Skip to main content

Scripture

Yohane Adiyisɛm 7

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Yohane Adiyisɛm 7 Bible text

AKCB: 1AKCB

Eyi akyi no, mihuu abɔfo baanan sɛ wogyinagyina asase ntwea anan no so a wɔretwe mframanan a ɛwɔ asase so no, sɛnea ɛbɛyɛ a mframa biara remmɔ wɔ asase ne po so ne baabiara.

AKCB: 2AKCB

Na mihuu ɔbɔfo foforo a ofi apuei reba a okura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔwano. Ɔteɛɛ mu frɛɛ abɔfo baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne po no.

AKCB: 3AKCB

Ɔbɔfo no kae se, “Monnsɛe asase ne po anaa nnua kosi sɛ yɛde nsɔwano bɛhyɛ Onyankopɔn asomfo no agyirae.”

AKCB: 4AKCB

Na wɔkyerɛɛ me wɔn a wɔde Onyankopɔn nsɔwano hyɛɛ wɔn agyirae wɔ wɔn moma so no dodow. Wɔn nyinaa dodow yɛ mpem ɔha aduanan anan a, wɔn nyinaa fi Israel mmusuakuw no mu.

AKCB: 5AKCB

Yuda abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).Ruben abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).Gad abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

AKCB: 6AKCB

Aser abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).Naftali abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).Manase abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

AKCB: 7AKCB

Simeon abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).Lewi abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).Isakar abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

AKCB: 8AKCB

Sebulon abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).Yosef abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).Benyamin abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

AKCB: 9AKCB

Eyi akyi no, mihuu nnipakuw a obiara ntumi nkan wɔn dodow. Wofifi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu a wogyinagyina ahengua no ne Oguamma no anim a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa, kurakura berɛw.

AKCB: 10AKCB

Wɔteɛɛ mu se,“Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔna ɔte ahengua no sone Oguamma no.”

AKCB: 11AKCB

Na abɔfo no atwa ahengua no ne mpanyimfo no ne ateasefo baanan no ho ahyia. Afei wobutubutuw ahengua no anim, som Onyankopɔn

AKCB: 12AKCB

kae se,“Amen!Nhyira ne anuonyamne nyansa ne aseda ne nidine tumi ne ahoɔdenyɛ Onyankopɔn de daa daa!Amen!”

AKCB: 13AKCB

Mpanyimfo no mu baako bisaa me se, “Ɛhefo na wɔhyehyɛ ntade fitafitaa yi, na wofi he?”

AKCB: 14AKCB

Mibuae se, “Minnim, owura. Na wo na wunim.”Ɔka kyerɛɛ me se, “Eyinom ne wɔn a wɔafi ɔtaa mu. Wɔde Oguamma no mogya ahoro wɔn ntade ama ayɛ fitaa.

AKCB: 15AKCB

Na ɛno nti na,“wogyinagyina Onyankopɔn ahengua anima wɔresom awia ne anadwo wɔ ne hyiadan mu yi.Nea ɔbɛtena ahengua no so nobɛbɔ wɔn ho ban.

AKCB: 16AKCB

Osukɔm renne wɔn bio;ɔkɔm renne wɔn bio.Owia anaa ɔhyew biara renka wɔn bio.

AKCB: 17AKCB

Efisɛ Oguamma no a ɔwɔ ahengua no mfimfini nobɛyɛ wɔn guanhwɛfode wɔn akɔ nkwa asuti ho.Na Onyankopɔn bɛpepa wɔn aniwa mu nisu nyinaa.”