Skip to main content

Scripture

Nnwom 129

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 129 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase,ma Israel nka ɛ.

AKCB: 2AKCB

“Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase,nanso wontumi nnii me so nkonim ɛ.

AKCB: 3AKCB

Fɛntɛmfo afɛntɛm mʼakyiayɛ wɔn nkɔmoa atenten.

AKCB: 4AKCB

Nanso Awurade yɛ ɔtreneeni;watwitwa amumɔyɛfo hama afi me ho ama made me ho.”

AKCB: 5AKCB

Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaamfa animguase nsan wɔn akyi.

AKCB: 6AKCB

Ma wɔnnyɛ sɛ sare a ɛwɔ ɔdan atifi,a ennyin na ɛhyew;

AKCB: 7AKCB

na nnɔbaetwafo ntumi nnya biribi mfi mu nhyɛ ne nsa ma,na nea ɔboaboa ano nso nnya hwee nhyɛ nʼabasa ma.

AKCB: 8AKCB

Mma wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no nka se,“Awurade nhyira mmra mo so;yehyira mo wɔ Awurade din mu.”