Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Nnan (Numeri) 24

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Nnan (Numeri) 24 Bible text

AKCB: 1AKCB

Afei, Balaam huu sɛ ɛsɔ Awurade ani sɛ ohyira Israel no, wankɔ abisa sɛnea ɔtaa yɛ no; mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ sare no so.

AKCB: 2AKCB

Bere a Balaam huu sɛ Israelfo no abobɔ wɔn atenae sɛnea wɔn mmusuakuw te no, Onyankopɔn honhom baa ne so,

AKCB: 3AKCB

na eyi ne nkɔmhyɛ a ɔmae:“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ,nkɔmhyɛ a efi obi a nʼani hu ade yiye,

AKCB: 4AKCB

nea ɔte Onyankopɔn nsɛm nkɔmhyɛ;nea onya anisoadehu a efi Otumfo no hɔ;na ɔda fam, a nʼani hu ade:

AKCB: 5AKCB

“Yakob, mo ntamadan yɛ fɛ,Israel, mo atenae yɛ ahomeka!

AKCB: 6AKCB

“Ɛtrɛtrɛw sɛ abon,sɛ nturo a ɛwɔ asubɔnten ho.Wɔte sɛ pɛprɛ a Awurade adua,te sɛ sida a esisi nsu ho.

AKCB: 7AKCB

Nsu bɛsen afi wɔn ahina mu.Wɔn aba benya nsu ama aboro so.“Wɔn hene bɛyɛ kɛse asen Agag;wɔn ahenni bɛkorɔn.

AKCB: 8AKCB

“Onyankopɔn de wɔn fii Misraim na ɛbae;wɔwɔ ahoɔden sɛ wuram nantwi.Wɔsɛe atirimɔdenfo amanna wobubu wɔn nnompe mu asinasin,wɔde wɔn bɛmma wowɔ wɔn.

AKCB: 9AKCB

Wobutuw da sɛ gyata;te sɛ gyatabere, hena na obetumi agyigye wɔn?“Wobehyira wɔn a wohyira wo,na wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo.”

AKCB: 10AKCB

Balak bo fuw Balaam. Ɔbɔɔ ne nsam guu ne so kae se, “Mefrɛɛ wo se bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mprɛnsa yi nyinaa.

AKCB: 11AKCB

Fi ha kɔ wo nkyi ntɛm! Mekae se mɛkyɛ wo ade a ɛsom bo nanso, Awurade amma woannya akyɛde no.”

AKCB: 12AKCB

Balaam buaa no se, “So manka ankyerɛ abɔfo a wosomaa wɔn baa me nkyɛn no se,

AKCB: 13AKCB

‘Sɛ Balak ma me dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛwɔ nʼahemfi hɔ nyinaa koraa a, minni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia Awurade ahyɛde, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’ Mmom nea Awurade aka no nko ara na ɛsɛ sɛ meka.

AKCB: 14AKCB

Afei, meresan akɔ me nkurɔfo nkyɛn. Nanso ma menka nea Israelfo no bɛyɛ wo nkurɔfo no daakye no nkyerɛ wo.”

AKCB: 15AKCB

Eyi ne nkɔmhyɛ a Balaam de mae:“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ,nkɔmhyɛ a efi ɔbarima a nʼani hu ade yiye,

AKCB: 16AKCB

nea ɔte Onyankopɔn nsɛm no nkɔmhyɛ,nea ɔwɔ nimdeɛ a efi Ɔsorosoroni no hɔ,nea onya anisoadehu a efi Otumfo no hɔ,na ɔda fam, a nʼani hu ade no:

AKCB: 17AKCB

“Mihu no, nanso ɛnyɛ mprempren;mehwɛ no, nanso ɔmmɛn.Nsoromma bepue afi Yakob mu;ahempema bepue afi Israel mu.Ɔbɛdwerɛw Moabfo ti,Moabfo nyinaa tikora.

AKCB: 18AKCB

Wɔbɛfa Edom,na Seir a ɔyɛ ne tamfo no, wobedi ne so nkonim,na Israel bɛkɔ so ayɛ den.

AKCB: 19AKCB

Ɔhene bi bɛsɔre wɔ Yakob muɔno na ɔbɛsɛe kurow no mu nkaefo.”

AKCB: 20AKCB

Afei, Balaam hwɛɛ Amalekfo na ɔhyɛɛ nkɔm:“Amalek na na ɔyɛ aman nyinaa abakan,nanso nʼawiei bɛyɛ ɔsɛe pasaa.”

AKCB: 21AKCB

Afei, ohuu Kenifo, na ɔhyɛɛ ne nkɔm:“Mo atenae wɔ bammɔ,wɔanwen mo berebuw wɔ abotan mu;

AKCB: 22AKCB

Nanso wɔbɛsɛe mo Kenifobere a Asur fa mo nnommum no.”

AKCB: 23AKCB

Afei ɔhyɛɛ ne nkɔm:“Aa! Sɛ Onyankopɔn yɛ sɛɛ a, hena na ɔbɛtena nkwa mu?

AKCB: 24AKCB

Ahyɛn befi Kipro mpoano aba;wobedi Eber ne Asur so.Nanso wɔn nso, wɔbɛsɛe wɔn pasaa.”

AKCB: 25AKCB

Afei, Balaam sɔree na ɔsan kɔɔ ne kurom, na Balak nso kɔɔ ne kwan.