Skip to main content

Scripture

Luka Asɛmpa No 3

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Luka Asɛmpa No 3 Bible text

AKCB: 1AKCB

Kaesare Tiberio dii ade ne mfe dunum so na Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane so wɔ sare so.

AKCB: 2AKCB

Saa bere no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinhene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansin so, na Lisania di Abilene mansinhene, na Anas ne Kaiafa nso yɛ Yudafo asɔfo mpanyin.

AKCB: 3AKCB

Yohane kyinkyinii Asubɔnten Yordan ho nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnipa se, wɔmma wɔmmɔ wɔn asu nsakra mfi wɔn bɔne ho, na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn.

AKCB: 4AKCB

Sɛnea Odiyifo Yesaia kae se,“Nne bi teɛ mu wɔ sare so se,‘Munsiesie kwan mma Awurade;momma nʼatempɔn nteɛ.

AKCB: 5AKCB

Obon biara bɛyɛ ma.Bepɔw ne nkoko nyinaa bɛkɔ fam;asase a ɛyɛ abonkyiabonkyi no bɛyɛ tamaa,na mmeae a ɛyɛ akɔntɔnkye no ayɛ tataw.

AKCB: 6AKCB

Na nnipa nyinaa behu Onyankopɔn nkwagye.’ ”

AKCB: 7AKCB

Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfo a wɔbaa hɔ se ɔmmɔ wɔn asu no se, “Awɔ mma! Hena na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ munguan mfi abufuwhyew a ɛreba no ho?

AKCB: 8AKCB

Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakra ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefo, efisɛ Onyankopɔn betumi ama saa abo yi adan nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefo.

AKCB: 9AKCB

Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnsow aba pa ntin ho sɛ ɔde betwa na ɔde agu gya mu ahyew no.”

AKCB: 10AKCB

Nnipakuw no bisaa no se, “Na ɛno de, dɛn na yɛnyɛ?”

AKCB: 11AKCB

Yohane buaa wɔn se, “Sɛ wowɔ ntama abien a, ma nea onni bi no baako. Saa ara nso na sɛ wowɔ aduan a, ma nea onni bi no bi.”

AKCB: 12AKCB

Towgyefo a wɔbaa hɔ sɛ wɔmmɔ wɔn asu no nso bisae se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛnyɛ dɛn?”

AKCB: 13AKCB

Obuaa wɔn se, “Munnnye mmmoro nea wɔatwa ato hɔ sɛ munnye no.”

AKCB: 14AKCB

Asraafo bi nso bisae se, “Yɛn nso yɛnyɛ dɛn?”Yohane buaa wɔn se, “Mommmɔ apoo, monntoto obiara ano, momma mo akatua nsɔ mo ani!”

AKCB: 15AKCB

Esiane sɛ saa bere no na nnipa no nyinaa rehwɛ Agyenkwa no kwan nti, na wosusuw sɛ Yohane ne Agyenkwa no.

AKCB: 16AKCB

Eyi maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn se, “Me de, mede nsu na ɛrebɔ mo asu. Nanso obi di mʼakyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sen me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno de, sɛ ɔba a ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu.

AKCB: 17AKCB

Ɔno na sɛ ɔba a, obehuhuw aburow no so ayiyi mu aba pa no afi ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akosie na ɔde ogya a ennum da ahyew ntɛtɛ no.”

AKCB: 18AKCB

Ɔnam afotu ahorow so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.

AKCB: 19AKCB

Yohane kaa Herode anim wɔ ne nua yere Herodia a ɔwaree no ne bɔne ahorow a na ɔyɛ no ho.

AKCB: 20AKCB

Eyi maa Herode de Yohane too afiase.

AKCB: 21AKCB

Bere a Yohane bɔɔ nkurɔfo pii asu wiee no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wiee a ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei.

AKCB: 22AKCB

Honhom Kronkron sian te sɛ aborɔnoma baa Yesu so na nne bi fi ɔsoro kae se, “Wone me Dɔba a wosɔ mʼani.”

AKCB: 23AKCB

Yesu fii nʼadwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfe aduasa. Nkurɔfo susuw sɛ, Yesu yɛ Yosef ba.Yosef agya ne Eli.

AKCB: 24AKCB

Eli agya ne Mattat;Mattat agya ne Lewi; Lewi agya ne Melki;Melki agya ne Yanai; Yanai agya ne Yosef;

AKCB: 25AKCB

Yosef agya ne Matatia; Matatia agya ne Amos;Amos agya ne Nahum; Nahum agya ne Hesli;Hesli agya ne Nagai;

AKCB: 26AKCB

Nagai agya ne Mahat;Mahat agya ne Matatia; Matatia agya ne Semein;Semein agya ne Yosek; Yosek agya ne Yoda;

AKCB: 27AKCB

Yoda agya ne Yohanan; Yohanan agya ne Resa;Resa agya ne Serubabel; Serubabel agya ne Sealtiel;Sealtiel agya ne Neri;

AKCB: 28AKCB

Neri agya ne Melki;Melki agya ne Adi; Adi agya ne Kosam;Kosam agya ne Elmadam; Elmadam agya ne Er;

AKCB: 29AKCB

Er agya ne Yosua; Yosua agya ne Elieser;Elieser agya ne Yorim; Yorim agya ne Matat;Mattat agya ne Lewi;

AKCB: 30AKCB

Lewi agya ne Simeon;Simeon agya ne Yuda; Yuda agya ne Yosef; Yosef agya neYonam; Yonam agya ne Eliakim;

AKCB: 31AKCB

Eliakim agya ne Melea; Melea agya ne Mena;Mena agya ne Matata; Matata agya ne Natan;Natan agya ne Dawid;

AKCB: 32AKCB

Dawid agya ne Yisai;Yisai agya ne Obed; Obed agya ne Boas;Boas agya ne Sala; Sala agya ne Nahson;

AKCB: 33AKCB

Nahson agya ne Aminadab; Aminadab agya ne Admin;Admin agya ne Arni; Arni agya ne Hesron; Hesron agya nePeres; Peres agya ne Yuda;

AKCB: 34AKCB

Yuda agya ne Yakob;Yakob agya ne Isak; Isak agya ne Abraham;Abraham agya ne Tera; Tera agya ne Nahor;

AKCB: 35AKCB

Nahor agya ne Serug; Serug agya ne Reu;Reu agya ne Peleg; Peleg agya ne Eber;Eber agya ne Sala;

AKCB: 36AKCB

Sala agya ne Kainan;Kainan agya ne Arfaksad; Arfaksad agya ne Sem;Sem agya ne Noa; Noa agya ne Lamek;

AKCB: 37AKCB

Lamek agya ne Metusela; Metusela agya ne Henok;Henok agya ne Yared; Yared agya ne Mahalalel;Mahalalel agya ne Kenan;

AKCB: 38AKCB

Kenan agya ne Enos;Enos agya ne Set; Set agya ne Adam;Adam agya ne Onyankopɔn.