Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Nnan (Numeri) 2

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Nnan (Numeri) 2 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se:

AKCB: 2AKCB

“Abusua biara benya nʼafa wɔ atenae hɔ, na kuw biara bɛtena nʼabusua frankaa ase. Na mmusua no atenae ahorow no mfimfini na wɔde Ahyiae Ntamadan no besi.”

AKCB: 3AKCB

Apuei fam,baabi a owia pue fi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɔ wɔn atenae wɔ wɔn frankaa ase. Yudafo ntuanoni ne Aminadab ba Nahson.

AKCB: 4AKCB

Na ne dɔm no ano si mpem aduɔson anan ne ahansia (74,600).

AKCB: 5AKCB

Isakar abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Suar babarima Netanel.

AKCB: 6AKCB

Na ne dɔm no ano si mpem aduonum anan ne ahannan (54,400).

AKCB: 7AKCB

Sebulon abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Helon babarima Eliab.

AKCB: 8AKCB

Na ne dɔm no ano si mpem aduonum ason ne ahannan (57,400).

AKCB: 9AKCB

Enti na nnipa dodow a wɔwɔ Yuda atenae no nyinaa sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha aduɔwɔtwe asia ne ahannan (186,400). Sɛ Israelfo no tu a, saa mmusuakuw abiɛsa yi na edi kan.

AKCB: 10AKCB

Anafo fam na Ruben nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɛbɔ wɔn atenae de wɔn frankaa asi. Wɔn ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur.

AKCB: 11AKCB

Ne dɔm ano si mpem aduanan asia ne ahannum (46,500).

AKCB: 12AKCB

Simeon abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel.

AKCB: 13AKCB

Ne dɔm ano si mpem aduonum akron ne ahaasa (59,300).

AKCB: 14AKCB

Gad abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Reuel babarima Eliasaf.

AKCB: 15AKCB

Na ne dɔm ano si mpem aduanan anum ahansia ne aduonum (45,650).

AKCB: 16AKCB

Na mmarima a wɔwɔ Ruben atenae ne sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha aduonum baako ahannan ne aduonum (151,450). Na sɛ Israelfo tu a, wɔn na wɔto so abien.

AKCB: 17AKCB

Afei Lewifo no de Ahyiae Ntamadan befi wɔn atenae mfimfini hɔ akɔ. Mmusuakuw no nyinaa bɛkɔ no nnidiso sɛnea wɔn atenae nhyehyɛe te wɔ wɔn mmusuakuw mfrankaa akyi.

AKCB: 18AKCB

Efraim abusuakuw bɛfa atenae hɔ atɔe fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amihud babarima Elisama.

AKCB: 19AKCB

Ne dɔm ano si mpem aduanan ne ahannum (40,500).

AKCB: 20AKCB

Manase abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel.

AKCB: 21AKCB

Ne dɔm ano si mpem aduasa abien ne ahannu (32,200).

AKCB: 22AKCB

Benyamin abusuakuw na wodi so. Wɔn ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan.

AKCB: 23AKCB

Ne dɔm ano si mpem aduasa anum ne ahannan (35,400).

AKCB: 24AKCB

Na mmarima a wɔwɔ Efraim atenae ne sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha ne awotwe ne ɔha baako (108,100). Na sɛ Israelfo tu a, wɔn na wɔto so abiɛsa.

AKCB: 25AKCB

Dan abusuakuw bɛfa atifi fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser.

AKCB: 26AKCB

Ne dɔm ano si mpem aduosia abien ne ahanson (62,700).

AKCB: 27AKCB

Aser abusuakuw no bedi so. Wɔn ntuanoni ne Okran babarima Pagiel.

AKCB: 28AKCB

Ne dɔm ano si mpem aduanan baako ne ahannum (41,500).

AKCB: 29AKCB

Naftali abusuakuw no bedi so. Wɔn ntuanoni ne Enan ba Ahira.

AKCB: 30AKCB

Ne dɔm ano si mpem aduonum abiɛsa ne ahannan (53,400).

AKCB: 31AKCB

Mmarima a wɔwɔ Dan atenae no ano si mpem ɔha aduonum ason ne ahansia (157,600).

AKCB: 32AKCB

Sɛɛ na Israelfo a wɔkan wɔn mmusuakuw mmusuakuw no te. Wɔn a wɔwɔ atenae hɔ nyinaa, sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ahansia ne abiɛsa ahannum ne aduonum (603,550).

AKCB: 33AKCB

Sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no, wɔankan Lewifo no anka Israelfo no ho.

AKCB: 34AKCB

Enti Israelfo yɛɛ biribiara sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. Wɔbobɔɔ wɔn atenae, tenatenaa wɔn frankaa ahorow ase, na wɔnantew nnidiso nnidiso sɛnea wɔn mmusua ne wɔn afi te.