Skip to main content

Scripture

Odiyifo Sakaria Nhoma 7

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Sakaria Nhoma 7 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ɔhene Dario adedi mfe anan so no, Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn ɔsram a ɛto so akron a wɔfrɛ no Kislev no da ɛto so anan no mu.

AKCB: 2AKCB

Na Bet-Elfo asoma Sareser ne Regem-Melek ne wɔn mmarima sɛ wɔnkɔsrɛ Awurade.

AKCB: 3AKCB

Wɔmfa asɔfo a wɔwɔ Asafo Awurade fi ne adiyifo so mmisa se, “Menkɔ so ntwa adwo, nni mmuada wɔ ɔsram a ɛto so anum no mu, sɛnea mayɛ no mfe bebree a atwa mu no ana?”

AKCB: 4AKCB

Afei Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn se,

AKCB: 5AKCB

“Bisa asase no so nnipa nyinaa ne asɔfo no se, ‘Mfe aduɔson a atwam no, sɛ mudii mmuada na mutwaa adwo wɔ asram anum ne ason so no, na ɛyɛ ampa sɛ me nti na mudi mmuada no ana?

AKCB: 6AKCB

Bere a mudidi na monom no, na ɛnyɛ mo ara na moyɛ de gye mo ani ana?

AKCB: 7AKCB

Ɛnyɛ saa nsɛm yi ara na Awurade faa kan adiyifo so paee mu kae, wɔ bere a Yerusalem ne nkurow a atwa ne ho ahyia no wɔ asomdwoe ne nkɔso no, bere a na nnipa akɔtena Negeb ne atɔe fam nkoko no so ana?’ ”

AKCB: 8AKCB

Na Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn bio:

AKCB: 9AKCB

“Sɛɛ na Asafo Awurade se, ‘Mummu atɛn a ɛyɛ nokware na munnya ahummɔbɔ ne ayamhyehye mma mo ho mo ho.

AKCB: 10AKCB

Monnhyɛ akunafo, ayisaa, ahɔho ne ahiafo so. Monnnwene bɔne mo koma mu mma mo ho mo ho.’

AKCB: 11AKCB

“Nanso wɔantie; wɔde asoɔden dan wɔn akyi na wosisiw wɔn aso.

AKCB: 12AKCB

Wɔyɛɛ wɔn koma den sɛ ɔtwɛrebo, na wɔantie mmara anaa nsɛm a Asafo Awurade nam ne Honhom so de somaa kan adiyifo no. Ɛno nti, Asafo Awurade bo fuw yiye.

AKCB: 13AKCB

“ ‘Mefrɛe no, wɔannye me so, enti wɔfrɛ a merennye wɔn so,’ sɛnea Asafo Awurade se ni.

AKCB: 14AKCB

‘Mede mfɛtɛ bɔɔ wɔn petee aman nyinaa so ma wɔkɔyɛɛ ahɔho wɔ hɔ. Asase a wogyaw no daa mpan a obiara ntwa mu wɔ hɔ. Sɛɛ na wɔyɛ maa asase fɛfɛɛfɛ no sɛee.’ ”