Skip to main content

Scripture

Yohane Adiyisɛm 12

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Yohane Adiyisɛm 12 Bible text

AKCB: 1AKCB

Afei nsɛnkyerɛnne kɛse bi daa ne ho adi wɔ ɔsoro. Ɔbea bi, na nʼatade yɛ owia a ɔsram wɔ ne nan ase, na nsoromma dumien ahenkyɛw hyɛ no.

AKCB: 2AKCB

Na ɔyem a ɔrebɛwo, na awoyaw nti na ɔresu.

AKCB: 3AKCB

Nsɛnkyerɛnne kɛse foforo bi daa ne ho adi wɔ ɔsoro: Ɔwɔ kɔkɔɔ kakraka bi a ne ti yɛ ason na ɔwɔ mmɛn du a ahenkyɛw hyehyɛ biara so.

AKCB: 4AKCB

Ɔde ne dua twee nsoromma a ɛwɔ ɔsoro no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako tow wɔn guu fam. Ogyinaa ɔbea a ɔrewo no anim, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔwo ɔba no to hɔ ara pɛ, ɔbɛfa abofra no awe.

AKCB: 5AKCB

Afei ɔbea no woo abarimaa a ɔde nsa a ɛyɛ den bedi aman nyinaa so. Nanso wohwim abofra no kɔɔ Onyankopɔn ne nʼahengua ho.

AKCB: 6AKCB

Ɔbea no guan kɔɔ sare so baabi a Onyankopɔn asiesie ama no a wɔbɛhwɛ no yiye wɔ nnafua mpem ahannu aduosia mu.

AKCB: 7AKCB

Afei ɔko sii ɔsoro hɔ. Mikael ne nʼabɔfo ko tiaa ɔwɔ no, na ɔno nso ne nʼabɔfo ko tiae.

AKCB: 8AKCB

Nanso wodii ɔwɔ no so nkonim na wɔamma ɔne nʼabɔfo antena ɔsoro bio.

AKCB: 9AKCB

Wɔtow ɔwɔ kakraka no kyenee. Ɔno ne ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam a ɔdaadaa wiase nyinaa no. Wɔtow ɔno ne nʼabɔfo nyinaa guu asase so.

AKCB: 10AKCB

Afei metee nne dennen bi wɔ ɔsoro a ɛka se,“Afei na Onyankopɔn nkwagye aba!Afei na Onyankopɔn akyerɛ ne tumi sɛ ɔyɛ Ɔhene!Afei na nʼAgyenkwa no akyerɛ ne tumi,efisɛ yɛn nuanom no ahohorabɔni aogyinaa Onyankopɔn anim bɔɔ wɔn ahohora awia ne anadwo no,wɔapam no afi ɔsoro.

AKCB: 11AKCB

Yɛn nuanom no nam Oguamma no mogya sone nokware a ɔdaa no adi no sodii ne so nkonim.Na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto hɔna wɔawuwu.

AKCB: 12AKCB

Enti mo ɔsoro ne mo a motete hɔ no,momma mo ani nnye.Afei asase ne po nnue!Efisɛ ɔbonsam no atoa mona ne bo afuwefisɛ onim sɛ, ne bere a aka sua.”

AKCB: 13AKCB

Bere a ɔwɔ no huu sɛ wɔatow no akyene asase so no, ɔtaa ɔbea a wawo abarimaa no.

AKCB: 14AKCB

Wɔmaa ɔbea no ɔkɔre ntaban akɛse abien, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atu akɔ faako a wɔasiesie ama no wɔ sare so hɔ a wɔbɛhwɛ no mfe abiɛsa ne fa sɛnea ɔwɔ no renni nʼakyi bio.

AKCB: 15AKCB

Afei ɔwɔ no puw nsu te sɛ asubɔnten dii ɔbea no akyi sɛnea ɛbɛyɛ a, ɛbɛfa no.

AKCB: 16AKCB

Nanso asase boaa ɔbea no. Ebuee nʼanom nom nsu a ɔwɔ no puw guu hɔ no nyinaa.

AKCB: 17AKCB

Ɔwɔ no bo fuw ɔbea no, enti ɔkɔ de ntɔkwaw kɔkaa ɔbea no asefo a wɔaka a ɛyɛ wɔn a wodi Onyankopɔn mmara so na wogye nokware a Yesu ada no adi no di no.

AKCB: 18AKCB

Na ɔwɔ no kogyinaa mpoano hɔ.