Scripture
Nnwom 74
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 74 Bible text
Ao, Onyankopɔn, adɛn nti na woapo yɛn koraa yi?Adɛn nti na wʼabufuw hyew wʼadidibea nguan?
Kae nkurɔfo a wotɔɔ wɔn teteete no,abusua a ɛyɛ wʼagyapade a wugyee wɔn no,Bepɔw Sion, faako a wote hɔ.
Dan wʼanammɔntu kyerɛ saa nnwiriwii a ɛto ntwa da yi,ɔtamfo no de saa ɔsɛe yi nyinaa aba wo kronkronbea no so.
Wɔkaa wɔ wɔn koma mu se, “Yebetiatia wɔn so ayɛ wɔn pasaa!”Wɔhyew baabiara a wɔsom Onyankopɔn wɔ asase no so.
Wɔmmaa yɛn nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ nwonwa biara;adiyifo no asa,na yɛn mu biara nnim nna dodow a ebedi.
Onyankopɔn, wʼatamfo bɛserew wo akosi da bɛn?Wɔn a wokyi wo no begu wo din ho fi daa ana?
Mmfa wʼaborɔnoma nkwa mma nkekaboa;mma wo werɛ mfi wo nkurɔfo a wɔrehu amane no nkwa afebɔɔ.
Ao, Onyankopɔn, ma wo ho so na ka wo ara wʼasɛm;kae sɛnea nkwaseafo serew wo da mu nyinaa.
Mmu wʼani ngu wɔn a wɔsɔre tia wo no nteɛteɛmu so,wʼatamfo gyegyeegyeyɛ a ɛkɔ soro daa no.Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Wɔnto no sɛnea wɔto “Nsɛe No” nne so.