Skip to main content

Scripture

Nnwom 132

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 132 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade kae Dawidne ɔhaw ahorow a ogyinaa ano no.

AKCB: 2AKCB

Ɔkaa Awurade ntam,na ɔhyɛɛ nea ɔyɛ Otumfo ma Yakob no bɔ se,

AKCB: 3AKCB

“Merenhyɛn me fina merenkɔda me mpa so,

AKCB: 4AKCB

meremma nna mmfa mena meremma mʼani nkum,

AKCB: 5AKCB

kosi sɛ menya baabi ama Awurade,baabi a nea ɔyɛ Otumfo ma Yakob No bɛtena.”

AKCB: 6AKCB

Yɛtee wɔ Efrata,yɛbɛtoo so wɔ Yaar mfuw so.

AKCB: 7AKCB

“Momma yɛnkɔ nʼatenae;momma yɛnsom wɔ ne nan ntiaso hɔ.

AKCB: 8AKCB

‘Awurade, sɔre bra wʼahomegyebea,wo ne wo tumi adaka no.

AKCB: 9AKCB

Ma trenee nyɛ sɛ ntade mma wʼasɔfo;ma wʼahotefo nto ahurusi nnwom.’ ”

AKCB: 10AKCB

Wo somfo Dawid nti,nyi wʼani mfi nea woasra no ngo no so.

AKCB: 11AKCB

Awurade kaa ntam kyerɛɛ Dawid,nokware ntam a ɔntwe nsan se,“Wʼasefo no mu baakona mede no bɛtena wʼahengua so.

AKCB: 12AKCB

Sɛ wo mmabarima di mʼapam sona wotie me nkyerɛkyerɛ a,ɛno de wɔn mmabarima bɛtenawʼahengua so afebɔɔ.”

AKCB: 13AKCB

Awurade ayi Sion,ɔde hɔ ayɛ nʼatenae:

AKCB: 14AKCB

“Ɛha ne mʼahomegyebea daa nyinaa;ɛha na mɛtena adi hene, efisɛ ha na mepɛ,

AKCB: 15AKCB

mede nneɛma pa bebree behyira nona mama nʼahiafo adidi amee.

AKCB: 16AKCB

Mede nkwagye befura nʼasɔfo,na nʼahotewfo ato ahurusi nnwom daa.

AKCB: 17AKCB

“Mɛma obirɛmpɔn bi apue wɔ Dawid ahenni mu,na mede kanea asi hɔ ama nea masra no ngo no.

AKCB: 18AKCB

Mede aniwu befura nʼatamfo,nanso wɔbɛhyɛ no ahenkyɛw a ɛhyerɛn.”