Skip to main content

Scripture

Odiyifo Sakaria Nhoma 4

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Sakaria Nhoma 4 Bible text

AKCB: 1AKCB

Afei ɔbɔfo a ɔne me kasae no san nʼakyi benyan me, sɛnea wonyan obi fi ne nna mu no.

AKCB: 2AKCB

Obisaa me se, “Dɛn na wuhu yi?”Mibuae se, “Mihu kaneadua a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a kuruwa si so, na akanea ason a biara wɔ ne dorobɛn sisi so.

AKCB: 3AKCB

Bio, ngonnua abien sisi ho, baako wɔ kuruwa no nifa so, na baako nso wɔ ne benkum so.”

AKCB: 4AKCB

Mibisaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no se, “Eyinom yɛ dɛn, me wura?”

AKCB: 5AKCB

Obuae se, “Wunnim nea eyinom yɛ ana?”Mekae se, “Dabi, me wura.”

AKCB: 6AKCB

Enti ɔka kyerɛɛ me se, “Eyi ne Awurade asɛm a ɔde rekɔma Serubabel: ‘Ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden so, na mmom, ɛnam me Honhom so,’ sɛnea Asafo Awurade se ni.

AKCB: 7AKCB

“Woyɛ dɛn, bepɔw kɛse ana? Serubabel anim no wobɛyɛ asase tamaa. Afei ɔde abo afɛɛfɛ no bɛba abehyia osebɔ se, ‘Onyankopɔn nhyira so! Onyankopɔn nhyira so!’ ”

AKCB: 8AKCB

Na Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

AKCB: 9AKCB

“Serubabel nsa na ato asɔredan yi fapem, ne nsa nso na ebewie. Na mubehu sɛ, Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn.

AKCB: 10AKCB

“Hena na obu nneɛma nketenkete mfiaseda animtiaa? Sɛ nnipa hu sɛ Serubabel kura kirebennyɛ susudua no a, wɔn ani begye.“(Saa ani ason yi yɛ Awurade ani a ɛhwɛ wiase mmaa nyinaa.)”

AKCB: 11AKCB

Na mibisaa ɔbɔfo no se, “Saa ngonnua abien no a esisi kaneadua no nifa ne benkum no yɛ dɛn?”

AKCB: 12AKCB

Na mibisaa no bio se, “Ngodua mman abien a ehwie ngo a ani yɛ akokɔsrade fa sikakɔkɔɔ dorobɛn abien no mu no yɛ dɛn?”

AKCB: 13AKCB

Obuae se, “Enti wunnim nea eyinom yɛ ana?”Mibuae se, “Dabi, me wura.”

AKCB: 14AKCB

Nti ɔkae se, “Eyinom ne baanu a wɔasra wɔn ngo sɛ wɔnsom Awurade a odi wiase nyinaa so no.”