Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Nnan (Numeri) 12

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Nnan (Numeri) 12 Bible text

AKCB: 1AKCB

Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ne yere yɛ Etiopiani.

AKCB: 2AKCB

Wɔkae se, “Mose nko ara na Awurade akasa afa ne so ana? Na yɛn nso ɔnkasa mfa yɛn so bi ana?” Na Awurade tee wɔn anwiinwii no.

AKCB: 3AKCB

Na Mose yɛ ɔhobrɛaseni sen obiara a ɔte asase yi so.

AKCB: 4AKCB

Ntɛm so, Awurade frɛɛ Mose, Aaron ne Miriam kɔɔ Ahyiae Ntamadan no mu. Ɔhyɛɛ wɔn se, “Mo baasa no mommra Ahyiae Ntamadan mu ha.” Enti wobegyinagyinaa Awurade anim.

AKCB: 5AKCB

Afei, Awurade nam omununkum fadum mu sian ba begyinaa Ahyiae Ntamadan no kwan ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam. Bere a wotwiw kɔɔ wɔn anim no,

AKCB: 6AKCB

ɔkae se, “Muntie me nsɛm:“Sɛ odiyifo wɔ mo mu a,Me, Awurade, menam anisoadehu so da me ho adi kyerɛ no,me kasa kyerɛ no wɔ dae mu.

AKCB: 7AKCB

Nanso ɛnte saa wɔ me somfo Mose ho.Me fi nyinaa mu no, ɔyɛ ɔnokwafo.

AKCB: 8AKCB

Me ne no kasa anim ne anim,kasa a emu da hɔ na ɛnyɛ abisae mu.Na ohu Awurade sɛnea ɔte.Adɛn nti na moansurosɛ mobɛkasa atia me somfo Mose?”

AKCB: 9AKCB

Awurade bo fuw wɔn dennen pa ara na ofii hɔ kɔe.

AKCB: 10AKCB

Bere a omununkum no fii Ahyiae Ntamadan no atifi no, kwata beduruu Miriam ho fitaa sɛ sukyerɛmma. Aaron twaa nʼani huu sɛ ɔwɔ ɔhonam ani yare a ɛyɛ fi no,

AKCB: 11AKCB

ɔka kyerɛɛ Mose se, “Me wura, mesrɛ wo, nnyina saa bɔne a yɛnam nkwaseasɛm so adi yi so ntwe yɛn aso.

AKCB: 12AKCB

Mma no nyɛ sɛ akokoaa a wawu wɔ ne yam a ne fa aporɔw.”

AKCB: 13AKCB

Na Mose teɛɛ mu frɛɛ Awurade se, “Onyankopɔn, mesrɛ wo sɛ sa no yare!”

AKCB: 14AKCB

Awurade buaa Mose se, “Sɛ nʼagya tew ntasu guu nʼanim a, anka nʼanim rengu ase nnanson? Munyi no mfi atenae ha nkɔhyɛ baabi nnanson na akyiri no, obetumi asan aba.”

AKCB: 15AKCB

Enti wotwaa Miriam asu fii atenae hɔ ma okodii nnanson. Nnipa no twɛn kosii sɛ wɔsan de no bae ansa na wɔretu kwan no bio.

AKCB: 16AKCB

Ɛno akyi no, wofii Haserot bɛbɔɔ atenae wɔ Paran sare so.