Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Nnan (Numeri) 26

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Nnan (Numeri) 26 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ɔyaredɔm no akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Aaron babarima Eleasar se,

AKCB: 2AKCB

“Monkan Israelfo mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa nyinaa na monhwɛ dodow a wobetumi akɔ ɔsa ama Israel wɔ abusua biara mu.”

AKCB: 3AKCB

Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Moab tataw so, wɔ Asubɔnten Yordan ho a na wɔatra Yeriko no se,

AKCB: 4AKCB

“Monkan mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.”Eyinom ne Israelfo a wofi Misraim bae no:

AKCB: 5AKCB

Eyinom ne Yakob babarima panyin Ruben asefo:Hanokfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hanok;Palufo abusua, wɔde too a wɔn tete agya Palu;

AKCB: 6AKCB

Hesronfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hesron;Karmifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Karmi.

AKCB: 7AKCB

Mmarima a na wɔwɔ Ruben mmusua nyinaa mu no dodow yɛ mpem aduanan abiɛsa ahanson aduasa (43,730).

AKCB: 8AKCB

Na Palu yɛ Eliab babarima,

AKCB: 9AKCB

na Eliab mmabarima ne Nemuel, Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi ara na wɔyɛ nnipa no ntuanofo a wɔka Kora akyidifo a wɔyɛɛ adwene tiaa Mose ne Aaron, de buu Awurade animtiaa no ho.

AKCB: 10AKCB

Na asase mu bue menee wɔne Kora. Ogya fi Awurade nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifo ahannu aduonum. Na wɔyɛɛ kɔkɔbɔ nsɛnkyerɛnne.

AKCB: 11AKCB

Nanso Kora ase antɔre.

AKCB: 12AKCB

Eyinom ne mmusua a wofi Simeon ase:Nemuelfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Nemuel.Yaminfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yamin.Yakinfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakin.

AKCB: 13AKCB

Serafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah;Saulfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Saulo.

AKCB: 14AKCB

Mmarima a na wɔwɔ Simeon mmusua mu nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abien ne ahannu (22,200).

AKCB: 15AKCB

Eyinom ne mmusua a wɔyɛ Gad asefo:Sefonfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sefon;Hagifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hagi;Sunifo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suni;

AKCB: 16AKCB

Osnifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Osni;Erifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Eri;

AKCB: 17AKCB

Arodfo abusua, wɔde too wɔn agya Arod;Arelifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Areli.

AKCB: 18AKCB

Mmarima a na wɔwɔ Gad mmusua mu no dodow yɛ mpem aduanan ne ahannum (40,500).

AKCB: 19AKCB

Na Yuda wɔ mmabarima baanu a wɔn din de Er ne Onan a wowuwuu wɔ Kanaan asase so.

AKCB: 20AKCB

Yuda asefo mmusua a edidi so yi:Selafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela;Peresfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres;Serafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah.

AKCB: 21AKCB

Eyinom ne mmusua a wofi Peres ase.Hesronfo abusua, a wɔde too wɔn tete agya Hesron;Hamulfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hamul.

AKCB: 22AKCB

Mmarima a na wɔwɔ Yuda mmusua mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduɔson asia ne ahannum (76,500).

AKCB: 23AKCB

Eyinom ne mmusua a wofi Isakar ase:Tolafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Tola;Puwafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Puwa;

AKCB: 24AKCB

Yasubfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yasub;Simronfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Simron.

AKCB: 25AKCB

Mmarima a na wɔwɔ Isakar mmusua no mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia anan ne ahaasa (64,300).

AKCB: 26AKCB

Eyinom ne mmusua a wofi Sebulon ase:Seredfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sered;Elonfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Elon.Yakleefo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakleel.

AKCB: 27AKCB

Mmarima a na wɔwɔ Sebulon mmusua no mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia ne ahannum (60,500).

AKCB: 28AKCB

Ɛnam Manase ne Efraim so na mmusua abien fii Yosef mu bae.

AKCB: 29AKCB

Manase asefo:Makirfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Makir;Gileadfo abusua, wɔde too wɔn tete agya, Makir babarima, Gilead.

AKCB: 30AKCB

Eyinom ne mmusua a wofi Gileadfo ase:Yeserfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yeser;Helekfo abusua, wɔde too wɔn agya Helek.

AKCB: 31AKCB

Asrielfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Asriel;Sekemfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sekem;

AKCB: 32AKCB

Semidafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Semida;Heferfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hefer.

AKCB: 33AKCB

Hefer babarima Selofehad annya mmabarima nanso na ɔwɔ mmabea a wɔn din de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.

AKCB: 34AKCB

Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodow yɛ mpem aduonum abien ne ahanson (52,700).

AKCB: 35AKCB

Eyinom ne mmusua a wofi Efraim ase:Sutelafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sutela;Bekerfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Beker;Tahanfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Tahan.

AKCB: 36AKCB

Eyinom ne Sutela asefo:Eranfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Eran.

AKCB: 37AKCB

Eyinom Efraim mmusua; wɔn dodow yɛ mpem aduasa abien ne ahannum (32,500).Eyinom ne mmusua a wɔyɛ Yosef asefo.

AKCB: 38AKCB

Eyinom ne mmusua a wofi Benyamin ase.Belafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Bela;Asbelfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Asbel;Ahiramfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Ahiram;

AKCB: 39AKCB

Sufamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Sufam;Hufamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Hufam.

AKCB: 40AKCB

Eyinom ne mmusua a wofi Belafo mu;Ardfo a wɔde wɔn too wɔn tete agya Ard;Naamanfo a wɔde wɔn too wɔn tete agya Naaman.

AKCB: 41AKCB

Na mmarima a na wɔwɔ Benyamin mmusua no mu nyinaa dodow yɛ mpem aduanan anum ne ahansia (45,600).

AKCB: 42AKCB

Eyi ne abusua a efi Dan ase.Suhamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suham.Na Dan asefo no nyinaa yɛ Suhamfo.

AKCB: 43AKCB

Mmarima a na wɔwɔ saa mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia anan ne ahannan (64,400).

AKCB: 44AKCB

Eyinom ne mmusua a wofi Aser ase:Yimnafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yimna;Isuifo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Isui;Beriafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Beria.

AKCB: 45AKCB

Eyinom ne mmusua a wofi Beria ase:Heberfo de wɔn ho too wɔn tete agya Heber;Malkielfo de wɔn ho too wɔn tete agya Malkiel.

AKCB: 46AKCB

Na Aser wɔ ɔbabea bi a ne din de Sera.

AKCB: 47AKCB

Mmarima a na wɔyɛ Aser asefo no nyinaa dodow yɛ mpem aduonum abiɛsa ne ahannan (53,400).

AKCB: 48AKCB

Eyinom ne mmusua a wofi Naftali ase:Yakseelfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yakseel;Gunifo abusua no, wɔde too wɔn agya Guni;

AKCB: 49AKCB

Yeserfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yeser;Silemfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Silem.

AKCB: 50AKCB

Mmarima a na wɔwɔ Naftali mmusua nyinaa mu no dodow yɛ mpem aduanan anum ne ahannan (45,400).

AKCB: 51AKCB

Nnipa dodow a wɔkan wɔn no ano si mpem ahansia ne baako ahanson aduasa (601,730).

AKCB: 52AKCB

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,

AKCB: 53AKCB

“Kyekyɛ asase no ma mmusua no sɛ wɔn agyapade, sɛnea wɔn dodow te.

AKCB: 54AKCB

Ma abusua a ɛso no agyapade kɛse na abusua a esua no agyapade ketewa.

AKCB: 55AKCB

Hwɛ sɛ wɔnam ntontobɔ so bɛkyekyɛ asase no. Nea ɛsɛ sɛ kuw biara nya no begyina nʼagyanom abusuakuw din dodow so.

AKCB: 56AKCB

Ɛsɛ sɛ wɔbɔ ntonto wɔ agyapade no kyekyɛ so wɔ akuw akɛse ne nketewa no mu.”

AKCB: 57AKCB

Eyinom ne Lewifo a wɔnam wɔn mmusua so kan wɔn:Wɔde Gersonfo too wɔn tete agya Gerson.Wɔde Kohatfo too wɔn tete agya Kohat.Wɔde Merarifo too wɔn tete agya Merari.

AKCB: 58AKCB

Eyinom nso yɛ Lewifo mmusua:Libnifo,Hebronfo,Mahlifo,Musifo neKorafo.Kohat yɛ Amram tete agya.

AKCB: 59AKCB

Bere a Lewi wɔ Misraim no, wɔwoo ɔbabea a ne din de Yokebed. Kehat babarima Amram waree no. Wɔn na wɔwoo Aaron, Mose ne Miriam.

AKCB: 60AKCB

Aaron woo Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.

AKCB: 61AKCB

Nanso, bere a Nadab ne Abihu de ogya a ɛnyɛ kronkron brɛɛ Awurade no, wowuwui.

AKCB: 62AKCB

Nnipakan no mu no, na Lewifo nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abiɛsa (23,000). Wɔkan mmarima a wɔadi fi ɔsram kosi mpanyimfo so. Nanso, wɔammu Lewifo no ano anka Israel nnipakan no ho, efisɛ wɔrekyɛ nsase no ama mmusuakuw no, wɔamma Lewifo no bi.

AKCB: 63AKCB

Enti sɛnea Mose ne ɔsɔfo Eleasar fa kyerɛɛ nnipa no ano wɔ Moab bepɔw a ɛbɛn Asubɔnten Yordan a na wɔatwa Yeriko ne no.

AKCB: 64AKCB

Na saa nnipa yi mu biara nni hɔ a ɔfra wɔn a Mose ne Aaron kan wɔn wɔ Sinai sare so no mu.

AKCB: 65AKCB

Efisɛ Awurade ka kyerɛɛ saa Israelfo no se wobewuwu wɔ sare no so. Anka wɔn mu biara, gye Yefune ba Kaleb ne Nun babarima Yosua.