Skip to main content

Scripture

Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Romafo 16

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Romafo 16 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mede yɛn nuabea Foibe a ɔsom Kenkrea asafo no hyɛ mo nsa.

AKCB: 2AKCB

Munnye no wɔ Awurade din mu sɛnea ɛsɛ sɛ Onyankopɔn manfo yɛ, na mmoa biara a ɛho hia no wɔ mo nkyɛn no, momfa mmoa no. Efisɛ waboa nnipa bebree ne me nso.

AKCB: 3AKCB

Mikyia Priska ne Akwila a wɔyɛ me nuanom adwumayɛfo wɔ Kristo Yesu mu

AKCB: 4AKCB

a wɔpaa wɔn nkwa akyi maa me no. Meda wɔn ase bebree; ɛnyɛ me nko, na mmom amanamanmufo asafo no nyinaa.

AKCB: 5AKCB

Asafo a wohyia wɔ wɔn fi no nso mikyia wɔn.Munkyia mʼadamfo pa Epaineto a ɔno ne onipa a odii kan gyee Kristo dii wɔ Asia mantam mu no mma me.

AKCB: 6AKCB

Mikyia Maria a ɔyɛɛ adwuma dennen maa me no nso.

AKCB: 7AKCB

Mikyia Androniko ne Yunia. Mikyia me nuanom Yudafo a me ne wɔn daa afiase a wɔagye din yiye wɔ asomafo no mu, na wodii me kan wɔ Kristo mu no.

AKCB: 8AKCB

Mikyia mʼAwurade mu dɔfo Amplia.

AKCB: 9AKCB

Mikyia Ubano a yɛne no somee wɔ Kristo mu. Saa ara nso na mikyia mʼadamfo pa Staki.

AKCB: 10AKCB

Mikyia Apele a ne Kristosom mu nokware ada adi no.Mikyia Aristobulo abusuafo nyinaa.

AKCB: 11AKCB

Mikyia me kuromni Yudani Herodion ne ne nuanom Kristofo a wofi Narkiso fi.

AKCB: 12AKCB

Mikyia Trifaina ne Trifosa mmea a wɔbɔ Awurade som mu mmɔden no.Saa ara nso na mikyia mʼadamfo Persi a ɔno nso yɛ ɔbea a wabɔ mmɔden aboa Awurade som no.

AKCB: 13AKCB

Mikyia Rufo a wadi dwuma kɛse wɔ Awurade som mu no. Mikyia Rufo a ɔfaa me sɛ ne ba no nso.

AKCB: 14AKCB

Mikyia Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma, ne anuanom Kristofo a wɔka wɔn ho nyinaa.

AKCB: 15AKCB

Mikyia Filologo ne Yulea, Nereo ne ne nuabea ne Olimpa ne Onyankopɔn manfo a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa.

AKCB: 16AKCB

Momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho mo ho.Kristo asafo no nyinaa kyia mo.

AKCB: 17AKCB

Anuanom, mitu mo fo se monhwɛ wɔn a wɔde mpaapaemu ne wɔn a wɔsɛe afoforo gyidi na wotia nkyerɛkyerɛ a moanya no yiye no; montwe mo ho mfi wɔn ho.

AKCB: 18AKCB

Efisɛ wɔn a wɔyɛ saa no nsom Kristo, yɛn Awurade no; na mmom wɔsom biribiara a wɔpɛ na eye ma wɔn. Wɔdɛfɛdɛfɛ wɔn a wonnim hwee.

AKCB: 19AKCB

Obiara ate gyidi a mowɔ wɔ Asɛmpa no mu no. Ɛno nti, ɛma mʼani gye mo ho. Mepɛ sɛ mo ani tew wɔ nneɛma pa ho na mokata mo ani wɔ bɔne ho.

AKCB: 20AKCB

Na Onyankopɔn a ɔbrɛ yɛn asomdwoe no bɛpɛtɛw Satan wɔ mo anan ase.Yɛn Awurade Yesu Kristo dom nka mo.

AKCB: 21AKCB

Me yɔnko Timoteo se okyia mo. Saa ara nso na Lukio, Yason ne Sosipatro a wɔyɛ me nuanom Yudafo no nso kyia mo.

AKCB: 22AKCB

Me Tertio, a meyɛ ɔkyerɛwfo ma Paulo yi nso, mede Awurade din kyia mo.

AKCB: 23AKCB

Gaio a asafo no hyia wɔ ne fi no nso kyia mo.Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafo ne yɛn nua Kwarto se wokyia mo.

AKCB: 24AKCB

Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.

AKCB: 25AKCB

Momma yenyi Onyankopɔn ayɛ! Ɔno na otumi ma mo gyina pintinn wɔ mo gyidi mu sɛnea mekaa wɔ Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho kyerɛɛ mo no. Sɛnea medaa nokware ahintasɛm a efi teteete no adi kyerɛɛ mo no,

AKCB: 26AKCB

wɔnam adiyifo kyerɛwsɛm a efi Onyankopɔn Teasefo no nkyɛn ada ahintasɛm yi adi ama wɔahu sɛnea aman nyinaa begye adi na wɔayɛ osetie ama no.

AKCB: 27AKCB

Ɔno, Onyankopɔn nyansafo no na anuonyam nka no wɔ Yesu Kristo mu daa daa! Amen.