Skip to main content

Scripture

Berɛsosɛm Nwoma A Ɛdi Ɛkan 11

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Berɛsosɛm Nwoma A Ɛdi Ɛkan 11 Bible text

ASCB: 1ASCB

Na Israel nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafoɔ.

ASCB: 2ASCB

Mmerɛ tenten bi a atwam, mpo ɛberɛ a Saulo di yɛn so ɔhene no, na wone obi a nokorɛm na wodi Israel anim. Na Awurade, wo Onyankopɔn, aka kyerɛ wo sɛ, ‘Wobɛyɛ odwanhwɛfoɔ ama me nkurɔfoɔ Israel. Wobɛyɛ wɔn sodifoɔ.’ ”

ASCB: 3ASCB

Enti, Dawid ne Israel ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Awurade anim wɔ Hebron. Wɔsraa no ngo, sii no Israelhene sɛdeɛ Awurade nam Samuel so hyɛɛ ho bɔ no.

ASCB: 4ASCB

Na Dawid ne Israel nyinaa kɔɔ Yerusalem anaa Yebus, sɛdeɛ na wɔfrɛ hɔ kane no, ɛfiri sɛ, Yebusifoɔ na wɔkɔtenaa asase no so kane kyekyereeɛ.

ASCB: 5ASCB

Nnipa a wɔfiri Yebus no ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Worentumi mma ha da biara da.” Nanso, Dawid faa aban a na ɛwɔ Sion a wɔfrɛ no Dawid Kuro no.

ASCB: 6ASCB

Dawid ka kyerɛɛ nʼakodɔm no sɛ, “Mo mu biara a ɔbɛdi anim na yɛakɔto ahyɛ Yebusifoɔ no so no, ɔno na ɔbɛyɛ mʼakodɔm so sahene.” Na Dawid nuabaa Seruia babarima Yoab dii ntohyɛsoɔ no anim, enti ɔbɛyɛɛ Dawid akodɔm so sahene.

ASCB: 7ASCB

Dawid tenaa aban no mu, na ɛno enti na wɔfrɛɛ hɔ Dawid kuro no.

ASCB: 8ASCB

Dawid kyekyeree kuro no, trɛɛ mu firi Milo de twaa ho hyiaeɛ, ɛberɛ a na Yoab nso rekyekyere Yerusalem nkaeɛ no.

ASCB: 9ASCB

Na Dawid tumi yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, na Asafo Awurade ka ne ho.

ASCB: 10ASCB

Yeinom ne Dawid nnɔmmarima ntuanofoɔ. Wɔne Israel nyinaa boom, sii gyinaeɛ sɛ wɔde Dawid bɛyɛ wɔn so ɔhene sɛdeɛ Awurade ahyɛ bɔ afa Israel ho no.

ASCB: 11ASCB

Dawid nnɔmmarima no ho nsɛm nie: Deɛ ɔdi ɛkan no ne Yasobeam, a ɔyɛ Hakmonini a na ɔda Baasa no ano sɛ ɔsahene—Baasa no yɛ nnɔmmarima akatakyie a na wɔwɔ Dawid asraafoɔ mu. Ɛberɛ bi, ɔde ne pea kunkumm atamfoɔ ahasa wɔ akodie baako mu.

ASCB: 12ASCB

Deɛ ɔtɔ so mmienu wɔ Baasa no mu no yɛ Dodo babarima Eleasa a ɔyɛ Ahoa aseni.

ASCB: 13ASCB

Ɛberɛ a Dawid sɔre tiaa Filistifoɔ wɔ Pas-Damim no, na ɔka ne ho. Ɔko no sii wɔ baabi a na ɛyɛ atokofuo nko, na Israel asraafoɔ no dwaneeɛ.

ASCB: 14ASCB

Nanso, Eleasa ne Dawid gyinaa wɔn nan so wɔ afuo no mfimfini, bɔɔ Filistifoɔ guiɛ. Na Awurade maa wɔdii nkonim de gyee wɔn.

ASCB: 15ASCB

Ɛda bi a Dawid wɔ ɔbotan bi a ɛbɛn Adulam ɔbodan ho no, na Filistifoɔ asraadɔm akyere sraban wɔ Refaim bɔnhwa mu. Baasa no a na wɔka Aduasa no a wɔagye edin wɔ Dawid akodɔm mu no siane kɔhyiaa no wɔ hɔ.

ASCB: 16ASCB

Saa ɛberɛ no, na Dawid te abanbɔeɛ mu hɔ a na Filistifoɔ akodɔm kuo bi akɔtena Betlehem.

ASCB: 17ASCB

Dawid firi akɔnnɔ mu kaeɛ sɛ, “Ao me kɔn dɔ nsu pa a ɛwɔ abura a ɛwɔ Betlehem no bi; deɛ ɛbɛn ɛpono ano no bi.”

ASCB: 18ASCB

Enti, Baasa no bɔ wuraa Filistifoɔ no mu, kɔsaa abura no mu nsuo no bi de brɛɛ Dawid. Nanso, Dawid annom. Mmom, ɔhwie guu Awurade anim

ASCB: 19ASCB

teaam sɛ, “Ɛmpare me sɛ mɛnom saa nsuo yi. Ɛsom bo te sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn ho bɔɔ afɔdeɛ kɔsa brɛɛ me no mogya.” Enti, Dawid annom. Yei yɛ Baasa no mmaninsɛm no bi nhwɛsoɔ.

ASCB: 20ASCB

Yoab nuabarima Abisai na na ɔtua Aduasa no ano. Ɔno na ɔde ne pea kunkumm atamfoɔ no mu ahasa. Saa mmaninsɛm yi enti na ɔgyee edin te sɛ Baasa no.

ASCB: 21ASCB

Abisai na na ne din ahyeta yie wɔ Aduasa no mu sɛ wɔn sahene, nanso na ɔnka Baasa no ho.

ASCB: 22ASCB

Na Yehoiada babarima Benaia a ɔfiri Kabseel no nso wɔ hɔ. Na ɔno nso di mmaninsɛm. Ɔyɛɛ bebree a emu baako ne sɛ ɔkunkumm Moab akofoɔ akɛseɛ baanu bi. Ɛberɛ foforɔ bi nso, ɔtaa gyata maa aboa no kɔtɔɔ amena mu. Na sukyerɛmma ama fam ayɛ toro, nanso, ɔkyeree gyata no kumm no.

ASCB: 23ASCB

Ɛda bi a na ɔkura aporibaa nko ara no, ɔkumm Misraimni ɔkofoɔ bi a na ne tenten yɛ anammɔn nson ne fa. Na ne pea no mu pipiripie te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua. Benaia hwam pea no firii Misraimni no nsam, de kumm no.

ASCB: 24ASCB

Yeinom ne mmaninsɛm a ɛmaa Yehoiada babarima Benaia gyee edin te sɛ Baasa no.

ASCB: 25ASCB

Wɔhyɛɛ no animuonyam sene nkaeɛ a wɔka Aduasa no ho no, nanso na ɔmfra Baasa no mu. Na Dawid yɛɛ no ne ho awɛmfoɔ no so sahene.

ASCB: 26ASCB

Nnipa a na wɔka Dawid nnɔmmarima no ho nie:Yoab nuabarima Asahel;Dodo babarima Elhanan a ɔfiri Betlehem;

ASCB: 27ASCB

Samot a ɔfiri Harori;Heles a ɔfiri Pelon;

ASCB: 28ASCB

Ikes babarima Ira a ɔfiri Tekoa;Abieser a ɔfiri Anatot;

ASCB: 29ASCB

Sibekai a ɔfiri Husa;Salmon a ɔfiri Ahoa;

ASCB: 30ASCB

Maharai a ɔfiri Netofa;Baana a ɔfiri Netofa babarima Heled;

ASCB: 31ASCB

Ribai a ɔfiri Gibea babarima Itai (wɔfiri Benyamin abusuakuo mu); Benaia a ɔfiri Piraton;

ASCB: 32ASCB

Hurai a ɔfiri baabi a ɛbɛn Nahale-Gaas;Abiel a ɔfiri Araba.

ASCB: 33ASCB

Asmawet a ɔfiri Baharum;Eliahba a ɔfiri Saalbon.

ASCB: 34ASCB

Hasem mmammarima a wɔfiri Gison;Sage babarima Yonatan a ɔfiri Harar.

ASCB: 35ASCB

Sakar babarima Ahiam a ɔfiri Harar;Ur babarima Elifar.

ASCB: 36ASCB

Hefer a ɔfiri Mekera;Ahiya a ɔfiri Pelon.

ASCB: 37ASCB

Hesro a ɔfiri Karmel;Esbai babarima Naarai.

ASCB: 38ASCB

Natan nuabarima Yoɛl;Hagri babarima Mibhar.

ASCB: 39ASCB

Selek a ɔfiri Amon;Naharai a ɔfiri Beerot (a na ɔyɛ Yoab akodeɛkurafoɔ);

ASCB: 40ASCB

Ira a ɔfiri Yitri;Gareb a ɔfiri Yitri;

ASCB: 41ASCB

Hetini Uria;Ahlai babarima Sabad;

ASCB: 42ASCB

Sisa babarima Adina a na ɔda Rubenfoɔ ano, a na mmarima aduasa ka ne ho;

ASCB: 43ASCB

Maaka babarima Hanan;Yosafat a ɔfiri Mitna;

ASCB: 44ASCB

Usia a ɔfiri Astera;Hotam a ɔfiri Aroer mmammarima Sama ne Yeiel;

ASCB: 45ASCB

Simri babarima Yediael;Yoha ne nuabarima a ɔfiri Tis;

ASCB: 46ASCB

Eliel a ɔfiri Mahawi;Elnaam mmammarima Yeribai ne Yosawia;Yitma a ɔfiri Moab;

ASCB: 47ASCB

Eliel ne Obed;Yaasiel a ɔfiri Soba.