Skip to main content

Scripture

Nehemia Nhoma 11

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nehemia Nhoma 11 Bible text

AKCB: 1AKCB

Afei, ɔmanfo no ntuanofo kɔtenaa Yerusalem, kuropɔn kronkron no mu. Wɔbɔɔ ntonto kronkron wɔ nnipa no a na wɔtete Yuda ne Benyamin nkurow bi no so, yii mu nkyɛmu du mu baako ma wɔn nso kɔtenaa hɔ. Na nkae no de, wɔtenaa nea wɔte hɔ ara.

AKCB: 2AKCB

Na ɔmanfo no kamfoo obiara a ofi ne pɛ mu san kɔtenaa Yerusalem no.

AKCB: 3AKCB

Amantam mu mpanyimfo a wɔbaa Yerusalem no din na wɔakyerɛw wɔ ha yi. Ɔmanfo no mu fa kɛse a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afi mu wɔ Yuda nkurow ahorow so,

AKCB: 4AKCB

nanso nnipa no bi a wofi Yuda ne Benyamin mu no san kɔtenaa Yerusalem.Yuda abusuakuw mu nnipa no ni:Usia babarima Ataia, Sakaria babarima, Amaria babarima, Sefatia babarima, Mahalalel babarima a ofi Peres abusua mu;

AKCB: 5AKCB

Baruk babarima Maaseia, Kol-Hose babarima, Hasaia babarima, Adaia babarima, Yoiarib babarima, Sakaria babarima a ofi Sela abusua mu.

AKCB: 6AKCB

Afei, na Peres asefo ahannan ne aduosia awotwe (468) a wodi mu no na na wɔte Yerusalem.

AKCB: 7AKCB

Benyamin abusuakuw no mu nnipa ni:Mesulam babarima Salu, Yoed babarima, Pedaia babarima, Kolaia babarima, Maaseia babarima, Itiel babarima ne Yesaia babarima;

AKCB: 8AKCB

na nʼakyi no na Gabai ne Salai, ne abusuafo ahankron aduonu awotwe (928) ba.

AKCB: 9AKCB

Wɔn panyin pa ara no ne Sikri babarima Yoel na Hasenua, a ɔyɛ kuropɔn no sohwɛfo abediakyiri babarima Yuda boaa no.

AKCB: 10AKCB

Asɔfo no mu nnipa ni:Yoiarib babarima Yedaia; Yakin;

AKCB: 11AKCB

ne Hilkia babarima Seraia, Mesulam babarima, Sadok babarima, Meraiot babarima ne Ahitub a na ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no sohwɛfo babarima,

AKCB: 12AKCB

ne wɔn mfɛfo ahanwɔtwe aduonu abien (822) a, na wɔyɛ adwuma wɔ Asɔredan no mu, ne Yeroham babarima Adaia, Pelalia babarima, Amsi babarima, Sakaria babarima, Pashur babarima, Malkia babarima

AKCB: 13AKCB

ne ne mfɛfo ahannu aduanan abien (242) a wɔyɛ wɔn mmusua ntuanofo. Wɔn a na wɔka ho nso ne Asarel babarima Amasai, Ahsai babarima, Mesilemot babarima, Imer babarima

AKCB: 14AKCB

ne ne mfɛfo atitiriw ɔha aduonu awotwe (128). Wɔn panyin pa ara a otua wɔn ano no ne Hagedolim babarima Sabdiel.

AKCB: 15AKCB

Lewifo no nso ni:Hasub babarima Semaia, Asrikam babarima, Hasabia babarima, Buni babarima;

AKCB: 16AKCB

ne Sabetai ne Yosabad a na wɔhwɛ Onyankopɔn Asɔredan no mfikyiri dwumadi so;

AKCB: 17AKCB

Mika babarima Matania, Sabdi babarima a ɔyɛ Asaf aseni a ɔde mpaebɔ buee aseda afɔre som ano;Bakbukia a na ɔyɛ Matania abediakyiri ne Samua babarima Abda, Galal babarima, Yedutun babarima.

AKCB: 18AKCB

Na Lewifo a wɔwɔ kuropɔn kronkron no mu no nyinaa dodow si ahannu aduɔwɔtwe anan (284).

AKCB: 19AKCB

Aponanohwɛfo no ni:Akub, Talmon ne wɔn mfɛfo ɔha aduɔson abien a (172) na wɔwɛn wɔ apon no ano.

AKCB: 20AKCB

Asɔfo a wɔaka no, Lewifo ne Israelfo nkae no tenatenaa Yudaman mu baabiara a wɔn agyapade wɔ.

AKCB: 21AKCB

Nanso Asɔredan mu asomfo no a na Siha ne Gispa da wɔn ano no de, wɔn nyinaa kɔtenaa Ofel koko so.

AKCB: 22AKCB

Na ɔpanyin pa ara a otua Lewifo a wɔwɔ Yerusalem ano no ne Bani babarima Usi, Hasabia babarima, Matania babarima, Mika babarima a ɔyɛ Asaf aseni, na nʼabusuafo som sɛ nnwontofo wɔ Onyankopɔn asɔredan mu no.

AKCB: 23AKCB

Na wɔhyɛ ɔhene mmara a ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ da biara no ase.

AKCB: 24AKCB

Mesesabel babarima Petahia a ɔyɛ Yuda babarima Serah aseni no yɛ ɔhene ananmusini wɔ ɔman no amammui mu.

AKCB: 25AKCB

Yudafo no bi tenaa Kiriat-Arba ne ne nkuraa, Dibon ne ne nkuraa ne Yekabseel ne ne nkuraa.

AKCB: 26AKCB

Wɔtenatenaa Yesua, Molada, Bet-Pelet,

AKCB: 27AKCB

Hasar-Sual, Beer-Seba ne ɛho nkuraa,

AKCB: 28AKCB

Siklag ne Mekona ne ɛho nkuraa.

AKCB: 29AKCB

Na wɔtete En-Rimon, Sora, Yarmut,

AKCB: 30AKCB

Sanoa ne Adulam ne wɔn nkuraa nso. Na wɔtete Lakis ne ne mfuw a ɛbɛn hɔ no so ne Aseka ne ne nkuraa nso. Enti Yudafo no tenatena nsase a efi Beer-Seba kosi Hinom bon no mu.

AKCB: 31AKCB

Benyamin nkurɔfo no bi tenaa Geba, Mikmas, Aya ne Bet-El ne ɛho nkuraa.

AKCB: 32AKCB

Ebinom nso tenatenaa Anatot, Nob, Anania,

AKCB: 33AKCB

Hasor, Rama, Gitaim,

AKCB: 34AKCB

Hadid, Seboim, Nebalat,

AKCB: 35AKCB

Lod, Ono ne Adwumfo Bon mu nso.

AKCB: 36AKCB

Wɔmaa Lewifo a na wɔte Yuda no bi kɔkaa Benyamin abusuakuw no ho, ne wɔn tenae.