Skip to main content

Scripture

Yohane Adiyisɛm 5

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Yohane Adiyisɛm 5 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mihuu sɛ nea ɔte ahengua so no kura nhoma bi wɔ ne nsa nifa mu. Na wɔakyerɛw akyi ne anim nyinaa a wɔde nsɔwano ason asosɔw ano.

AKCB: 2AKCB

Mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo bi a ɔde nne kɛse kae se, “Hena na ɔfata sɛ ɔtew nsɔwano no na obue nhoma no mu?”

AKCB: 3AKCB

Nanso wɔannya obiara a ɔwɔ ɔsoro anaa asase so anaa asase ase a otumi buee nhoma no mu hwɛɛ mu.

AKCB: 4AKCB

Misui yiye, efisɛ wɔannya obiara a ɔfata sɛ obue nhoma no mu na ɔhwɛ mu.

AKCB: 5AKCB

Afei ɔpanyin baako ka kyerɛɛ me se, “Nsu. Hwɛ! Gyata a ofi Yuda abusuakuw mu a ɔyɛ Dawid aseni adi nkonim, na obetumi atetew nsɔwano ason no na wabue nhoma no mu.”

AKCB: 6AKCB

Afei mihuu Oguamma bi sɛ ogyina ahengua no mfimfini a ateasefo baanan no ne mpanyimfo no atwa ne ho ahyia. Wɔhwɛ a na Oguamma no sɛ nea wɔakum no. Na ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason a egyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom ason no a wɔasoma wɔn aba wiase no.

AKCB: 7AKCB

Oguamma no kogyee nhoma no fii nea ɔte ahengua so no nsa nifa mu.

AKCB: 8AKCB

Ɔyɛɛ saa no, ateasefo baanan no ne mpanyimfo aduonu anan no butubutuw Oguamma no anim. Na wɔn mu biara kura sanku ne sika ayowa a aduhuam ayɛ no ma a ɛyɛ ahotefo mpae.

AKCB: 9AKCB

Wɔtoo dwom foforo se,“Wofata sɛ wofa nhoma nona wotew ne nsɔwano no.Efisɛ wokum wo,na ɛnam wo wu so ma wɔtɔɔ nnipa fii aman nemmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu maa Onyankopɔn.

AKCB: 10AKCB

Wɔayɛ wɔn asɔfo ahemman sɛ wɔnsom yɛn Nyankopɔnna wobedi asase so hene.”

AKCB: 11AKCB

Bio mehwɛe, na metee abɔfo mpempem nka. Na wɔatwa ahengua no ne ateasefo baanan no ne mpanyimfo no ho ahyia

AKCB: 12AKCB

reto dwom dennen se,“Oguamma a wokum no no fata sɛogye tumi, ahonya, nyansa ne ahoɔdenne nidi ne anuonyam ne nkamfo!”

AKCB: 13AKCB

Na metee sɛ abɔde a wɔwɔ ɔsoro, asase so, asase ase ne abɔde biara a ɛwɔ po mu ne abɔde biara a ɛwɔ wiase nyinaa reto dwom se,“Nhyira ne nidi ne anuonyam ne tumi,nka nea ɔte ahengua no so ne Oguamma no,daa daa!”

AKCB: 14AKCB

Abɔde anan no gyee so se, “Amen!” Na mpanyimfo no butubutuw hɔ somee.