Skip to main content

Scripture

Nnwom 97

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 97 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade di hene, ma asase ani nnye;ma akyirikyiri mpoano ahorow no nsɛpɛw wɔn ho.

AKCB: 2AKCB

Omununkum ne sum kabii atwa no ho ahyia;trenee ne atɛntrenee yɛ nʼahengua no fapem.

AKCB: 3AKCB

Ogya di nʼanimna ɛhyew nʼatamfo wɔ afanan nyinaa.

AKCB: 4AKCB

Nʼanyinam hyerɛn wiase;asase hu na ne ho popo.

AKCB: 5AKCB

Mmepɔw nan sɛ nku wɔ Awurade anim, Awurade a asase nyinaa wɔ no no anim.

AKCB: 6AKCB

Ɔsoro pae mu ka ne trenee kyerɛna aman nyinaa hu nʼanuonyam.

AKCB: 7AKCB

Ahonisomfo nyinaa anim agu ase,wɔn a wɔde abosomhuhuw hoahoa wɔn ho no,anyame nyinaa monsɔre no.

AKCB: 8AKCB

Sion te, na ne ho sɛpɛw nona Yuda nkuraa ani gye Awurade, esiane wʼatɛntrenee nti.

AKCB: 9AKCB

Wo, Awurade ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa;wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu.

AKCB: 10AKCB

Ma wɔn a wɔdɔ Awurade no nkyi bɔne,ɔbɔ ne nkurɔfo a wɔyɛ nokwafo no ho banna ogye wɔn fi amumɔyɛfo nsam.

AKCB: 11AKCB

Hann hyerɛn wɔ atreneefo sona anigye ba wɔn a wɔn koma mu tew no so.

AKCB: 12AKCB

Momma mo ani nnye Awurade mu, mo a moyɛ atreneefo,na monkamfo ne din kronkron no.