Scripture
Berɛsosɛm Nwoma A Ɛdi Ɛkan 16
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Berɛsosɛm Nwoma A Ɛdi Ɛkan 16 Bible text
Na wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔsii ntomadan sononko bi a Dawid asiesie mu, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ Onyankopɔn anim.
Na ɔkyɛɛ Israelfoɔ mmaa ne mmarima nyinaa aduane. Obiara nyaa burodo mua, nankum ne bobe aba ɔfam.
Dawid yii saa Lewifoɔ yi sɛ wɔnni nnipa no anim wɔ ɔsom mu, wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔmfa so nsrɛ ne nhyira, na wɔnna Awurade, Israel Onyankopɔn ase na wɔnkamfo no.
Asaf a na ɔda kuo yi ano no bɔɔ kyankyan no. Na nʼabadiakyirefoɔ yɛ Sakaria a ɔtɔ so mmienu, afei, Yeiel, Semiramot, Yehiel, Matitia, Eliab, Benaia, Obed-Edom ne Yahasiel. Wɔn na wɔbɔɔ mmɛnta ne asankuten.
Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya akoma mu anigyeɛ.
Mommɔ nʼanimuonyam nneyɛɛ ho dawuro wɔ amanaman mu.Monka anwanwadeɛ a ɔyɛ nkyerɛ obiara.
Momfa animuonyam a ɛfata mma Awurade!Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra mmɛsom no.Monsɔre Awurade wɔ ne hyerɛn kronkron nyinaa mu.
Momma ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa nteam nkamfo no.Momma mfuo ne wɔn nnɔbaeɛ mfa ahosɛpɛ mpue.
Monteateam sɛ, “Gye yɛn, Ao yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn!Boa yɛn ano, na gye yɛn firi amanaman nsam,na yɛatumi ada wo din kronkron ase,na yɛadi ahurisie akamfo wo.”
Ayɛyie nka Awurade, Israel Onyankopɔn,ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten.Na nnipa no nyinaa gyee so sɛ, “Amen!” Na wɔkamfoo Awurade.
Dawid hyehyɛ maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ no sɛ wɔnsom daa wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔnyɛ deɛ ɛhia sɛ wɔyɛ no da biara.
Saa ekuo yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifoɔ aduosia nwɔtwe a wɔyɛ apono anohwɛfoɔ.
Dawid de ɔsɔfoɔ Sadok ne ne mfɛfoɔ asɔfoɔ tenaa Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛwɔ bepɔ Gibeon mu no, sɛ wɔnsom Awurade anim wɔ hɔ.
Anɔpa ne anwummerɛ biara, wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a wɔayi asi hɔ ama saa dwumadie no so. Na wɔdii biribiara a wɔatwerɛ sɛ Awurade mmara a ɔde ama Israel no so.
Dawid sane yii Heman, Yedutun ne afoforɔ bi a wɔbobɔɔ wɔn din, yiyii wɔn no sɛ, wɔnna Awurade ase “Na nʼadɔeɛ no tim hɔ daa.”
Heman ne Yedutun bɔɔ wɔn ntotorobɛnto, kyankyan ne nnwontodeɛ ahodoɔ de gyegyee ayɛyie nnwom a wɔto maa Onyankopɔn no ho. Na wɔyii Yedutun mmammarima maa wɔyɛɛ apono anohwɛfoɔ.