Scripture
Marko Asɛmpa No 9
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Marko Asɛmpa No 9 Bible text
Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mo a mugyina ha yi mu bi bɛtena ase akosi sɛ mubehu sɛ, Onyankopɔn ahenni no reba tumi mu!”
Nnansia akyi na Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi atifi. Saa bere no na obiara nka wɔn ho. Ɛhɔ ara na Yesu anuonyam hyerɛn wɔ wɔn anim.
Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, eye sɛ yɛwɔ ha. Yɛbɛbɔ asese abiɛsa wɔ ha, wo de baako, Mose de baako na Elia de baako.”
Na omununkum bɛkataa wɔn so. Nne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Dɔba. Muntie no.”
Wɔresian afi bepɔw no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano se wɔnnka nea wɔahu no nkyerɛ obiara kosi sɛ ɔbɛsɔre afi awufo mu.
Asuafo no anka ankyerɛ obiara na mmom, ɛyɛ a na wɔtaa bisabisa wɔn ho wɔn ho se, nʼasɛm a ɔkae se, “Menyan afi awufo mu” no, na ɔkyerɛ dɛn?
Na nʼasuafo no bisaa no nea enti a mmara no akyerɛkyerɛfo no ka se, ɛsɛ sɛ Elia san ba kan.
Yesu gye too mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia di kan ba bɛtoto nneɛma nyinaa yiye. Ɔkae se, “Ɛno de, na adɛn nti na wɔakyerɛw se Onipa Ba no behu amane bebree na wɔapo no?
Nanso mise mo sɛ, Elia aba dedaw! Na wɔne no anni no yiye sɛnea adiyifo no hyɛɛ ho nkɔm no.”
Bere a wosian beduu bepɔw no ase hɔ no, wohuu sɛ nnipakuw atwa asuafo a wɔaka no ho ahyia, na wɔne mmara no akyerɛkyerɛfo no regye wɔn ho wɔn ho akyinnye.
Nnipa no mu baako kae se, “Kyerɛkyerɛfo, mede me ba aba ha sɛ sa no yare. Honhommɔne bi a ɛwɔ ne so nti, ontumi nkasa.
Sɛ honhommɔne no ka ne ho wɔ ne mu a, etwa no hwe fam ma nʼano twa ahuru, twɛre ne se a wasinsen. Ɛno nti mesrɛɛ wʼasuafo no se wontu honhommɔne no mfi ne mu, nanso wɔantumi.”
Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “O, mo a mo gyidi sua, me ne mo ntena nkosi da bɛn ansa na mo gyidi atim? Momfa abarimaa no mmrɛ me.”
Wɔde abarimaa no brɛɛ Yesu. Wɔde no duu Yesu anim ara pɛ na ɔyare no baa denneennen, twaa no hwee fam, ma ɔperee a nʼano refi ahuru.
Yesu bisaa abarimaa no agya se, “Nnaahe ni a ɔyare yi baa ne so?”Abarimaa no agya buaa Yesu se, “Efi ne mmofraase pɛɛ;
na ɛtɔ da bi koraa a, ɔyare no tumi twa no hwe ogya anaa nsu mu pɛ sɛ ekum no. Enti sɛ wubetumi asa no yare de a, hu yɛn mmɔbɔ, na sa no yare ma yɛn.”
Yesu bisaa no se, “Adɛn nti na woka se sɛ metumi a? Nneɛma nyinaa betumi ayɛ hɔ ama obiara a ogye di.”
Yesu huu sɛ nnipa no dɔ ara na wɔredɔɔso no, ɔteɛɛ honhommɔne no se, “Honhommɔne ɔsotifo ne mumu, mehyɛ wo sɛ, fi abofra yi mu kɔ. Nkɔhyɛ ne mu bio!”
Afei ɔyare no baa denneennen ansa na ɛrefi ne mu, enti ɛmaa abarimaa no yɛɛ sɛ owufo. Nnipakuw no kasaa huhuhuhu se, “Wawu.”
Eyi akyi a Yesu ne nʼasuafo no nko ara wɔ fie no, wobisaa no se, “Adɛn nti na yɛn de yɛantumi antu saa honhommɔne no?”
Na ɔpɛ sɛ onya bere ma nʼasuafo no de kyerɛkyerɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Wobeyi Onipa Ba no ama, na wɔakum no, na ne nnansa so no ɔbɛsɔre aba nkwa mu bio.”
Yesu ne nʼasuafo no baa Kapernaum. Bere a woduu ofi a wɔbɛtena mu no mu na wɔregye wɔn ahome no, Yesu bisaa nʼasuafo no se, “Yɛreba no dɛn akyinnye na na moregye wɔ ɔkwan so no?”
Ɔtenaa ase frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔpanyin wɔ mo mu no ɛsɛ sɛ ɔyɛ abofra anaa ɔsomfo wɔ mo mu!”
“Mo mu biara a me nti obegye abofra ketewa sɛ oyi no agye me, na nea obegye me no nso agye mʼAgya a ɔsomaa me no.”
Yohane a ɔyɛ asuafo no mu baako no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yehuu ɔbarima bi a ɔde wo din retu ahonhommɔne nti yɛka kyerɛɛ no se onnyae, efisɛ ɔnka yɛn ho.”
Yesu kae se, “Munnsiw no kwan. Efisɛ obiara nni hɔ a ɔreyɛ anwonwade wɔ me din mu na obetwa ne ho atia me.
Obiara a esiane sɛ, moyɛ Kristo de no nti ɔbɛma mo nsu kuruwa ma anom no akatua remmɔ no da.
“Enti sɛ obi to mmofra nketewa a wogye me di yi mu bi hintidua a, eye ma no sɛ anka wɔde ɔbotan duruduru bɛsɛn ne kɔn mu, atow no akyene po mu.
Sɛ wo nsa ma woyɛ bɔne a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode dɛmdi bɛkɔ nkwa mu sen sɛ, wɔde wo nipadua nyinaa bɛto amanehunu gya
Na sɛ wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode nansin bɛkɔ nkwa mu sen sɛ, wode nan abien bɛkɔ amanehunu gya
Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode ani baako bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu sen sɛ wowɔ ani abien na wɔde wo bɛto amanehunu gya mu
“Nkyene yɛ dɛ, nanso sɛ nkyene yera ne dɛ a, ɛso nni mfaso bio; wonte ne dɛ wɔ biribiara mu. Enti monnyera mo dɛ. Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoe mu.”