Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 1

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 1 Bible text

AKCB: 1AKCB

Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmebusɛm ni:

AKCB: 2AKCB

Ne botae ne sɛ ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛso;ne sɛ ɛbɛboa ama wɔate nsɛm a emu dɔ ase;

AKCB: 3AKCB

sɛ wobenya akwankyerɛ wɔ abrabɔ pa mu,a ɛbɛma wɔayɛ ade pa, nea ɛteɛ na ho nni asɛm;

AKCB: 4AKCB

sɛ ɛbɛma nea nʼadwene mu nnɔ anya nyansana mmabun anya nimdeɛ ne adwene,

AKCB: 5AKCB

anyansafo ntie na wɔmfa nka nea wonim ho,na nea ɔwɔ nhumu nya akwankyerɛ a

AKCB: 6AKCB

ɛbɛma wate mmɛ ne kasammebu,anyansafo nsɛnka ne abisaa ase.

AKCB: 7AKCB

Awurade suro yɛ nimdeɛ mfiase,na nkwaseafo bu nyansa ne ahohyɛso animtiaa.

AKCB: 8AKCB

Me ba, tie wʼagya akwankyerɛna mpo wo na nkyerɛkyerɛ.

AKCB: 9AKCB

Ɛbɛyɛ wo ti anuonyam abotirine wo kɔn mu atweaban.

AKCB: 10AKCB

Me ba, sɛ nnebɔneyɛfo twetwe wo a,mma wɔn ho kwan.

AKCB: 11AKCB

Sɛ wɔka se, “Bra ma yɛnkɔ;ma yɛnkɔtetɛw na yenkum obi,ma yɛnkɔtɛw ntwɛn mmɔborɔni bi;

AKCB: 12AKCB

ma yɛmmemene wɔn anikann sɛ ɔda,koraa, te sɛ wɔn a wɔkɔ ɔda mu;

AKCB: 13AKCB

yebenya nneɛma a ɛsom bo ahorowna yɛde asade ahyɛ yɛn afi ma;

AKCB: 14AKCB

fa wo ho bɛhyɛ mu,na wubenya wo kyɛfa wɔ ahonyade no mu.”

AKCB: 15AKCB

Me ba, wo ne wɔn nnantew,mfa wo nan nsi wɔn akwan so;

AKCB: 16AKCB

Wɔn anan de ntɛmpɛ kɔ bɔne mu,na wɔde ahoɔhare ka mogya gu.

AKCB: 17AKCB

So nni mfaso sɛ obi besum nnomaafiriwɔ beae a anomaa biara hu!

AKCB: 18AKCB

Saa nnipa yi tetɛw pɛ wɔn ankasa mogya;wɔtetɛw wɔn ankasa wɔn ho!

AKCB: 19AKCB

Saa na wɔn a wodi akorɔnne akyi no awiei te;ɛma wɔhwere wɔn nkwa!

AKCB: 20AKCB

Nyansa teɛ mu wɔ mmɔnten so,ɔma ne nne so wɔ aguabɔbea,

AKCB: 21AKCB

ɔteɛ mu wɔ afasu no atifi,ɔkasa wɔ kuropɔn no apon ano se,

AKCB: 22AKCB

“Mo adwenharefo, mobɛyɛ adwenhare akosi da bɛn?Fɛwdifo bedi fɛw akosi da bɛn?Nkwaseafo bekyi nimdeɛ akosi da bɛn?

AKCB: 23AKCB

Sɛ mutiee mʼanimka a,anka mekaa me koma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ moma muhuu me nsusuwii.

AKCB: 24AKCB

Nanso sɛ muyii mo aso, bere a mefrɛɛ mona amfa obiara ho, bere a meteɛɛ me nsa mu,

AKCB: 25AKCB

sɛ mopoo mʼafotu,na moampɛ mʼanimka nti,

AKCB: 26AKCB

me nso mɛserew mo wɔ mo amanehunu mu;sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so a, midi mo ho fɛw,

AKCB: 27AKCB

sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so te sɛ ahum,na amanehunu bi bɔ fa mo so sɛ mfɛtɛ,na awerɛhow ne ɔhaw mene mo a,

AKCB: 28AKCB

“Afei wɔbɛfrɛ me, nanso meremmua;wɔbɛhwehwɛ me, nanso wɔrenhu me.

AKCB: 29AKCB

Esiane sɛ wokyii nimdeɛna wɔampɛ sɛ wobesuro Awurade,

AKCB: 30AKCB

sɛ wɔpoo mʼafotu,na wobuu me nteɛso animtiaa nti,

AKCB: 31AKCB

wobedi wɔn akwan so aba;na wɔn nhyehyɛe mu aduan bɛmee wɔn.

AKCB: 32AKCB

Na ntetekwaafo asoɔden bekum wɔn,na nkwaseafo tirimudɛ bɛsɛe wɔn;

AKCB: 33AKCB

Nanso obiara a obetie me no, ɔbɛtena ase asomdwoe muna ne ho bɛtɔ no a ɔrensuro ɔhaw biara.”