Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 18

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 18 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ɔhonamkani yɛ pɛsɛmenkominya;na nea ɛmfa atɛntrenee mma no turuw ɔham.

AKCB: 2AKCB

Ɔkwasea nni nhumu ho anigye,na mmom nea ɔpɛ ara ne sɛ ɔde nʼadwene bɛto gua.

AKCB: 3AKCB

Sɛ amumɔyɛsɛm ba a animtiaabu di so,na aniwu nso di animguase akyi.

AKCB: 4AKCB

Onipa anom nsɛm yɛ nsu a emu dɔ,na nyansa asuti yɛ asuwa a ɛrefi ahuru.

AKCB: 5AKCB

Enye sɛ wodi ma omumɔyɛfoanaasɛ wobu nea odi bem ntɛnkyew.

AKCB: 6AKCB

Nkwaseafo ano de akasakasa ba,na wɔn ano frɛfrɛ ɔhwe.

AKCB: 7AKCB

Nkwaseafo ano yɛ wɔn ara wɔn sɛe,na wɔn anofafa yɛ wɔn ara wɔn kra afiri.

AKCB: 8AKCB

Osekuni ano asɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ;ɛhyɛnhyɛn onipa akwaa mu nyinaa.

AKCB: 9AKCB

Nea ɔtoto nʼadwuma ase noyɛ ɔsɛefo nuabarima.

AKCB: 10AKCB

Awurade din yɛ abantenten a ɛyɛ den;ahotefo guan kɔtoa na wonya bammɔ.

AKCB: 11AKCB

Adefo ahonyade ne wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho banwɔfa no sɛ ɔfasu tenten a wontumi mforo.

AKCB: 12AKCB

Ansa na onipa bɛhwe ase no onya ahomaso koma,na ahobrɛase di anuonyam anim.

AKCB: 13AKCB

Nea ontie asɛm ansa na wama mmuae no,ɛno ne ne gyimi ne nʼanimguase.

AKCB: 14AKCB

Onipa honhom na ɛhyɛ no den wɔ ɔyare muna honhom a abotow de, hena na ɔpɛ?

AKCB: 15AKCB

Nhumu koma nya nimdeɛ;na anyansafo aso nso hwehwɛ.

AKCB: 16AKCB

Akyɛde bue kwan ma nea ɔde mana ɛde no ba atitiriw anim.

AKCB: 17AKCB

Ɛyɛ nea ɔbɔ ne nkuro kan no sɛ nʼasɛm yɛ dɛ,kosi sɛ ɔfoforo bɛba abebisa no nsɛm no mu.

AKCB: 18AKCB

Ntontobɔ twa akyinnyegye so,na ɛpata atamfo.

AKCB: 19AKCB

Onua a wɔafom no no asɛm yɛ den sen kuropɔn a ɛwɔ bammɔ,akyinnyegye te sɛ abankɛse apon a wɔabram akyi.

AKCB: 20AKCB

Onipa anom asɛm so aba ma ɔyafunu mee,nnɔbae a nʼanofafa twa no mee no.

AKCB: 21AKCB

Tɛkrɛma kura nkwa ne owu tumi,na wɔn a wɔdɔ no no bedi nʼaba.

AKCB: 22AKCB

Nea wanya yere no anya ade pana onya adom fi Awurade hɔ.

AKCB: 23AKCB

Ohiani srɛ ahummɔbɔ,nanso ɔdefo de kasaden bua no.

AKCB: 24AKCB

Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso betumi ahwe ase,nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asen onua.