Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Mmiɛnsa (Lewitikɔs) 11

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Mmiɛnsa (Lewitikɔs) 11 Bible text

AKCB: 1AKCB

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se,

AKCB: 2AKCB

“Monka nkyerɛ Israelfo no se, ‘eyi ne mmoa a mubetumi awe wɔ asase so mmoa no mu.

AKCB: 3AKCB

Mutumi we aboa biara a ne tɔte mu apae kosi nea opuw wosaw so.

AKCB: 4AKCB

“ ‘Monnnwe mmoa a wodidi so yi. Yoma, efisɛ opuw wosaw nanso ne tɔte mu mpae; ne ho ntew mma mo.

AKCB: 5AKCB

Atwaboa, efisɛ opuw wosaw nanso ne tɔte mu mpae; ne ho ntew mma mo.

AKCB: 6AKCB

Adanko, efisɛ opuw wosaw nanso ne tɔte mu mpae; ne ho ntew mma mo.

AKCB: 7AKCB

Prako, efisɛ ne tɔte mu apae nanso ompuw nwosaw; ne ho ntew mma mo.

AKCB: 8AKCB

Monnnwe wɔn nam anaa mommfa mo nsa nka wɔn funu; wɔn ho ntew mma mo.

AKCB: 9AKCB

“ ‘Munni nsumnam biara a ɛwɔ ntɛtɛ ne abon a efi nsubɔnten anaa po mu.

AKCB: 10AKCB

Nanso nsumnam a aka no de, mukyi.

AKCB: 11AKCB

Ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam anaa mode mo nsa ka wɔn afunu; wɔn ho ntew.

AKCB: 12AKCB

Miti mu sɛ, nsumnam biara a enni ntɛtɛ anaa abon no, mukyi, wɔn ho ntew.

AKCB: 13AKCB

“ ‘Nnomaa a ɛsɛ sɛ mubu wɔn sɛ wɔn ho ntew nti mukyi no korakora nso ne: ɔkɔre, ne opete ne opetebiri,

AKCB: 14AKCB

ɔkompete, ɔsansa,

AKCB: 15AKCB

kwaakwaadabi,

AKCB: 16AKCB

sohori, patukɛse, po so akorɔma, akorɔma,

AKCB: 17AKCB

patu, sare so patu, patukɛse,

AKCB: 18AKCB

bakanoma, nantwinoma, opete,

AKCB: 19AKCB

asukɔnkɔn, asuɔkwaa ne ampan.

AKCB: 20AKCB

“ ‘Mmoawa a wotu a wɔn anan yɛ anan no nso nyɛ mmoa a wɔn ho tew; ɛnsɛ sɛ mowe.

AKCB: 21AKCB

Mmom, wɔn a wɔn anan bɔ mu a wɔde huruwhuruw wɔ fam no de mutumi we.

AKCB: 22AKCB

Ebi ne mmoadabi ahorow nyinaa, nketekre, ne tɛwtɛw nyinaa mutumi we.

AKCB: 23AKCB

Nanso mmoawa a wotu na wɔwɔ anan anan no de, munhu sɛ wɔn ho ntew.

AKCB: 24AKCB

“ ‘Obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn funu no mpo ho begu fi kosi anwummere.

AKCB: 25AKCB

Obiara a ɔbɛfa bi no ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na ɔtwe ne ho fi nnipa mu kosi anwummere de kyerɛ sɛ ne ho agu fi.

AKCB: 26AKCB

“ ‘Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ne tɔte mu mpae nwiei anaa aboa a ompuw nwosaw no, wagu ne ho fi.

AKCB: 27AKCB

Aboa biara a nʼanan yɛ anan na ɔnam nʼawerɛw so no, mukyi ne nam. Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa a ɔte saa funu no ho begu fi kosi anwummere; ɛyɛ mo akyiwade.

AKCB: 28AKCB

Obiara a ɔbɛfa saa aboa no funu no, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na ne ho rentew ara kosi anwummere.

AKCB: 29AKCB

“ ‘Mmoa a wɔwea wɔ fam a wɔn ho ntew no ni: Ahweaa, okisi, ɔketew abusua a wɔsoso,

AKCB: 30AKCB

opo, ɔmampam, ɔdan ne na, ɔketew, ne ɔbosomaketew.

AKCB: 31AKCB

Wɔn a wɔwea no nyinaa ho ntew mma mo, obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn mu bi funu no ho begu fi akosi anwummere

AKCB: 32AKCB

Biribiara a wɔn funu no bɛka no nso ho begu fi, sɛ ɛyɛ dua, ntama, kuntu, kotoku; biribiara a ɛbɛka no, wɔmfa ngu nsu mu nkosi anwummere. Ɛno akyi no, ɛho bɛtew.

AKCB: 33AKCB

Kuku biara a bi bɛtɔ mu no, nea ɛwɔ mu biara ho begu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa kuku no.

AKCB: 34AKCB

Nsu a wɔde bɛhohoro nneɛma a ɛho ntew no ho wɔ kuku no mu no, sɛ bi ka aduan bi a, ebegu aduan no ho fi. Na nsã biara a ɛwɔ kuku a ɛho agu fi no mu no nso ho begu fi saa ara.

AKCB: 35AKCB

Sɛ aboa biara a ne ho agu fi funu ka fononoo a wɔde ɔbo anwen a, na ɛno nso ho agu fi enti ɛsɛ sɛ wobubu gu.

AKCB: 36AKCB

Sɛ aboa no tew hwe asuti anaa abura bi a nsu wɔ mu a, nsu no ho rengu fi, na mmom, onipa a obeyi aboa no ho na ebegu fi.

AKCB: 37AKCB

Na sɛ aboa no funu ka aduan a wobedua wɔ afum a, ɛho rengu fi,

AKCB: 38AKCB

Nanso sɛ wɔfɔw aba no nsu na funu no tɔ so a, aba no ho begu fi.

AKCB: 39AKCB

“ ‘Sɛ ɔyare bi kum aboa a wɔama wo ho kwan sɛ we ne nam a, obi a ɔde ne nsa bɛka ne funu no no ho begu fi akosi anwummere.

AKCB: 40AKCB

Saa ara nso na onipa a ɔbɛwe ne nam no bɛhoro ne ntama na ne ho agu fi akosi anwummere.

AKCB: 41AKCB

“ ‘Monnnwe mmoa a wɔwea wɔ fam no nam.

AKCB: 42AKCB

Wɔn a wɔtwe wɔn ho ase fa wɔn afuru so ne wɔn a wɔnam wɔn anan anan so nyinaa ka ho. Monnnwe wɔn a wɔwɔ anan bebree na wɔwea no nam nso, efisɛ wɔn ho agu fi.

AKCB: 43AKCB

Mfa wo ho nka wɔn na wo ho angu fi.

AKCB: 44AKCB

Mene Awurade wo Nyankopɔn. Momma mo ho ntew wɔ saa nneɛma yi nyinaa ho na monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron. Eyi nti, mommfa mo nsa nkɔka mmoa a wɔwea wɔ fam yi mu biara mfa ngu mo ho fi.

AKCB: 45AKCB

Mene Awurade a miyii mo fii Misraim de mo bɛyɛɛ mo Nyankopɔn no. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.

AKCB: 46AKCB

“ ‘Eyi ne mmara a ɛfa mmoa, nnomaa, nsumnam ne wɔn a wɔwea asase so no ho.

AKCB: 47AKCB

Eyi ne nsonoe a ɛda mmoa a wɔn ho tew a ɛsɛ sɛ wɔwe wɔn nam ne wɔn a wɔn ho ntew a ɛnsɛ sɛ wɔwe wɔn nam wɔ mmoa a wɔwɔ asase so no ntam.’ ”