Skip to main content

Scripture

Yohane Adiyisɛm 15

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Yohane Adiyisɛm 15 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mihuu ade foforo bi a ɛso na ɛyɛ nwonwa wɔ ɔsoro. Na wɔyɛ abɔfo baason a wokura ɔhaw ason a ɛno ne ɔhaw a etwa to, efisɛ ɛno na ɛkyerɛ Onyankopɔn abufuw a etwa to no.

AKCB: 2AKCB

Afei mihuu biribi te sɛ ahwehwɛ po a wɔde ogya afra redɛw. Afei mihuu wɔn a wɔadi aboa no ne ne sɛso honi ne nea wɔde agyirae asi ne din anan mu no so nkonim. Na wogyinagyina ahwehwɛ po no ho a wokurakura asanku a Onyankopɔn de ama wɔn no.

AKCB: 3AKCB

Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose ne Oguamma no dwom se,“Awurade, Otumfo Nyankopɔn,wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwaAmansan hene,wʼakwan teɛ na ɛyɛ nokware.

AKCB: 4AKCB

Hena na ɔrensuro wo, Awurade?Hena na ɔrenka wo kɛseyɛ?Wo nko na woyɛ kronkron.Aman nyinaa bɛbaabɛsom wɔ wʼanim,efisɛ obiara ahu wo nnwuma trenee no.”

AKCB: 5AKCB

Eyi akyi no, mihuu sɛ asɔredan a ɛwɔ ɔsoro hɔ Kronkron mu Kronkron no abue a adanse ntamadan si mu.

AKCB: 6AKCB

Abɔfo baason a wɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmfa ɔhaw ason mmra no pue fii asɔredan no mu a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a wɔbobɔ sikakɔkɔɔ abɔso wɔ wɔn koko so.

AKCB: 7AKCB

Afei ateasefo baanan no mu baako maa abɔfo baason no sikakɔkɔɔ nkuruwa ason a Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuw ahyɛ no ma.

AKCB: 8AKCB

Wusiw a efi Onyankopɔn anuonyam ne ne tumi mu no hyɛɛ asɔredan no ma. Na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kosii sɛ ɔhaw ason a abɔfo baason no de bae no to twae.