Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Nnan (Numeri) 7

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Nnan (Numeri) 7 Bible text

AKCB: 1AKCB

Da a Mose wiee Ahyiae Ntamadan no hyehyɛ no, ɔsraa ho nyinaa ngo, tew mu nneɛma nyinaa ho. Ɔsan sraa afɔremuka ne ho nkuku ne nkaka nyinaa ngo, tew ho nso.

AKCB: 2AKCB

Afei, Israel mpanyimfo ne mmusuakuw no mu mpanyin a wɔhwɛɛ nnipakan no so no nyinaa de wɔn afɔrebɔde bae.

AKCB: 3AKCB

Wɔde nteaseɛnam asia a wɔakatakata ho ne anantwi dumien na ɛbae. Na nteaseɛnam no baako biara yɛ mpanyimfo baanu de, a nantwi baako yɛ wɔn mu biara de. Wɔde ne nyinaa maa Awurade wɔ Ahyiae Ntamadan no anim.

AKCB: 4AKCB

Awurade ka kyerɛɛ Mose se,

AKCB: 5AKCB

“Gye wɔn akyɛde no na fa nteaseɛnam no yɛ Ahyiae Ntamadan no ho adwuma. Fa ma Lewifo no na obiara mfa nni dwuma biara a ɛsɛ sɛ odi.”

AKCB: 6AKCB

Enti Mose de nteaseɛnam no ne anantwi no maa Lewifo no.

AKCB: 7AKCB

Ɔmaa Gerson ne ne nkurɔfo nteaseɛnam abien ne anantwi anan sɛnea na ehia ma wɔn dwumadi,

AKCB: 8AKCB

na ɔmaa Merari ne ne nkurɔfo nso nteaseɛnam anan ne anantwi awotwe a Aaron babarima Itamar na na odi so panyin.

AKCB: 9AKCB

Wɔamma Kohat nkurɔfo nteaseɛnam no bi, efisɛ na ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn kyɛfa a ɛfa Ahyiae Ntamadan no ho nneɛma no ho no wɔ wɔn mmati so.

AKCB: 10AKCB

Mpanyimfo a wodi anim no nso de nsrabɔ akyɛde beguu afɔremuka no anim da a wɔresra afɔremuka no ngo no.

AKCB: 11AKCB

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kyekyɛ nna a obiara de nʼafɔrebɔde bɛba afɔremuka no so.”

AKCB: 12AKCB

Aminadab babarima Nahson a ofi Yuda abusuakuw mu na ɔde nʼafɔrebɔde baa da a edi kan no.

AKCB: 13AKCB

Nneɛma a ɔde bae no yɛ:dwetɛ prɛte baako a emu duru yɛ kilogram baako ne fa, dwetɛ kuruwa kɛse bi a ɛbɛyɛ kilogram baako a ne nyinaa na wɔde asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama;

AKCB: 14AKCB

sikakɔkɔɔ adaka baako a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

AKCB: 15AKCB

ɔde nantwinini ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔrebɔde.

AKCB: 16AKCB

Wɔde ɔpapo bae sɛ bɔne ho afɔrebɔde

AKCB: 17AKCB

ne anantwi abien, adwennini anum, mmirekyi anum ne nguantenmma a wɔn mu biara adi afe, anum bae sɛ wɔn asomdwoe afɔrebɔde.Eyi ne Nahson, Aminadab ba afɔrebɔde.

AKCB: 18AKCB

Da a ɛto so abien no, Suar babarima Netanel a ɔda Isakar abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

AKCB: 19AKCB

Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama.

AKCB: 20AKCB

Sikakɔkɔɔ nnwetɛbona baako a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

AKCB: 21AKCB

nantwi ba, odwennini ne oguamma a wɔadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,

AKCB: 22AKCB

ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre

AKCB: 23AKCB

ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.Eyi ne afɔre a Suar babarima Netanel de bae.

AKCB: 24AKCB

Ne nnansa so no, Helon babarima Eliab a ɔda Sebulon abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

AKCB: 25AKCB

Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama;

AKCB: 26AKCB

sikakɔkɔɔ akorade a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

AKCB: 27AKCB

nantwi ba, odwennini ne oguamma a wɔadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,

AKCB: 28AKCB

ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre

AKCB: 29AKCB

ne anantwi abien, adwennini anum ne mpapo anum sɛ asomdwoe afɔre.Eyi ne afɔre a Helon babarima Eliab de bae.

AKCB: 30AKCB

Ne nnaanan so no, Sedeur babarima Elisur a ɔda Ruben abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

AKCB: 31AKCB

Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama.

AKCB: 32AKCB

Sikakɔkɔɔ akorade a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma.

AKCB: 33AKCB

Nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,

AKCB: 34AKCB

ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

AKCB: 35AKCB

ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe.Eyi ne afɔre a Sedeur babarima Elisur de bae.

AKCB: 36AKCB

Ne nnaanum so no, Surisadai babarima Selumiel a ɔda Simeon abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

AKCB: 37AKCB

Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama;

AKCB: 38AKCB

sikakɔkɔɔ akorade a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

AKCB: 39AKCB

nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wɔadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,

AKCB: 40AKCB

ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre,

AKCB: 41AKCB

ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre bae.Eyi ne afɔre a Surisadai ba Selumiel de bae.

AKCB: 42AKCB

Ne nnansia so no, Deguel babarima Eliasaf a ɔda Gad abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

AKCB: 43AKCB

Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;

AKCB: 44AKCB

sikakɔkɔɔ akorade bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

AKCB: 45AKCB

nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,

AKCB: 46AKCB

ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

AKCB: 47AKCB

anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.Eyi ne afɔre a Deguel ba Eliasaf de bae.

AKCB: 48AKCB

Ne nnanson so no, Amihud babarima Elisama a ɔda Efraim abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

AKCB: 49AKCB

Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;

AKCB: 50AKCB

sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

AKCB: 51AKCB

nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;

AKCB: 52AKCB

ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

AKCB: 53AKCB

ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.Eyi ne afɔre a Amihud babarima Elisama de bae.

AKCB: 54AKCB

Ne nnaawɔtwe so no, Pedahsur babarima Gamaliel a ɔda Manase abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

AKCB: 55AKCB

Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;

AKCB: 56AKCB

sikakɔkɔɔ akorade bi a ɛkari nnwetɛbona du a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

AKCB: 57AKCB

nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;

AKCB: 58AKCB

ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

AKCB: 59AKCB

ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.Eyi ne afɔre a Pedahsur ba Gamaliel de bae.

AKCB: 60AKCB

Ne nnankron so no, Gideoni babarima Abidan a ɔda Benyamin abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

AKCB: 61AKCB

Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;

AKCB: 62AKCB

sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

AKCB: 63AKCB

nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;

AKCB: 64AKCB

ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

AKCB: 65AKCB

ne nantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.Eyi ne afɔre a Gideoni babarima Abidan de bae.

AKCB: 66AKCB

Ne nnadu so no, Amisadai babarima Ahieser a ɔda Dan abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

AKCB: 67AKCB

Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;

AKCB: 68AKCB

sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

AKCB: 69AKCB

nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;

AKCB: 70AKCB

ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

AKCB: 71AKCB

ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.Eyi ne afɔre a Amisadai babarima Ahieser de bae.

AKCB: 72AKCB

Ne nna dubaako so no, Okran babarima Pagiel a ɔda Aser abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

AKCB: 73AKCB

Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;

AKCB: 74AKCB

sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

AKCB: 75AKCB

nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;

AKCB: 76AKCB

ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

AKCB: 77AKCB

ne anantwi abien, adwennini anum, mmirekyinini anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.Eyi ne afɔre a Okran babarima Pagiel de bae.

AKCB: 78AKCB

Ne nnadumien so no, Enan babarima Ahira a ɔda Naftali abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

AKCB: 79AKCB

Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;

AKCB: 80AKCB

sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

AKCB: 81AKCB

nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;

AKCB: 82AKCB

ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

AKCB: 83AKCB

ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.Eyi ne afɔre a Enan babarima Ahira de bae.

AKCB: 84AKCB

Eyinom ne afɔremuka no afɔrebɔde a Israel mpanyimfo de ba bɛsraa afɔremuka no, nam so bɔɔ no atenase:dwetɛ mprɛte dumien, dwetɛ hweaseammɔ dumien ne sikakɔkɔɔ aduhuam nnwetɛbona dumien.

AKCB: 85AKCB

Ne nyinaa mu, na dwetɛ nneɛma no kari bɛyɛ kilogram aduasa, na prɛte biara kari bɛyɛ kilogram baako ne fa, na hweaseammɔ no nso mu duru yɛ kilogram baako.

AKCB: 86AKCB

Sikakɔkɔɔ a wɔde bɛkyɛe no mu duru yɛɛ bɛyɛ kilogram baako ne fa a ɛkyerɛ sɛ, sikakɔkɔɔ no akorade no mu biara duru yɛ nnwetɛbona du a wɔde aduhuam ahyɛ no ma.

AKCB: 87AKCB

Wɔde anantwi dumien ne adwennini a wɔn mu biara adi afe na ɛbɛbɔɔ ɔhyew afɔre no a atoko afɔrebɔ nso ka ho. Wɔde mpapo bɛbɔɔ bɔne ho afɔre.

AKCB: 88AKCB

Asomdwoe afɔre nneɛma a wɔde bae ni: nantwininimma aduonu anan, adwennini aduosia, mmirekyi aduosia, adwennini a wɔn mu biara adi afe aduosia.

AKCB: 89AKCB

Bere a Mose kɔɔ Ahyiae Ntamadan no mu sɛ ɔne Awurade rekɔkasa no, ɔtee nne bi fi soro a ɛrekasa kyerɛ no fi Mpata Beae no atifi hɔ, wɔ adaka no ho baabi a kerubim abien no sisi no ntam. Awurade faa saa kwan yi so kasa kyerɛɛ no.