa na wɔn agya rewu. Enti, ɛkaa Eleasa ne Itamar nko ara a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɔfoɔ.

ASCB: 3ASCB

Mmoa a Sadok a na ɔyɛ Eleasa aseni ne Ahimelek a na ɔyɛ Itamar aseni no boaa no enti, Dawid kyekyɛɛ Aaron asefoɔ mu akuakuo sɛdeɛ wɔn dwumadie teɛ.

ASCB: 4ASCB

Wɔkyɛɛ Itamar deɛ mu akuo nwɔtwe, ɛfiri sɛ, na Eleasa asefoɔ mu mmusua mpanimfoɔ no dɔɔso.

ASCB: 5ASCB

Wɔnam ntontobɔ kronkron so, kyekyɛɛ dwumadie ahodoɔ nyinaa maa akuakuo no, sɛdeɛ ɛrenyɛ nhwɛanimsɛm biara. Ɛfiri sɛ, na mpanimfoɔ bebree a wɔfata sɛ wɔsom Onyankopɔn kronkronbea hɔ a wɔyɛ Eleasa ne Itamar asefoɔ no nso wɔ hɔ.

ASCB: 6ASCB

Netanel babarima Semaia a na ɔyɛ Lewini no yɛɛ adwuma sɛ ɔtwerɛfoɔ. Ɔtwerɛɛ din ne nnwuma ahodoɔ wɔ ɔhene no ne ɔsɔfoɔ Sadok ne Abiatar babarima Ahimelek ne asɔfoɔ no ne Lewi mmusua no mpanimfoɔ anim. Eleasa ne Itamar asefoɔ bobɔɔ ntonto sɛdeɛ ɛdidi soɔ yi:

ASCB: 7ASCB

Ntonto a ɛdi ɛkan no bɔɔ Yehoiarib.Ntonto a ɛtɔ so mmienu no bɔɔ Yedaia.

ASCB: 8ASCB

Ntonto a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɔɔ Harim.Ntonto a ɛtɔ so ɛnan no bɔɔ Seorim.

ASCB: 9ASCB

Ntonto a ɛtɔ so enum no bɔɔ Malkia.Ntonto a ɛtɔ so nsia no bɔɔ Miyamin.

ASCB: 10ASCB

Ntonto a ɛtɔ so nson no bɔɔ Hakos.Ntonto a ɛtɔ so nwɔtwe no bɔɔ Abia.

ASCB: 11ASCB

Ntonto a ɛtɔ so nkron no bɔɔ Yesua.Ntonto a ɛtɔ so edu no bɔɔ Sekania.

ASCB: 12ASCB

Ntonto a ɛtɔ so dubaako no bɔɔ Eliasib.Ntonto a ɛtɔ so dumienu no bɔɔ Yakim.

ASCB: 13ASCB

Ntonto a ɛtɔ so dumiɛnsa no bɔɔ Hupa.Ntonto a ɛtɔ so dunan no bɔɔ Yesebeab.

ASCB: 14ASCB

Ntonto a ɛtɔ so dunum no bɔɔ Bilga.Ntonto a ɛtɔ so dunsia no bɔɔ Imer.

ASCB: 15ASCB

Ntonto a ɛtɔ so dunson no bɔɔ Hesir.Ntonto a ɛtɔ so dunwɔtwe no bɔɔ Hapises.

ASCB: 16ASCB

Ntonto a ɛtɔ so dunkron no bɔɔ Petahia.Ntonto a ɛtɔ so aduonu no bɔɔ Yeheskel.

ASCB: 17ASCB

Ntonto a ɛtɔ so aduonu baako no bɔɔ Yakin.Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmienu no bɔɔ Gamul.

ASCB: 18ASCB

Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no bɔɔ Delaia.Ntonto a ɛtɔ so aduonu ɛnan no bɔɔ Maasia.

ASCB: 19ASCB

Ekuo biara dii ne dwuma wɔ Awurade fie sɛdeɛ wɔn agya Aaron nam Awurade, Israel Onyankopɔn akwankyerɛ so hyehyɛ maa wɔn no.

ASCB: 20ASCB

Yeinom ne mmusua a aka a wɔyɛ Lewi asefoɔ no mpanimfoɔ:Amram asefoɔ ntuanoni ne Subael.Subael asefoɔ ntuanoni ne Yehdeia.

ASCB: 21ASCB

Rehabia asefoɔ ntuanoni ne Yisia.

ASCB: 22ASCB

Yishar asefoɔ ntuanoni ne Selomot.Selomot asefoɔ ntuanoni ne Yahat.

ASCB: 23ASCB

Hebron asefoɔ ntuanofoɔ ne:Yeria; Amaria ne nʼabadiakyire, Yahasiel na ɔtɔ so mmiɛnsa na Yekameam tɔ so ɛnan.

ASCB: 24ASCB

Usiel asefoɔ ntuanoni ne Mika.Mika asefoɔ ntuanoni ne Samir

ASCB: 25ASCB

ne Mika nuabarima Yisia.Yisia asefoɔ ntuanoni ne Sakaria.

ASCB: 26ASCB

Merari asefoɔ ntuanofoɔ ne Mahli ne Musi.Yasia asefoɔ ntuanoni ne Beno.

ASCB: 27ASCB

Merari asefoɔ a wɔfiri Yasia mu no, ntuanofoɔ no ne:Beno, Soham, Sakur ne Ibri.

ASCB: 28ASCB

Mahli asefoɔ ntuanoni ne Eleasa a na ɔnni mmammarima no.

ASCB: 29ASCB

Kis asefoɔ ntuanoni ne Yerahmeel.

ASCB: 30ASCB

Musi asefoɔ ntuanofoɔ ne Mahli, Eder ne Yerimot.Yeinom ne Lewi asefoɔ ne sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

ASCB: 31ASCB

Wɔnam ntonto kronkron a wɔbɔɔ wɔ wɔn so na wɔde wɔn nnwuma hyɛɛ wɔn nsa te sɛ Aaron asefoɔ deɛ no, a wɔanhwɛ mfeɛ a wɔadi ne wɔn diberɛ. Wɔdii dwuma no wɔ ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfoɔ ne Lewifoɔ mmusua mpanimfoɔ no anim.